Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 51


Ɔfã 51

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith, Nkɔmhyɛni no so, wɔ Thompson, Ohio, Kɔtɔnimma 1831. Saa berɛ yi, Ahoteɛfoɔ no a na wɔatu afiri apueɛ aman mu no ahyɛaseɛ reduru Ohio, na ɛho bɛhiaae sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛeɛ pɔtee a ɛfa wɔn atenaeɛ ho. Ɛnam sɛ saa asɛdeɛ yi yɛ ɔhwɛfoɔ dwumadibea nti, Ɔhwɛfoɔ Edward Partridge bisaa deɛ ɔnyɛ wɔ asɛm yi ho, na Nkɔmhyɛni no bisaa Awurade.

1–8, Wɔyi Edward Partridge sɛ ɔnhyehyɛ sohwɛ -adwuma ahodoɔ ne agyapadeɛ so; 9–12, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no di wɔn ho nokorɛ na wɔnya no saa ara pɛpɛɛpɛ; 13–15, Ɛsɛ sɛ wɔnya ɔhwɛfoɔ adekorabea na wɔhyehyɛ agyapadeɛ no sɛdeɛ Awurade mmara teɛ; 16–20, Ohio bɛyɛ bea a wɔbɛboaboa wɔn ho ano atwɛn berɛ tiawa.

1 Montie me, Awurade wo Nyankopɔn na ɔseɛ, na mɛkasa akyerɛ m’akoa Edward Partridge, na mama no akwankyerɛ; ɛfiri sɛ ɛho bɛhia sɛ ɔnya akwankyerɛ fa sɛdeɛ ɔbɛsi asiesie saa nkorɔfoɔ yi.

2 Ɛfiri sɛ ɛho bɛhia sɛ wɔsiesie wɔn sɛdeɛ me mmara teɛ; anyɛ saa a, wɔbɛtwa wɔn atwene.

3 Ɛno nti, ma m’akoa Edward Partridge, ne wɔn a wɔapaw wɔn a wɔsɔ m’ani yie no, nyi saa nkorɔfoɔ yi kyɛfa mma wɔn, onipa biara pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ n’abusua teɛ, sɛdeɛ n’asetena ne n’apɛdeɛ ne n’ahiadeɛ teɛ.

4 Na sɛ m’akoa Edward Partridge ma ɔbarima biara ne kyɛfã a, momma no ntwerɛ nwoma bi mma no sɛdeɛ ɛbɛbɔ ne kyɛfã no ho ban, ama wasɔ mu, mpo saa hokwan yi ne apɛgyadeɛ wɔ asɔre no mu, kɔsi sɛ ɔbɛto mmara na wɔbɛfa asɔre no nne so abu no fɔ sɛ ɔmmfata sɛ ɔbɛka asɔre no ho, sɛdeɛ asɔre no mmara ne apam teɛ.

5 Na sɛ ɔto mmara na wɔbu no fɔ sɛ ɔnnsɛ sɛ ɔka asɔre no ho a, ɔrennya tumi sɛ ɔbɛgye ne kyɛfa a ɔde abɔ afɔreɛ ama ɔhwɛfoɔ no, sɛ wɔmfa mma ɔnnibiefoɔ ne ahiafoɔ a wɔn wɔ m’asɔre mu; ne saa nti, n’akyɛdeɛ no rennyɛ ne dea bio, mmom ɔbɛnya tumi wɔ kyɛfa a wɔnam mmara kwan so de maa no no.

6 Na saa na wɔbɛma nneɛma nyina ara asi pi, sɛdeɛ asase no mmara teɛ.

7 Na ma deɛ ɛyɛ saa nkorɔfoɔ yi dea no wɔnyi mma saa nkorɔfoɔ yi.

8 Na nkorɔfoɔ yi sika nkaeɛ no—ma wɔnyi ɔnanmusifoɔ mma saa nkorɔfoɔ yi, na ɔmfa sika no ntɔ aduane ne aduradeɛ mma wɔn, sɛdeɛ nkorɔfoɔ no ahiasɛm teɛ.

9 Na ma onipa biara nni ne ho nokorɛ, na ɔnyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ saa nkorɔfoɔ yi ntam, na ɔnya no saa ara, sɛdeɛ mobɛyɛ baako, mpo te sɛ deɛ mahyɛ mo no.

10 Na mma wɔmmfa deɛ ɛyɛ saa nkorɔfoɔ yi dea mma asɔre yi asafomma afoforɔ.

11 Ɛno nti, sɛ asɔre foforɔ pɛ sɛ wɔgye sika firi saa asɔre yi hɔ a, momma wɔntua mma saa asɔre yi bio sɛdeɛ nhyehyɛeɛ a wɔbɛyɛ no teɛ;

12 Na wɔbɛyɛ yei nam ɔhwɛfoɔ anaa ɔnanmusifoɔ no so, deɛ wɔnam asɔre no nne so bɛyi no no.

13 Na bio, ma ɔhwɛfoɔ no nyi adekorabea mma asɔre no; na ma biribiara a ɛyɛ sika ne aduane, a ɛdɔɔso kyɛn deɛ ehia ma deɛ saa nkorɔfoɔ yi pɛ no, nhyɛ ɔhwɛfoɔ no nsa mu.

14 Na ma ɔno nso mfa deɛ ɛhia nsie mma n’ankasa ho, ne deɛ n’abusua hia, ɛfiri sɛ wɔbɛfa no adwumayɛni ma wayɛ saa adwuma yi.

15 Na saa nti mema saa nkorɔfoɔ yi hokwan sɛ wɔnhyehyɛ wɔn ankasa wɔn ho sɛdeɛ me mmara teɛ.

16 Na medwira saa asase yi ho ma wɔn berɛ tiawa bi mu, kɔsi sɛ Me, Awurade, mɛsiesie baabi foforɔ ama wɔn, na mɛhyɛ wɔn sɛ wɔnkɔ hɔ;

17 Na dɔn no ne da no deɛ wɔmmfa mmaa wɔn, ɛno nti ma wɔnni dwuma wɔ saa asase yi so tesɛ deɛ wɔretena so mfeɛ pii, na yei bɛdane papa ama wɔn.

18 Hwɛ, yei bɛyɛ nhwɛsoɔ ama m’akoa Edward Partridge, wɔ mmeammea foforɔ, wɔ asɔre no mu nyina ara.

19 Na obiara a wɔbɛhunu no sɛ nokorɛfoɔ, teneneeni, ne hwɛsofoɔ nyansafoɔ no bɛkɔ Awurade anigyeɛ mu, na ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieɛ.

20 Nokorɛ, mese mo sɛ, mene Yesu Kristo, deɛ ɔreba mpofirim no, wɔ dɔn a monnwene ho no. Mpo saa ara. Amen.