Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 56


Ɔfã 56

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ayɛwohomumɔ 15, 1831. Saa adiyisɛm yi ka Ezra Thayre anim ɛnam sɛ wannyɛ setie amma kane adiyisɛm bi (“mmarasɛm” a wɔkaa ho asɛm nkyekyɛmu 8 no), a Joseph Smith nyaae maa no, a ɛma Thayre akwankyerɛ fa n’asɛdeɛ wɔ Frederick G. Williams afuo, faako a na ɔte, no ho. Adiyisɛm a ɛdi soɔ yi san nso twe Thayre frɛ sɛ ɔne Thomas B. Marsh nkɔ Missouri no nso san (hwɛ ɔfã 52:22).

1–2, Ɛsɛ sɛ Ahoteɛfoɔ no fa wɔn asɛnnua na wɔdi Awurade akyi ama wɔanya nkwagyeɛ; 3–13, Awurade hyɛ na ɔtwa mu, na wɔto asoɔdenfoɔ no twene; 14–17, Mmusuo nka adefoɔ a wɔremmoa ahiafoɔ, na mmusuo nka ahiafoɔ a wɔn akoma mmubuuiɛ; 18–20, Nhyira nka ahiafoɔ a wɔn akoma mu teɛ, na wɔn na wɔbɛnya asase no adi.

1 Montie, O mo nnipa a moka me din kyerɛ, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ; ɛfiri sɛ hwɛ, m’abufuo redɛre tia atuatefoɔ no, na wɔbɛhunu me basa ne m’abohuro, wɔ asotwe ne abufuo da a ɛreba aman no so.

2 Na deɛ ɔremmfa n’asɛnnua na ɔnni m’akyi, na ɔnni me mmaransɛm soɔ no, wɔrennye no nkwa.

3 Hwɛ, Me, Awurade, hyɛ mmara; na deɛ ɔrennyɛ setie no, wɔbɛtwa no atwene me ara me mmerɛ a ɛsɛ mu, akyire yi a mahyɛ mmara na wɔabu me mmarasɛm soɔ no.

4 Ɛno nti, Me, Awurade, hyɛ na metwa mu, sɛdeɛ ɛyɛ ma me; na wɔde yei nyina ara bɛgu atuatefoɔ tiri so, Awurade na ɔseɛ.

5 Ɛno nti, metwa mmarasɛm a wɔde maa me nkoa Thomas B. Marsh ne Ezra Thayre no mu, na mema m’akoa Thomas mmarasɛm foforɔ, sɛ ɔntu ne kwan ntɛmpa yi ara nkɔ Missouri asase so ntɛmso, na m’akoa Selah J. Griffin nso ne no nkɔ.

6 Na hwɛ metwa mmarasɛm a wɔde maa me nkoa Selah J. Griffin ne Newel Knight no mu, ɛnam me nkorɔfoɔ a wɔn wɔ Thompson no kɔnseneeɛ, ne wɔn atuateɛ nti.

7 Ɛno nti, momma m’akoa Newel Knight nka wɔn ho; na dodoɔ no ara a wɔpɛ sɛ wɔkɔ no wɔnkɔ, wɔn a wɔabotoɔ wɔ m’anim no, na ɔnni wɔn anim kan nkɔ asase a m’ayi no so.

8 Na bio, nokorɛ mese mo, sɛ ɛsɛ sɛ m’akoa Ezra Thayre sakyera firi n’ahantan ne ne pɛsɛmenkomenya ho, na ɔdi mmarasɛm dada a mede ama no no so, a ɛfa bea a ɔte no ho.

9 Na sɛ ɔbɛyɛ yei a, esiane sɛ mpaepaemu biara remma asase no so nti, wɔbɛkɔ so ara ayi no sɛ ɔnkɔ Missouri asase no so.

10 Anyɛ saa a ɔbɛgye sika a watua no, na ɔbɛfiri bea hɔ, na wɔbɛtwa no afiri m’asɔre mu, asafo Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ;

11 Na ɛwom sɛ ɔsoro ne asase bɛtwa mu akɔ deɛ, saa nsɛm yi rentwa mu nnkɔ, na mmom ɛbɛba mu.

12 Na sɛ ɛho bɛhia sɛ m’akoa Joseph Smith, Jun. tua sika no a, hwɛ, Me, Awurade, mɛtua ama no bio wɔ Missouri asase no so, ama wɔn a ɔbɛnya afiri wɔn hɔ no anya akatua bio sɛdeɛ deɛ wɔyɛ teɛ;

13 Ɛfiri sɛ wɔbɛnya sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ, mpo wɔ wɔn apɛgyadeɛ nsase so.

14 Hwɛ, sei na Awurade se me nkorɔfoɔ— mowɔ nneɛma bebree yɛ a ɛwɔ sɛ mosakyera firi ho; ɛfiri sɛ hwɛ, mo bɔne aforo aba me hɔ, na wɔmmfa mfiriiɛ, ɛfiri sɛ mohwehwɛ sɛ motu fo mo ankasa mo akwan so.

15 Na mo akoma mmeeɛ. Na monnyɛ setie mma nokorɛ no, mmom mo ani gye wɔ deɛ ɛnntene ho.

16 Mmusuo nka mo adefoɔ, a mommfa mo nneɛma no bi mma ahiafoɔ, enti mo ahonyadeɛ bɛwewe mo akra; na yei bɛyɛ mo kwadwomtoɔ wɔ asotwe ne atemmuo ne abohuro da no mu: Otwa berɛ atwa mu, ahuhuro berɛ aba awieɛ, na wɔannye me kra nkwa!

17 Mmusuo nka mo ahiafoɔ, a mo akoma mmubuuiɛ, mo a mo honhom mmotooeɛ, mo a mo yafunu mmeeɛ, ne mo a montwee mo nsa mfirii nnipa foforɔ nneɛma ho, a adifudepɛ ahyɛ mo ani mu ma, na mommfa mo ankasa mo nsa nnyɛ adwuma!

18 Nhyira ne ahiafoɔ a wɔn akoma mu teɛ, a wɔn akoma abubuo, na wɔn honhom abotoɔ, na wɔn na wɔbɛhunu Onyankopɔn ahemman no sɛ ɛreba wɔ tumi ne animuonyam kɛseɛ mu, ama wɔanya ɔgyeɛ; na asase so sradeɛ bɛyɛ wɔn dea.

19 Ɛfiri sɛ hwɛ, Awurade bɛba, na ɔde n’akatua bɛba, na ɔbɛtua onipa biara ka, na ahiafoɔ bɛdi ahurusie;

20 Na wɔn awoɔntoatoasoɔ no bɛnya asase no adi afiri awoɔntoatoasoɔ so kɔsi awoɔntoatoasoɔ so, afebɔɔ ne afebɔɔ. Mpo saa ara. Amen.