Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 6


Ɔfã 6

Adiyisɛm a wɔde maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith ne Oliver Cowdery, wɔ Harmony, Pennsylvania, Oforisuo 1829.Oliver Cowdery hyɛɛ ne dwumadie ase sɛ ɔtwerɛfoɔ wɔ Mormon Nwoma no nkyerɛaseɛ no mu, Oforisuo 7, 1829. Na wanya adiyie kronkron dada afa Nkɔmhyɛni no adansedie ho, nokorɛ a ɛyɛ fa mprɛte a wɔakurukyire Mormon Nwoma no twerɛtohɔ no wɔ so. Nkɔmhyɛni no bisaa Awurade nam Urim ne Tumim no so na ɔnyaa saa mmuaeɛ yi.

1–6, Adwumayɛfoɔ a wɔn wɔ Awurade afuo no so nya nkwagyeɛ; 7–13, Akyɛdeɛ biara nni hɔ a ɛyɛ kɛseɛ kyɛn nkwagyeɛ akyɛdeɛ no; 14–27, Nokorɛ ho adansedie ba nam Honhom no tumi so; 28–37, Hwɛ Kristo, na kɔso ara yɛ papa.

1 Anwanwa dwuma a ɛyɛ kɛseɛ rebɛfiri aba nnipa mma hɔ.

2 Hwɛ, mene Onyankopɔn; tie m’asɛm, ɛno a ɛyɛ ntɛm na ahoɔden kɛseɛ wɔ mu, nnamnam sene afena anofanu a, ɛrepaepae akwaa ne ekyim mu; ɛno nti tie m’asɛm.

3 Hwɛ, afuo no ahoa dada sɛ wɔtwa; ɛno nti, onii biara a ɔpɛ sɛ ɔbu no, ma ɔmfa ne kantankrankyi ne ahoɔden nsi mu, na ɔmmu berɛ a ɛda no wɔ hɔ yi, na wakora daapem nkwagyeɛ ama ne kraa wɔ Onyankopɔn ahemman no mu.

4 Aane, onii biara a ɔde ne kantankrankyi bɛsi mu na wabu no, ɔno ara na Onyankopɔn afrɛ no.

5 Ɛno nti, sɛ wobɛbisa me a, wobɛnya; sɛ wobɛbɔ mu a, wɔbɛbue ama wo.

6 Afei, sɛ moabisa yi, hwɛ, mese mo sɛ, monni me mmaransɛm so, na monhwehwɛ sɛ mode Sion nkyekyereɛ bɛfiri adi aba;

7 Monnhwehwɛ ahonyadeɛ na mmom nyansa, na hwɛ, wɔbɛda Onyankopɔn ahintasɛm adi akyerɛ mo, na ɛno na mobɛnya mo ho. Hwɛ, deɛ ɔwɔ nkwa a ɛnni awieɛ no yɛ ɔdefoɔ.

8 Nokorɛ, nokorɛ, mese wo, mpo sɛdeɛ wopɛ firi me hɔ no, saa ara na ɛbɛyɛ ama wo; na sɛ wopɛ a, papayɛ bebree bɛfa wo so aba wɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mu.

9 Nka biribiara sɛ nsakyeraeɛ kyerɛ saa awoɔntoatoasoɔ yi; di me mmaransɛm so, na boa sɛ wobɛma m’adwuma ada adi, sɛdeɛ me mmaransɛm kyerɛ, na wɔbɛhyira wo.

10 Hwɛ wo wɔ akyɛdeɛ, na nhyira nka wo ɛnam w’akyɛdeɛ no nti. Kae, ɛyɛ kronkron na ɛfiri ɔsoro na ɛbaae—

11 Na sɛ wobɛbisa a, wobɛhunu ahintasɛm a ɛyɛ kɛseɛ ne ahodwiri; ɛno nti sɔ w’akyɛdeɛ no hwɛ, sɛdeɛ wobɛhunu ahintasɛm, sɛdeɛ wode dodoɔ no bɛba nokorɛ nimdeɛ ho, aane, ma wɔahunu mfomsoɔ a ɛwɔ wɔn akwan mu.

12 Mma obiara nnhunu w’akyɛdeɛ no gye sɛ wɔn a wɔn wɔ wo gyedie mu. Ntoto nneɛma kronkron ase.

13 Sɛ wobɛyɛ papa, aane, na woakɔ so nokorɛdie mu akɔsi awieɛ a, wɔbɛgye wo wɔ Onyankopɔn ahemman no mu, deɛ ɛyɛ kɛseɛ wɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ nyina ara mu; na akyɛdeɛ biara nni hɔ a ɛso sene nkwagyeɛ akyɛdeɛ no.

14 Nokorɛ, nokorɛ, mese wo, nhyira nka wo wɔ deɛ woayɛ; ɛnam sɛ wobisaa me, na hwɛ, mpɛn dodoɔ a wobisaae no wonyaa me honhom no nkyerɛkyerɛ. Sɛ anyɛ ne saa a, anka woamma saa bea yi a wowɔ saa berɛ yi.

15 Hwɛ, wonim sɛ wabisa wɔ me hɔ na mama wo adwene mu hann; na seesei meka yeinom kyerɛ wo sɛdeɛ wobɛhunu sɛ wanya hann no nam nokorɛ Honhom no so;

16 Aane, mekakyerɛ wo, sɛdeɛ wobɛhunu sɛ obiara nni hɔ gye Onyankopɔn a ɔnim w’adwene ne w’akoma mu nsusuiɛ.

17 Meka yeinom kyerɛ wo sɛ adanseɛ ma wo—sɛ nsɛm anaa adwuma a wɔatwerɛtwerɛ no yɛ nokorɛ.

18 Ɛno nti yɛ nsiyɛ; gyina m’akoa Joseph ho, nokorɛ mu, wɔ tebea denden biara a ɔbɛkɔ mu ɛnam asɛm no nti.

19 Kasa kyerɛ no ne mfomsoɔ mu, na gye kasakyerɛ firi ne hɔ. Si aboterɛ; ma w’ani nna hɔ; yɛ komm; nya aboterɛ, gyedie, anidasoɔ ne ɔdɔ mapa.

20 Hwɛ, wone Oliver, na makasa akyerɛ wo ɛnam wo pɛ nti; ɛno nti kora saa nsɛm yi wɔ w’akoma mu. Di nokorɛ ne yɛ nsiyɛ wɔ Onyankopɔn mmaransɛm sodie ho, na mede medɔ basa bɛtwa wo ho ahyia.

21 Hwɛ, mene Yesu Kristo, Onyankopɔn Babarima no. Mene deɛ ɔbaa ne deɛ mu na me deɛ annye me no. Mene hann a ɛhyerɛn wɔ sum mu, na esum annte no aseɛ no.

22 Nokorɛ, nokorɛ, mese wo, sɛ wopɛ adanseɛ aka ho a, twe w’adwene si anadwo no a, wosu kyerɛɛ me wɔ w’akoma mu, sɛ wobɛhunu nokorɛ a ɛfa saa nneɛma yi ho no.

23 Mannka asomdwoeɛsɛm w’adwene mu ɛfa saa adeɛ yi ho? Adanseɛ kɛseɛ bɛn na wobɛnya kyɛn deɛ ɛfiri Onyankopɔn hɔ?

24 Na afei, hwɛ, woanya adanseɛ; na sɛ maka nneɛma akyerɛ wo a nipa biara nnim a, so wonnyaa adanseɛ anaa?

25 Na, hwɛ, sɛ wopɛ wɔ me hɔ a, mema wo akyɛdeɛ, ama woakyerɛ aseɛ, mpo tesɛ m’akoa Joseph.

26 Nokorɛ, nokorɛ, mese wo, sɛ atwerɛtohɔsɛm binom wɔ hɔ a ɛkura m’asɛmpa dodoɔ no ara, a wɔatwe asan esiane nkorɔfoɔ no amumuyɛsɛm nti;

27 Na afei mehyɛ wo sɛ, sɛ wowɔ ɔpɛ pa a—ɔpɛ a wode bɛhyehyɛ ademudeɛ ama w’ankasa wɔ ɔsoro a—ɛnneɛ wode w’akyɛdeɛ no bɛboa ma aba hann mu, metwerɛ kronkron no fã a, wɔde asie ɛnam bɔne nti no.

28 Na afei, hwɛ, mede ma wo, ɛne m’akoa Joseph nso, saa akyɛdeɛ yi nsafoa, deɛ ɛde saa ɔsom adwuma yi bɛba hann mu; na adansefoɔ mmienu anaa mmiɛnsa ano mu asɛm so na asɛm biara bɛgyina.

29 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo, sɛ wɔpo me nsɛm, ne saa m’asɛmpa fã yi ne ɔsom adwuma yi a, nhyira ne mo, ɛfiri sɛ wɔnntumi nnyɛ mo deɛ ɛboro so biara nkyɛn deɛ wɔyɛɛ me no.

30 Na mpo sɛ wɔde yɛ mo sɛdeɛ wɔde ayɛ me no mpo a, nhyira ne mo, ɛnam sɛ mo ne me bɛtena animuonyam mu.

31 Na sɛ wɔammpo me nsɛm, deɛ ɛbɛgyina ɛnam adansedie a wɔde bɛma no so a, nhyira ne wɔn, na ɛno na mobɛnya anigyeɛ wɔ aduaba a mo dwumadie aso no ho.

32 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo, sɛdeɛ mesee m’asuafoɔ no, baabi a baanu anaa baasa ahyia abom wɔ me din mu, ɛfa adeɛ baako ho no, hwɛ, ɛhɔ na mɛwɔ wɔn mfinimfini—mpo sɛdeɛ mewɔ mo mfinimfini yi.

33 Monnsuro sɛ mobɛyɛ papa, me mma mmarima, ɛfiri sɛ biribiara a moguo no, ɛno ara na mobɛbu; ɛno nti, sɛ mogu papa a, mobɛbu papa no ara sɛ akatua.

34 Ɛno nti, monnsuro, kuo ketewa; monyɛ papa; momma asase ne asamando mmɔ mu nntia mo, na sɛ moato mo dan wɔ me botan no so a, wɔnntumi nni mo so.

35 Hwɛ, memmu mo fɔ; monkɔ mo kwan na monnyɛ bɔne bio; momfa anidahɔyɛ nni dwuma a mahyɛ mo no.

36 Monhwehwɛ me deɛ modwene ho biara mu; monnhinhim, monnsuro.

37 Monhwɛ pirakuro a ɛfitii me mfe mu, ne nnadewa ananmu a ɛwɔ me nsa ne me nan mu nso; monni nokorɛ, monni me mmaransɛm so, na mobɛnya ɔsoro ahemman no adi. Amen.