Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 31


Ɔfã 31

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith, Nkɔmhyɛni no so de maa Thomas B. Marsh, Ɛbɔ 1830. Wɔwiee asɔre no nhyiamu ara na saa adiyisɛm yi baae (hwɛ ɔfa 30 atifiasɛm). Na wɔabɔ Thomas B. Marsh asu dada wɔ bosome no mu, na na wɔahyɛ no panin dada wɔ asɔre no mu ansa na wɔde adiyisɛm yi rema.

1–6, Wɔfrɛ Thomas B. Marsh sɛ ɔnka asɛmpa no, na wɔhyɛ no bɔ wɔ n’abusua yiedie ho; 7–13, Wɔtu no fo sɛ ɔnya aboterɛ, ɔmmɔ mpaeɛ berɛbiara, na ɔnni Ɔwerɛkyekyefoɔ no akyi.

1 Thomas, mebabarima, nhyira ne wo ɛnam wo gyedie wɔ m’adwuma mu nti.

2 Hwɛ, woanya amanehunu bebree esiane woabusua nti; nanso, mɛhyira wo ne w’abusua, aane, wo mma nketewa no; na da no reba a wɔbɛgye adi na wɔbɛhunu nokorɛ no, na wɔne wo bɛyɛ baako wɔ m’asɔre mu.

3 Ma wo akoma so na di ahurisie, ɛfiri sɛ wo asɛmpatrɛ berɛ no aso; na wo tɛkyerɛma bɛsane, na wode anigyesɛm a ɛyɛ ahomeka bɛto dwa wɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mu.

4 Wode nneɛma a wɔayi akyerɛ m’akoa Joseph Smith, Jun. no bɛto dwa. Wobɛhyɛ aseɛ aka asɛmpa no afiri saa berɛ yi de rekorɔ; aane, ma watwa afuo a ahoa dada sɛ wɔhyeɛ no.

5 Ɛno nti, fa wo kra nyina ara to wo kantankrakyi, na wɔde wo bɔne akyɛ wo, na wɔbɛkyekyere afiafi bebree agu wo akyi, ɛfiri sɛ odwumayɛfoɔ no fata n’akatua. Ɛno nti, w’abusua bɛnya nkwa.

6 Hwɛ, nokorɛ mese wo sɛ, firi wɔn nkyɛn kɔ berɛ tiawa mu, na fa m’asɛm to dwa, na mɛsiesie baabi ama wɔn.

7 Aane, mɛbue nkorɔfoɔ no akoma mu, na wɔbɛgye wo. Na menam wo nsa so bɛkyekyere m’asɔre;

8 Na wobɛhyɛ wɔn den na wobɛsiesie wɔn ama berɛ a wɔbɛboaboa wɔn ano no.

9 Nya aboterɛ wɔ amanehunu mu, nsopa wɔn a wɔsopa. Hwɛ wo fie so wɔ ɔdwoɔ mu, na gyina pintinn.

10 Hwɛ, mese wo sɛ wobɛyɛ ɔyaresafoɔ ama asɔre no, na ɛnyɛ wiase, ɛfiri sɛ wɔrennye wo.

11 Kɔ wo kwan baabiara a mepɛ, na wɔde bɛma wo nam Ɔwerɛkyekyefoɔ no so deɛ wobɛyɛ ne faako a wobɛkɔ.

12 Bɔ mpaeɛ berɛbiara, anyɛ saa a wobɛkɔ nsɔhwɛ mu na woahwere woakatua.

13 Di nokorɛ kɔsi awieɛ, na hwɛ, meka wo ho. Saa nsɛm yi mmfiri onipa anaa nnipa hɔ, mmom ɛfiri me, mpo Yesu Kristo, wo Gyefoɔ, ɛnam Agya no pɛ so. Amen.