Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 82


Ɔfã 82

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no, wɔ Independence, Jackson County, Missouri, Oforisuo 26, 1832. Na saa berɛ yi yɛ asɔfoɔ mpaninfoɔ ne Asɔre mpaninfoɔ agyinatukuo nhyiamu. Wɔ saa agyinatuo no ase na wɔgyee Joseph Smith too mu sɛ Asɔfodie Kɛseɛ no Titenani, dibea a na wɔahyɛ no sɔfoɔ wɔ mu dada wɔ asɔfoɔ mpaninfoɔ, mpaninfoɔ, ne asɔremma nhyiamu ase wɔ Amherst, Ohio, Ɔpɛpɔn 25, 1832 (hwɛ Ɔfã 75 atifiasɛm). Saa adiyisɛm yi si akwankyerɛ a wɔde maae wɔ kane adiyisɛm bi mu so dua (hwɛ ɔfã 78) sɛ wɔnsi adwumakuo bi—a wɔfrɛ no Nkabom Adwumakuo (wɔ Joseph Smith akwankyerɛ so, akyire yi wɔde asɛmfua “nhyehyɛeɛ” bɛsii “dwumakuo” ananmu)—sɛ ɛnhwɛ Asɔre no dwadie ne ntintim nnwumadie so.

1–4, Baabi a wɔma dodoɔ no, wɔhwehwɛ dodoɔ firi hɔ; 5–7, Esum di hene wɔ wiase; 8–13, Sɛ yɛyɛ deɛ Awurade ka a, yɛkyekyere No; 14–18, Ɛsɛ sɛ Sion nyini wɔ ahoɔfɛ ne kronkronyɛ mu; 19–24, Ɛsɛ sɛ onipa biara hwehwɛ ne yɔnko yiedie.

1 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo, me nkoa, mpɛn dodoɔ a mode mo mfomsoɔ kyɛ mo ho mo ho no, mpo saa ara na me, Awurade, mede kyɛ mo.

2 Nanso, ebinom wɔ mo ntam a wɔayɛ bɔne pa ara; aane, mpo mo nyina ara moayɛ bɔne pa ara; nanso nokorɛ mese mo, monhwɛ yie mfiri nnɛ derekɔ, na montwe mo ho mfiri bɔne ho, anyɛ saa a atemmuo yaayaa bɛtɔ mo tiri so.

3 Ɛfiri sɛ deɛ wɔde dodoɔ ama no no, wɔhwehwɛ dodoɔ firi ne hɔ; na deɛ ɔyɛ bɔne tia hann kɛseɛ pa ara no bɛnya afɔbuo kɛseɛ pa ara.

4 Mobɔ me din pɛ adiyisɛm, na mede ma mo; na mmerɛ dodoɔ a monni me nsɛm so, deɛ mede ma mo no, mobɛyɛ mmaratofoɔ; na atɛntenenee ne atemmuo yɛ asotwe a ɛbata me mmara ho.

5 Ne saa nti, deɛ meka kyerɛ ɔbaako no meka kyerɛ obiara: Monwɛn, ɛfiri sɛ ɔsɛefoɔ no atrɛ ne tumidie mu, na esum di hene;

6 Na Onyankopɔn abufuo dɛre tia asase sotefoɔ; na obiara nnyɛ papa, ɛfiri sɛ obiara amane afiri kwan no so.

7 Na afei nokorɛ mese mo, me, Awurade, memmfa bɔne biara mmɔ mo kwaadu; monkɔ mo kwan na mma monnyɛ bɔne bio; nanso ɔkra a ɔyɛ bɔne no, bɔne dada no bɛsan aba no so, Awurade wo Nyankopɔn na ɔseɛ.

8 Na bio, mese mo, mema mo mmarasɛm foforɔ, sɛdeɛ mobɛte me pɛ a ɛfa mo ho no ase;

9 Anaa, nsɛm foforɔ mu no, mema mo akwankyerɛ ɛfa kwan a mobɛdi dwuma wɔ m’anim, na atumi adane ama mo nkwagyeɛ.

10 Me Awurade, ɛkyekyere me, sɛ moyɛ deɛ meka a; nanso, sɛ moannyɛ deɛ meka a, monni bɔhyɛ biara.

11 Ne saa nti, nokorɛ mese mo sɛ ɛfata ma me sɛ wɔde nseɛ ne apam a wɔrenntumi mmfa mmaratoɔ mmu so kyekyere me nkoa Edward Partridge ne Newel K. Whitney, A. Sidney Gilbert ne Sidney Rigdon, ne m’akoa Joseph Smith, ne John Whitmer ne Olive Cowdery, ne W.W Phelps ne Martin Harris bɔ mu, anyɛ saa a atemmuo bɛdi so ntɛm so, wɔ mo hwɛsofoɔ-dwuma ahodoɔ mu—

12 Sɛ wɔnhwɛ ahiafoɔ nsɛm so, ne nneɛma nyina ara a ɛfa ahwɛfoɔ ne n’aboafoɔ ho wɔ Sion asase so ne Kirtland asase so;

13 Ɛfiri sɛ mate Kirtland asase ho wɔ me ara me mmerɛ a ɛsɛ mu ama Ɔsorosoronni no ahoteɛfoɔ mfasoɔ, na Sion anya pɛɛwa.

14 Ɛsiane sɛ ɛsɛ sɛ Sion nyini wɔ ahoɔfɛ mu, ne kronkronyɛ mu; ɛsɛ sɛ wɔtrɛ n’ahyeɛ mu; ɛwɔ sɛ wɔhyɛ ne mpɛɛwa den; aane, nokorɛ mese mo, ɛsɛ sɛ Sion sɔre na ɔfa n’ataadeɛ fɛɛfɛ hyɛ.

15 Ne saa nti, mema mo saa mmarasɛm yi, sɛ momfa saa apam yi nka mo ho mmɔ mu, na wɔbɛyɛ no sɛdeɛ Awurade mmara no teɛ.

16 Hwɛ, yei yɛ nyansa nso wɔ me mu ma mo yieyɛ.

17 Na ɛsɛ sɛ moyɛ pɛ, anaa nsɛm foforɔ mu no, ɛsɛ sɛ monya agyapadeɛ no ho kwan pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ ɛbɛboa ma wɔahwɛ nsɛm a ɛfa mo hwɛsofoɔ nnwuma ho, onipa biara sɛdeɛ n’apɛdeɛ ne n’ahiasɛm teɛ, mmerɛ dodoɔ a n’apɛdeɛ tene—

18 Yei nyina ara bɛyɛ mfasoɔ ama Onyankopɔn teasefoɔ n’asɔre no, sɛdeɛ onipa biara bɛtumi atu mpɔn wɔ n’adom-akyɛdeɛ mu, ama onipa biara atumi anya adom-akyɛdeɛ foforɔ, aane, mpo mmɔho ɔha, a wɔde bɛgu Awurade adekorabea hɔ, na abɛyɛ asɔre mũ no nyina ara agyapadeɛ—

19 Onipa biara nhwehwɛ ne yɔnko yieyɛ, na ɔmfa ani korɔ nyɛ ade nyina ara mma Awurade animuonyam.

20 Mayi saa nhyehyɛeɛ yi sɛ ɛnyɛ daapem nhyehyɛeɛ mma mo, ne mo adedifoɔ, mmerɛ dodoɔ a monnyɛ bɔne.

21 Na ɔkra a ɔyɛ bɔne tia saa apam yi, na ɔyɛ n’akoma den tia yei no, wɔne no bɛdi sɛdeɛ m’asɔre mmara teɛ, na wɔbɛgyae no ama Satan ayayadeɛ kɔsi ɔgyeɛ da no.

22 Na afei, nokorɛ mese mo, na yei yɛ nyansa, momfa ahonyadeɛ a ɛnyɛ tenenee kwan so nyɛ nnamfoɔ, na wɔrennsɛe mo.

23 Monnyae atemmuo mma me nko ara, ɛfiri sɛ ɛyɛ me dea na mɛtua ka. Asomdwoeɛ nka mo; me nhyira nkɔ so nka mo ho.

24 Na mpo seesei ahemman no yɛ mo dea, na ɛbɛyɛ mo dea afebɔɔ, sɛ moannhwe ase ammfiri mo pintinnyɛ ho a. Mpo saa ara. Amen.