Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 11


Ɔfã 11

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so maa ne nuabarima Hyrum Smith, wɔ Harmony, Pennsylvania, Kɔtɔnimaa 1829. Saa adiyisɛm yi yɛ mmuaeɛ a ɔnyaae nam Urim ne Tumim no so wɔ Joseph nkotosrɛ ne n’adebisa ho. Joseph Smith abakɔsɛm no susu sɛ saa adiyisɛm yi ɔnyaae berɛ a wɔsan de Aaron Asɔfodie no baae akyi.

1–6, Adwumayɛfoɔ a wɔn wɔ bobeturo no mu bɛnya nkwagyeɛ; 7–14, Hwehwɛ nyansa, Ka nsakyeraeɛ kyerɛ, nya awerɛhyɛmu wɔ Honhom no mu; 15–22, Di mmaransɛm no so, na hwehwɛ Awurade asɛm no mu; 23–27, Mpa adiyisɛm ne nkɔmhyɛ honhom no ho akyi; 28–30, Wɔn a wɔgye Kristo no bɛyɛ Onyankopɔn mma.

1 Anwanwa dwuma a ɛyɛ kɛseɛ rebɛfiri aba nnipa mma ntam.

2 Hwɛ, mene Onyankopɔn; tie m’asɛm, ɛno a ɛyɛ nam na ahoɔden wɔ mu, na ano namnam sene afena anofanu, a ɛrepaepae akwaa ne ekyim mu; ɛno nti tie m’asɛm.

3 Hwɛ, afuo no ahoa dada sɛ wɔtwa; ɛno nti, onii biara a ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbu no, ma no mfa ne kantankrankyi ne ahoɔden nsi mu, na ɔmmu wɔ berɛ a ɛda no wɔ hɔ yi, sɛnea ɔbɛkora daapem nkwagyeɛ ama ne kra wɔ Onyankopɔn ahemman no mu.

4 Aane, onii biara a ɔde ne kantankrankyi bɛsi mu na wabu no, ɔno ara na Onyankopɔn afrɛ no.

5 Ɛno nti, sɛ wobɛbisa me a, wobɛnya; sɛ wobɛbɔ mu a, wɔbɛbue ama wo.

6 Afei, sɛ woabisa yi, hwɛ, mese wo sɛ, di me mmaransɛm so, na hwehwɛ sɛ wode Sion nkyekyereɛ ne ne yiedie bɛfiri adi aba.

7 Nhwehwɛ ahonyadeɛ mmom nyansa; afei, hwɛ, wɔbɛda Onyankopɔn ahintasɛm adi akyerɛ wo, na ɛno na afei wɔbɛyɛ wo ɔdefoɔ. Hwɛ, deɛ ɔwɔ nkwa a ɛnni awieɛ yɛ ɔdefoɔ.

8 Nokorɛ, nokorɛ, mese wo, mpo sɛ wopɛɛe wɔ me hɔ no saa ara na ɛbɛyɛ ama wo; na, sɛ wopɛ a, papayɛ bebree bɛfa wo so aba wɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mu.

9 Nka biribiara sɛ nsakyeraeɛ kyerɛ saa awoɔntoatoasoɔ yi. Di me mmaransɛm so, na boa sɛ wobɛma m’adwuma ada adi, sɛdeɛ me mmaransɛm teɛ, na wɔbɛhyira wo.

10 Hwɛ, wowɔ akyɛdeɛ, anaasɛ wobɛnya akyɛdeɛ sɛ wode gyedie ne nokorɛ akoma hwehwɛ firi me hɔ, na wogye Yesu Kristo tumi no di, anaa me tumi a ɛrekasa kyerɛ wo yi di a;

11 Na, hwɛ, ɛyɛ me na merekasa; hwɛ, mene hann a ɛhyerɛn wɔ sum mu, na ɛnam me tumi so na mede saa nsɛm yi ma wo.

12 Na afei, nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, fa wo werɛ hyɛ Honhom no a ɔkyerɛ kwan ma wɔyɛ papa no mu—aane, ma wɔyɛ pɛpɛɛpɛ, nante ahobrɛaseɛ mu, bu atɛntenenee; na yei ne me Honhom.

13 Nokorɛ, nokorɛ, mese wo, mede me Honhom no bi bɛma wo, deɛ ɔbɛbue w’adwene mu, na ɔde anigyeɛ bɛhyɛ wo kra ma;

14 Na afei wobɛhunu, anaa sɛ ɛnam yei so wobɛhunu adeɛ biara a wopɛ wɔ me hɔ, a ɛyɛ nneɛma a ɛfa tenenee ho no, wɔ gyedie mu, gye me di sɛ wobɛnya.

15 Hwɛ, mehyɛ wo sɛ ma nnsusu sɛ wɔafrɛ wo sɛ ka asɛmpa no kɔsi sɛ wɔbɛfrɛ wo.

16 Twɛn kakra, kɔsi sɛ wobɛnya m’asɛm, me botan, m’asɔre, ne m’asɛmpa no, ama woatumi ahunu me nkyerɛkyerɛ no pefee.

17 Na afei, hwɛ, sɛdeɛ wo pɛ kyerɛ, aane, mpo sɛdeɛ wo gyedie kyerɛ na ɛbɛyɛ ama wo.

18 Di me mmaransɛm so; yɛ dinn; na srɛ mmoa firi me Honhom no hɔ;

19 Aane, fa w’akoma nyina ara fam me ho, sɛdeɛ wobɛboa ma aba hann mu saa nneɛma a maka ho asɛm no― aane, me nkyerɛaseɛ adwuma no; nya aboterɛ kɔsi sɛ wobɛwie yei.

20 Hwɛ, yei ne w’adwuma, sɛ wobɛdi me mmaransɛm so, aane, wode wo tumi, w’adwene ne w’ahoɔden nyina ara.

21 Nhwehwɛ sɛ wode m’asɛm bɛto dwa, mmom di kan hwehwɛ sɛ wobɛnya m’asɛm, na ɛno na wo tɛkyerɛma bɛsane; afei, sɛ wo pɛ a, wobɛnya me Honhom ne m’asɛm, aane, Onyankopɔn tumi a wɔde kasa ma nnipa gye die no.

22 Nanso seesei yɛ dinn; sua m’asɛm a afiri kɔ nnipa mma ntam no, na sua m’asɛm a ɛbɛfiri aba nnipa mma ntam nso, anaa nea wɔgu so rekyerɛ aseɛ no, aane, kɔsi sɛ wobɛnya deɛ mede bɛma nnipa mma wɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mu nyina ara, na afei wɔde nneɛma nyina ara nso bɛka ho.

23 Hwɛ, wo ne Hyrum, me babarima; hwehwɛ Onyankopɔn ahemman no, na wɔde nneɛma biara a ɛsɛ-fata bɛka wo ho.

24 To wɔ me botan no so, deɛ ɛyɛ m’asɛmpa no;

25 Mpo yikyerɛ honhom no, anaasɛ nkɔmhyɛ honhom no, na mmusuo nka deɛ ɔpo saa nneɛma yi;

26 Ɛno nti, kora wɔ w’akoma mu kɔsi berɛ a menam me nyansa mu bɛma woafiri akɔ.

27 Hwɛ, mekasa kyerɛ obiara a ɔwɔ ɔpɛ pa, na ɔde ne kantankrankyi asi mu sɛ ɔrebu.

28 Hwɛ, mene Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no. Mene wiase nkwa ne ne hann.

29 Mene ɔno a ɔbaa n’ankasa deɛ mu na n’ankasa deɛ annye no;

30 Nanso nokorɛ, nokorɛ, mese wo, sɛ dodoɔ biara a wɔgye me no, mɛma wɔn tumi ma wɔabɛyɛ Onyankopɔn mma, mpo wɔn a wɔgye me din die no. Amen.