Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 119


Ɔfã 119

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Far West, Missouri, Kitawonsa 8, 1838, sɛ mmuaeɛ maa ne nkotosrɛ yi: “O Awurade! Kyerɛ wo nkoa deɛ worehwehwɛ afiri wo nkorɔfoɔ hɔ sɛ wɔn agyapadeɛ ho ntotosoɔ du du”. Ntotosoɔ du du mmara no, sɛdeɛ wɔte aseɛ nnɛ yi no, na wɔmmfa mmaa Asɔre no ansa na wɔrebɛma saa adiyisɛm yi. Na asɛmfua ntotosoɔ du du a ɛwɔ mpaebɔ a wɔaka ho asɛm yi wɔ adiyisɛm dada mu no (64:23; 85:3; 97:11) nnyina hɔ mma ɛdu mu nkyekyɛmu baako pɛ, mmom na ɛgyina hɔ ma ɛnnyɛ-nhyɛ afɔreɛ anaa ntoboa nyina ara a ɛkɔ Asɔre no fotoɔ mu. Na Awurade adi kan ama Asɔre no afɔrebɔ mmara ne agyapadeɛ sohwɛ mmara, deɛ asɔremma (titire mpaninfoɔ a wɔdi anim no) akɔ ho apam a ɛwɔ sɛ ɛyɛ afebɔɔ no. Ɛnam sɛ wɔn mu pii annhwɛ anni saa apam yi so nti, Awurade yi firii hɔ berɛ bi na ɔde ntotosoɔ du du mmara no maa Asɔre mu no nyina ara de hyɛɛ ananmu. Nkɔmhyɛni no bisaa Awurade wɔn agyapadeɛ dodoɔ a Ɔhia ma botaeɛ kronkron ahodoɔ no. Saa adiyisɛm yi ne ɛho mmuaeɛ.

1–5, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no tua wɔn agyapadeɛ mmorosoɔ na afei wɔma wɔn mfasoɔ nkyɛmu du mu baako sɛ wɔn ntotosoɔ du du afe biara; 6–7, Saa anammɔntuo yi bɛte Sion asase ho.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, mehwehwɛ wɔn agyapadeɛ a ɛboro so nyina ara sɛ wɔde bɛgu m’asɔre no hwɛfoɔ no nsa mu wɔ Sion,

2 Ma wɔmfa nsi me fie, na wɔmfa nto Sion fapem na wɔmfa mma asɔfodie no, na wɔmfa ntua m’Asɔre Titenafoɔ a Wɔdi Kan no aka.

3 Na yei bɛyɛ me nkorɔfoɔ no ntotosoɔ du du ahyɛaseɛ.

4 Na ɛno akyiri no, wɔn a wɔama wɔn ntotosoɔ du du mmara no bɛtua wɔn mfasoɔ nyina ara nkyɛmu du mu baako afe biara; na yei bɛyɛ mmara a ɛwɔ hɔ daa ma wɔn afebɔɔ, ama m’asɔfodie kronkron no, Awurade na ɔseɛ.

5 Nokorɛ mese mo, ɛbɛba sɛ wɔn a wɔboa wɔn ho ano wɔ Sion asase so nyina ara no bɛtua wɔn agyapadeɛ mmorosoɔ ho ntotosoɔ du du, na ɛwɔ sɛ wɔdi saa mmara yi so, anyɛ saa a wɔrennhunu wɔn sɛ wɔfata sɛ wɔtena mo ntam.

6 Na mese mo, sɛ me nkorɔfoɔ annhwɛ saa mmara yi so, na wɔanni no kronkron, na wɔammfa mmara yi so annte Sion asase ho amma me, sɛdeɛ wɔbɛkora m’ahyɛdeɛ ne m’atemmuo wɔ so, ama atumi ayɛ kronkron pa ara a, hwɛ, nokorɛ mese mo, ɛrennyɛ Sion asase mma mo.

7 Na yei bɛyɛ nhwɛsodeɛ ama Sion mpɛɛwa nyina ara. Mpo saa ara. Amen.