Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 132


Ɔfã 132

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Nauvoo, Illinois, wɔtwerɛɛe wɔ Kitawonsa 12, 1843, ɛfa daapem apam foforɔ no ho, ɛsan nso fa awareɛ apam a ɛyɛ daapem no ho ne mmaa dodoɔ awareɛ nyinasosɛm. Ɛwɔ mu sɛ wɔtwerɛɛ adiyisɛm yi wɔ 1843 mu deɛ, nanso adanseɛ kyerɛ sɛ na Nkɔmhyɛni no nim nyinasosɛm a ɛka saa adiyisɛm yi ho no bi wɔ 1831 dada. Hwɛ Asɔre no Dawurubɔ 1.

1–6, Wɔnam daapem apam foforɔ so na yɛnya mmasoɔ; 7–14, Wɔde nhyehyɛeɛ a ɛfa saa apam yi ho no to dwa; 15–20, Sɛlɛstia awareɛ ne abusua ntoasoɔ no ma nnipa bɛyɛ anyame; 21–25, Kwan teatea ne hiahia kɔ nkwa a ɛnni awieɛ mu; 26–27, Wɔde mmara a ɛfa abususɛm a ɛtia Sunsum Kronkron no ma; 28–39, Wɔde asefoɔ a wɔnni awieɛ ne mmasoɔ ho bɔhyɛ ma nkɔmhyɛfoɔ ne Ahoteɛfoɔ wɔ mmerɛ nyina ara mu; 40–47, Wɔma Joseph Smith tumi sɛ ɔnkyekyere na ɔnsɔ ano wɔ asase so ne soro; 48–50, Awurade kyekyere mmasoɔ wɔ ne so; 51–57, Wɔtu Emma Smith fo sɛ ɔnyɛ nokorɛfoɔ na ɔnni nokorɛ; 58–66, Wɔde mmara a ɛfa ayeredodoɔ awareɛ ho no to dwa.

1 Nokorɛ, sei na Awurade se wo m’akoa Joseph, sɛ esiane sɛ woabisa afiri me nsa mu sɛ wobɛhunu na woate aseɛ afa deɛ nti a Me, Awurade, buu me nkoa Abraham, Isak, ne Yakob ne Mose nso, Dawid ne Solomon bem, ɛfa nyinasosɛm ne nkyerɛkyerɛ a ɛmaa wɔnyaa ɛyerenom ne mpenafoɔ bebree no ho—

2 Hwɛ, na hunu, Mene Awurade wo Nyankopɔn, na mɛma wo mmuaeɛ afa saa asɛm yi ho.

3 Ne saa nti, siesie w’akoma gye na yɛ setie ma nkyerɛkyerɛ a mede rebɛma wo yi; ɛfiri sɛ wɔn a wɔada saa mmara yi adi akyerɛ wɔn nyina ara no, ɛwɔ sɛ wɔdi so.

4 Na hwɛ, meda daapem apam foforɔ adi akyerɛ mo; na sɛ moanni saa apam no so a, ɛnneɛ na wɔabu mo fɔ; ɛfiri sɛ obiara nntumi mmpo saa apam yi a wɔbɛma no ho kwan ma wɔawura m’animuonyam mu.

5 Na wɔn a wɔbɛnya nhyira afiri me nsa mu nyina ara no bɛdi mmara a wɔayi ama saa nhyira no so, ne ɛho nhyehyɛeɛ, sɛdeɛ wɔhyehyɛɛeɛ ansa na wɔreto wiase fapem no.

6 Na deɛ ɛfa daapem apam foforɔ no ho no, wɔhyehyɛɛe maa m’animuonyam mahyɛ; na ɔnii a ɔnya ne mahyɛ no ɛwɔ sɛ, na ɛhia sɛ, ɔdi mmara no so, ɛnte saa a wɔbɛbu no fɔ, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ.

7 Na nokorɛ mese mo, nhyehyɛeɛ a ɛfa mmara yi ho nie: Apam, ahyemdie, mmara, ahyɛdeɛ, ntam, nsedie, adeɛyɛ, nkabom, fekubɔ, anaa akwanhwɛ nyina ara a wɔannyɛ anaa wɔannwura mu nam Honhom Kronkron no bɔhyɛ nsɔano so no, nam obi a wɔasra no ngo so ama mmerɛ mu ne daapem nyina ara mu, a ɛsan nso yɛ kronkron paa ara no, ɛnam adiyisɛm ne mmarasɛm so na ɛnam deɛ masra no ngo so, deɛ mayi no wɔ asase so sɛ ɔnkura saa tumi yi (na mayi m’akoa Joseph sɛ ɔnkura saa tumi yi wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu, na obiara nni hɔ gye sɛ ɔbaako pɛ na wɔde saa tumi ne asɔfodie nsafoa yi ma no wɔ asase so wɔ berɛ korɔ mu), nni mudie, tumi anaa ahoɔden biara wɔ owusɔreɛ no akyi; ɛfiri sɛ ahyemdie biara a wɔannyɛ wɔ saa botaeɛ yi so no, sɛ nnipa wu a, ɛba awieɛ.

8 Hwɛ, me fie yɛ nhyehyɛe pa fie, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ, na ɛnnyɛ basabasayɛ fie.

9 So mɛgye afɔdeɛ ato mu, Awurade na ɔseɛ, a wɔannyɛ no wɔ me din mu?

10 Anaa so mɛgye afiri mo nsa mu deɛ me nnyiiɛ?

11 Na so mɛyi biribi ama mo, Awurade na ɔseɛ, a ɛnnam mmara so, mpo tesɛ deɛ mene m’Agya ayi ama mo ansa na wɔreyɛ wiase no?

12 Mene Awurade wo Nyankopɔn; na mema mo saa mmarasɛm yi—sɛ onipa biara renntumi mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so anaa m’asɛm so, a ɛyɛ me mmara no, Awurade na ɔseɛ.

13 Na biribiara a ɛwɔ wiase, sɛ wɔahyehyɛ nam nnipa so, ahennie, anaa mpaninnie, anaa tumidie, anaa nneɛma a agye din so o, biribiara a wɔyɛ, a ɛmmfa me so anaa m’asɛm so no, Awurade na ɔseɛ, wɔbɛto atwene fam, na nnipa wuo akyiri no ɛrennka hɔ, wɔ owusɔreɛ mu anaa n’akyi, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ.

14 Ɛfiri sɛ biribibiara a ɛbɛka no nam me so; na biribibiara a ɛnnam me so no wɔbɛwoso no asɛe no.

15 Ne saa nti, sɛ ɔbarima bi ware ɔyere bi wɔ wiase yi mu, na wammfa me so anaa m’asɛm so annware, na ɔne no kɔ apam mmerɛ dodoɔ a ɔwɔ wiase yi mu na ɔno nso ka ne ho no, wɔn apam ne awareɛ no nni ahoɔden biara berɛ a wɔawuwuo, ne berɛ a wɔafiri wiase yi mu; ne saa nti, mmara biara nnkyekyere wɔn berɛ a wɔnni wiase.

16 Ne saa nti, berɛ a wɔnni wiase yi mu no wɔnnware anaa wɔmmfa wɔn mma awareɛ; mmom wɔyi wɔn sɛ abɔfoɔ wɔ ɔsoro, saa abɔfoɔ a wɔyɛ nkoa asomfoɔ, sɛ wɔnsom mma wɔn a wɔfata ɛnni awieɛ animuonyam kɛseɛ a ɛkyɛn so koraa, na ɛboro so.

17 Ɛfiri sɛ saa abɔfoɔ yi anni me mmara so; ne saa nti, wɔrenntumi nnyɛ wɔn kɛseɛ, mmom wɔbɛtete wɔn mu na wɔayɛ kɔntɛkorɔ, a wɔrennya mmasoɔ, wɔ wɔn gyeɛ tebea mu, wɔ daapem nyina ara mu; na ɛfiri saa berɛ no wɔnnyɛ anyame, mmom wɔyɛ Onyankopɔn abɔfoɔ daa afebɔɔ.

18 Na bio, nokorɛ mese mo, sɛ ɔbarima bi ware ɔyere bi, na sɛ ɔne no kɔ apam wɔ mmerɛ mu ne daapem nyina ara mu a, sɛ saa apam no nnam me so anaa m’asɛm so, deɛ ɛyɛ me mmara no, na sɛ Honhom Kronkron bɔhyɛ no annsɔ ano, nam deɛ masra no ngo na mayi ama saa tumi yi a, ɛnneɛ ɛnni mu anaa ɛnni ahoɔden berɛ a wɔafiri wiase yi mu, ɛfiri sɛ ɛnnyɛ me anaa m’asɛm na ɛkaa wɔn bɔɔ mu, Awurade na ɔseɛ; berɛ a wɔafiri wiase yi mu no wɔrenntumi nnye wɔn wɔ hɔ, esiane sɛ wɔayiyi abɔfoɔ ne anyame no wɔ hɔ, na wɔrenntumi mmpa wɔn ho nnkɔ; ɛno nti wɔrenntumi nnya m’animuonyam; ɛfiri sɛ me fie yɛ nhyehyɛeɛ pa fie, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ.

19 Na bio, nokorɛ mese mo, sɛ ɔbarima bi ware ɔyere bi nam m’asɛm so, deɛ ɛyɛ me mmara, na ɛnam daapem apam foforɔ no so, na wɔyɛ nsɔano ma wɔn nam Honhom Kronkron bɔhyɛ no so, nam deɛ wɔasra no ngo so, ɔno a mayi saa tumi ne saa asɔfodie nsafoa yi ama no no; na wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ—Mobɛfiri adi aba wɔ owusɔreɛ a ɛdi kan no mu; na sɛ ɛyɛ owusɔreɛ a ɛdi kan no akyi, a ɛyɛ owusɔreɛ a ɛtɔ so no mu; na wɔbɛnya ahennwa, ahemman, mpaninnie ne tumi, tumidie, deɛ ɛkorɔn nyina ara ne deɛ ɛwɔ bunu mu nyina ara adi—afei wɔbɛtwerɛ no wɔ Adwammaa no Nkwa Nwoma no mu sɛ mma ɔnni awu a ɛbɛma waka mogya a ɛdi bem agu, na sɛ ɔtena m’apam mu, na wanni awu a ɛbɛma waka mogya a ɛdi bem agu a, biribiara a m’akoa de agu wɔn so no, ɛbɛyɛ ama wɔn wɔ nneɛma nyina ara mu, wɔ mmerɛ mu, ne daapem nyina ara mu; na ɛbɛnya ahoɔden mua berɛ a wɔafiri wiase yi mu; na wɔbɛpa abɔfoɔ no ho, ne anyame no, a wɔde wɔn asisi hɔ no, akɔ wɔn mmasoɔ ne animuonyam wɔ ade nyina ara mu, sɛdeɛ wɔayɛ nsɔano wɔ wɔn tiri so no, saa animuonyam a ɛbɛyɛ mahyɛ ne asefoɔ ntoasoɔ daa afebɔɔ.

20 Afei wɔbɛyɛ anyame, esiane sɛ wɔnni awieɛ; ne saa nti wɔbɛfiri daapem akɔ daapem mu, ɛfiri sɛ wɔn wɔ hɔ daa; afei wɔbɛboro ade nyina ara so, ɛfiri sɛ nneɛma nyina ara hyɛ wɔn ase. Afei wɔbɛyɛ anyame, esiane sɛ wɔn wɔ tumi nyina ara, na abɔfoɔ no hyɛ wɔn ase.

21 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo, morenntumi nnya saa animuonyam yi gye sɛ modi me mmara so.

22 Ɛfiri sɛ ɔpono no yɛ teatea, na kwan no a ɛkɔ mmasoɔ ne nkwa ntoasoɔ mu no yɛ hiahia, na kakraa bi na wɔhunu, esiane sɛ monnim me ɛna monnye me wɔ wiase yi mu.

23 Nanso sɛ mogye me wɔ wiase yi mu a, ɛnneɛ mobɛhunu me, na mobɛnya mo mmasoɔ; ama faako a mewɔ no mo nso moaba hɔ.

24 Yei yɛ nkwa ahodoɔ a ɛnni awieɛ—sɛ wɔbɛhunu nyansafoɔ ne nokorɛfoɔ Nyankopɔn korɔ no ara, ne Yesu Kristo a wasoma no no. Mene ɔno. Ne saa nti, monnye me mmara.

25 Ɛpono a ɛso ne kwan a ɛtrɛ no na ɛkɔ owuo mu, na wɔn a wɔwura mu no yɛ bebree, esiane sɛ wɔnnye me, nna wɔnntena me mmara mu.

26 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo, sɛ ɔbarima bi ware ɔyere bi sɛdeɛ m’asɛm teɛ, na wɔnam Honhom Kronkron bɔhyɛ no so yɛ nsɔano, sɛdeɛ mefrɛ teɛ, na ɔbarima no anaa ɔbaa no yɛ bɔne anaa ɔto daapem apam foforɔ no mmara biara, anaa ɔdi abususɛm nyina ara, na sɛ wanni awu a ɔnam so de ka mogya a ɛdi bem gu a, wɔbɛtumi afiri adi aba wɔ owusɔreɛ a ɛdi kan no mu na wɔawura wɔn mmasoɔ mu; nanso wɔbɛsɛe wɔn wɔ honam mu, na wɔayi wɔn ama Satan ayaayaadeɛ kɔsi ɔgyeɛ da no, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ.

27 Abususɛm a ɛtia Sunsum Kronkron no, deɛ wɔmmfa nnkyɛ wɔ wiase yi mu anaa wiase yi akyi no, ne sɛ mobɛdi awu a ɛnam so mobɛka mogya a ɛdi bem agu, na mobɛfoa me wuo so, akyire yi a moanya me daapem apam foforɔ no, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ; na onii a ɔrenntena saa mmara yi mu no, kwan biara so no renntumi nnwura m’animuonyam mu, mmom wɔbɛbu mo fɔ, Awurade na ɔseɛ.

28 Mene Awurade wo Nyankopɔn, na mɛma wo m’Asɔfodie Kronkron no mmara, sɛdeɛ mene m’Agya hyehyɛɛe ansa na wɔreyɛ wiase no.

29 Abraham nyaa nneɛma nyina ara, biribiara a ɔnyaae no, nam adiyisɛm ne mmarasɛm so, nam m’asɛm so, Awurade na ɔseɛ, na wawura ne mmasoɔ mu na ɔte n’ahennwa so.

30 Abraham nyaa bɔhyɛ faa n’aseni, ne n’asene mu aduaba ho—wofiri n’asene mu, ɛyɛ wo, m’akoa Joseph Smith—a ɛwɔ sɛ wɔkɔ so tena ase berɛ dodoɔ a wɔn wɔ wiase mu; na ɛfa Abraham ne n’aseni ho no, wɔfiri wiase yi mu a, wɔbɛkɔ so atena hɔ; wɔ wiase yi mu ne berɛ a wɔafiri wiase no, wɔbɛkɔ so atena hɔ sɛ nsoromma a wɔnni anobuo; anaa, ɛwɔ sɛ mokan anwea a ɛwɔ mpoano a, morenntumi nnkan wɔn.

31 Saa bɔhyɛ yi yɛ mo nso mo dea, esiane sɛ mofiri Abraham mu, na wɔde bɔhyɛ no maa Abraham; na ɛnam saa mmara yi so na m’Agya nnwuma no ntoasoɔ wɔ, ɛno mu na ɔhyɛ ne ho animuonyam.

32 Ne saa nti, monkɔ na monkɔyɛ Abraham nnwuma; monwura me mmara mu na wɔbɛgye mo.

33 Nanso sɛ moannwura me mmara mu a morenntumi nnya m’Agya bɔhyɛ no, deɛ ɔde hyɛɛ Abraham no.

34 Onyankopɔn hyɛɛ Abraham, na Sarah de Hagar maa Abraham sɛ ɔyere. Na adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Esiane sɛ na yei yɛ mmara no; na Hagar mu na nnipa bebree firi baaeɛ. Ne saa nti, yei hyɛɛ bɔhyɛ no ne nneɛma afoforɔ ma.

35 Ɛno nti, na Abraham wɔ afɔbuo ase anaa? Nokorɛ mese mo, Daabi; ɛfiri sɛ me, Awurade, na mehyɛɛ yei.

36 Wɔhyɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba Isak mmɔ afɔdeɛ; nanso, wɔatwerɛ sɛ: Nni awu. Nanso, Abraham ammpo, na wɔbuu yei sɛ teneneeyɛ maa no.

37 Abraham nyaa mpenafoɔ, na wɔwowoo mma maa no; na wɔbuu yei sɛ teneneeyɛ maa no (Abraham), ɛfiri sɛ wɔde wɔn maa no, na ɔtenaa me mmara mu; sɛdeɛ Isak ne Yakob nso annyɛ biribiara gye sɛ deɛ wɔhyɛɛ wɔn no; na esiane sɛ wɔannyɛ biribiara gye sɛ deɛ wɔhyɛɛ wɔn no nti, wɔawura wɔn mmasoɔ mu, sɛdeɛ bɔhyɛ no teɛ, na wɔte nhennwa so, na wɔnnyɛ abɔfoɔ, mmom wɔyɛ anyame.

38 Dawid nso nyaa yerenom ne mpenafoɔ bebree, ne me nkoa Solomon ne Mose nso, ne me nkoa afoforɔ bebree nso, firi abɔdeɛ ahyɛaseɛ bɛsi saa berɛ yi; na wɔannyɛ bɔne wɔ biribiara mu gye sɛ deɛ ɛfa nneɛma a wɔannya ammfiri me hɔ no ho.

39 Me na mede Dawid yerenom ne ne mpenafoɔ no maa no, nam m’akoa Natan nsa so, ne nkɔmhyɛfoɔ afoforɔ a wɔkura saa tumi yi nsafoa so; na wɔ saa nneɛma yi mu biara no wannyɛ bɔne anntia me gye sɛ deɛ ɛfa Uria ne ne yere ho; na, ne saa nti wahwe ase afiri ne mmasoɔ mu, na wanya ne kyɛfa; na ɔrennya yeinom nni wɔ saa wiase yi akyi, ɛfiri sɛ mede yeinom ama ɔfoforɔ, Awurade na ɔseɛ.

40 Mene Awurade wo Nyankopɔn, na memaa wo, m’akoa Joseph, ɔfrɛ bi, na mede nneɛma nyina ara san ba bio. Bisa deɛ wopɛ, na wɔde bɛma wo sɛdeɛ m’asɛm teɛ.

41 Na sɛdeɛ woabisa afa awaresɛeɛ ho no, nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, sɛ ɔbarima bi nya ɔyere wɔ daapem apam foforɔ no mu, na sɛ ɔkɔka ɔbarima foforɔ ho, na mennyii no mmaa no nam me ngosra kronkron no so a, ɛnneɛ wasɛe awareɛ na wɔbɛseɛ no.

42 Na sɛ ɔnni daapem apam foforɔ no mu, na ɔkɔka ɔbarima foforɔ ho a, wasɛe awareɛ.

43 Na sɛ ne kunu kɔka ɔbaa foforɔ ho, na sɛ ɔwɔ bɔhyɛ ase a, ɛnneɛ wabu ne bɔhyɛ no so, na wasɛe awareɛ.

44 Na sɛ ɔnsɛee awareɛ, na mmom ɔdi bem na ɔmmuu ne bɔhyɛ so, na ɔnim yei, na meda no adi kyerɛ wo, m’akoa Joseph a, ɛnneɛ wobɛnya tumi, nam m’Asɔfodie Kronkron no tumi so agye no na wode no ama deɛ ɔnsɛee awareɛ na mmom wayɛ nokorɛfoɔ; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ no sodifoɔ wɔ nneɛma bebree so.

45 Na mede asɔfodie no nsafoa ne tumi no ma wo, ɛnam ɛno so na mede nneɛma nyina ara aba bio, na mɛda nneɛma nyina ara adi akyerɛ wo mmerɛ a ɛsɛ mu.

46 Na nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ biribiara a wobɛsɔ ano wɔ asase so no wɔbɛsɔ ano wɔ soro; na biribiara a wobɛkyekyere wɔ asase so wɔ me din mu na ɛnam m’asɛm so no, Awurade na ɔseɛ, wɔbɛkyekyere no afebɔɔ wɔ ɔsoro; na obibiara a wode ne bɔne bɛfiri no wɔ asase so no wɔde bɛfiri no; na obibiara a woma ne bɔne tena hɔ wɔ asase so no wɔbɛma no atena hɔ wɔ soro.

47 Na bio, nokorɛ mese, obibiara a wobɛhyira no, mɛhyira no, na obibiara a wobɛdome no, mɛdome, Awurade na ɔseɛ; ɛfiri sɛ me, Awurade, meyɛ wo Nyankopɔn.

48 Na bio, nokorɛ mese wo, m’akoa Joseph, sɛ biribiara a wode bɛma wɔ asase so, na obibiara a woma no obi wɔ asase so, nam m’asɛm so ne sɛdeɛ m’asɛm teɛ no, wɔde nhyira, ɛne me tumi, bɛsra no na nnyɛ nnome, Awurade na ɔseɛ na ɔrennya afɔbuo biara wɔ asase so ne soro.

49 Ɛfiri sɛ mene Awurade wo Nyankopɔn, na mɛka wo ho mpo kɔsi wiase awieɛ, ne daapem nyina ara mu; ɛfiri sɛ nokorɛ mesɔ wo mmasoɔ ano wɔ wo so, na mesiesie ahennwa ma wo wɔ m’Agya ahemman no mu, ne w’Agya Abraham.

50 Hwɛ, mahunu w’afɔrebɔ, na mede wo bɔne nyina ara bɛkyɛ wo; mahunu w’afɔrebɔ wɔ setie a woyɛ ma deɛ maka akyerɛ wo no. Ne saa nti, kɔ na mɛyɛ kwan ama woafiri mu, sɛdeɛ megyee Abraham afɔdeɛ a na ɛyɛ ne ba Isak no.

51 Nokorɛ, mese wo: Mede mmarasɛm bi ma wo yere, Emma Smith, m’abaawa, a mede no ama wo no sɛ ɔnnyae na mma ɔmmfa deɛ mehyɛɛ wo sɛ fa ma no no; ɛfiri sɛ meyɛɛ yei de sɔɔ mo nyina hwɛɛe, Awurade na ɔseɛ sɛdeɛ meyɛɛ Abraham no, na ama mahwehwɛ afɔdeɛ afiri mo nsa mu, nam apam ne afɔrebɔ so.

52 Na ma m’abaawa, Emma Smith, nye wɔn a wɔde wɔn ama m’akoa Joseph no nyina ara, ne wɔn a wɔn ho teɛ na wɔyɛ kronkron wɔ m’anim; na wɔn a wɔn nnyɛ kronkron, na wɔaka sɛ wɔyɛ kronkron no, wɔbɛsɛe wɔn, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ.

53 Ɛfiri sɛ mene Awurade wo Nyankopɔn; na monyɛ setie mma me nne; na mema m’akoa Joseph kwan sɛ ɔnyɛ sodifoɔ wɔ nneɛma pii so; ɛfiri sɛ wayɛ nokorɛfoɔ wɔ nneɛma kakra bi ho, na ɛfiri nnɛ de rekɔ no mɛhyɛ no den.

54 Na mehyɛ m’abaawa, Emma Smith, sɛ ɔntena m’akoa Joseph ho na ɔmfam ne ho, na ɛnnyɛ obi foforɔ biara. Nanso sɛ wanni saa mmarasɛm yi so a wɔbɛsɛe no, Awurade na ɔseɛ; ɛfiri sɛ mene Awurade wo Nyankopɔn, na sɛ wanntena me mmara mu a mɛsɛe no.

55 Nanso sɛ ɔrenni saa mmarasɛm yi so a, ɛnneɛ m’akoa Joseph bɛyɛ nneɛma nyina ara ama no, mpo sɛdeɛ waka no; na mɛhyira no na mayɛ no mmɔho mmɔho na mama no agyanom ne ɛnanom mmɔho ɔha wɔ saa wiase yi mu, anuanom mmarima ne mmaa, afie ne nsase, yerenom ne mma, ne nkwa a ɛnni awieɛ ahenkyɛ wɔ ɛnni awieɛ wiase no mu.

56 Na bio, nokorɛ mese, ma m’abaawa mfa m’akoa Joseph mmaratoɔ nkyɛ no; na afei wɔde ne mmaratoɔ bɛkyɛ no, deɛ ɔnam so ato mmara atia me no; na me, Awurade wo Nyankopɔn, bɛhyira no, na mayɛ no mmɔho mmɔho, na mama n’akoma adi ahurisie.

57 Na bio, mese, mma m’akoa Joseph nnyi n’agyapdeɛ mmfiri ne nsa mu, anyɛ saa a ɔtamfo bɛba abɛsɛe no; ɛfiri sɛ Satan hwehwɛ sɛ ɔbɛsɛe no; na mene Awurade wo Nyankopɔn, na ɔyɛ m’akoa; na hwɛ, na hunu, meka ne ho, sɛdeɛ na meka Abraham, w’agya ho no, mpo kɔsi ne mmasoɔ ne n’animuonyam mu.

58 Afei, ɛfa asɔfodie mmara no ho no, nneɛma pii wɔ mu a ɛka ho.

59 Nokorɛ, sɛ m’Agya frɛ onipa bi, sɛdeɛ ɔyɛɛ Aaron no, nam me ara me nne so, ne deɛ ɔsomaa me no nne so, na mama no saa asɔfodie tumi no nsafoa a, sɛ ɔyɛ biribi wɔ me din mu, na ɛnam m’asɛm so, ne sɛdeɛ me mmara teɛ a, ɔnnyɛ bɔne, na mɛbu no bem.

60 Ne saa nti, mma obiara nnkasa nntia m’akoa Joseph ; ɛfiri sɛ mɛbu no bem ; na ɔbɛbɔ afɔdeɛ a merehwehwɛ afiri ne nsam ama ne mmaratoɔ, Awurade wo Nyankopɔn na ɔseɛ.

61 Na bio, deɛ ɛfa asɔfodie mmara no ho no—sɛ ɔbarima bi ware ɔbaabunu na sɛ ɔpɛ sɛ ɔware foforɔ, na sɛ deɛ ɔdi kan no ma ne ho kwan, na sɛ ɔware deɛ ɔtɔ so mmienu no, na wɔyɛ mmaabunu, na wɔnhyɛɛ ɔbarima foforɔ biara bɔ a, ɛnneɛ wɔbu no bem; ɔrenntumi nnsɛe awareɛ ɛfiri sɛ wɔde wɔn ama no; na ɔrenntumi mmɔ deɛ ɛyɛ ne dea na ɛnnyɛ obi foforɔ dea ho adwamman.

62 Na sɛ wɔnam saa mmara yi so de mmaabunu du ma no a, ɔrenntumi nsɛe awareɛ, ɛfiri sɛ wɔyɛ ne dea, na wɔde wɔn ama no; ɛno nti wɔbu no bem.

63 Nanso, sɛ akyire yi mmaabunu du a wɔaware wɔn yi mu baako anaa emu biara kɔka ɔbarima foforɔ ho a, wasɛe awareɛ, na wɔbɛsɛe no; ɛfiri sɛ wɔde ama no sɛ ɔnnɔre na ɔnhyɛ asase so ma, sɛdeɛ me mmara teɛ, na ɔnhyɛ bɔhyɛ a m’Agya de maaeɛ ansa na wɔreto wiase fapem no ma, na ama wɔn mmasoɔ wɔ ɛnni awieɛ wiase ahodoɔ no mu, ama wɔatumi awowo nnipa akra; na yei mu na wɔtoa m’Agya adwuma so, ama wɔahyɛ no animuonyam.

64 Na bio, nokorɛ, nokorɛ mese mo, sɛ ɔbarima bi wɔ yere, na ɔkura saa tumi yi nsafoa, na ɔkyerɛkyerɛ no m’asɔfodie no mmara, deɛ ɛfa saa nneɛma yi ho a, ɛnneɛ ɔbɛgye adi na wasom no, anyɛ saa a wɔbɛsɛe no, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ; ɛfiri sɛ mɛsɛe no; ɛfiri sɛ mɛyɛ me din kɛseɛ wɔ wɔn a wɔgye me mmara na wɔtena mu no nyina ara so.

65 Ne saa nti, sɛ ɔyere no annye saa mmara yi a, mɛnya ho kwan ama ne kunu no anya nneɛma nyina ara biribiara a me, Awurade ne Nyankopɔn, de bɛma no, ɛfiri sɛ ɔyere no annye anni na wannsom no sɛdeɛ m’asɛm teɛ; na ɛno nti ɔyere no bɛyɛ mmaratofoɔ; na ɛnnhia sɛ okunu no di Sara mmara no so, deɛ ɔsomm Abraham sɛdeɛ mmara no teɛ berɛ a mehyɛɛ Abraham sɛ ɔmfa Hagar sɛ ɔyere no.

66 Na afei, deɛ ɛfa saa mmara yi ho no, nokorɛ, nokorɛ, mese mo, mɛda pii adi akyerɛ mo akyire yi; ne saa nti, ma yei nso ha saa berɛ yi. Hwɛ, mene Alfa ne Omega. Amen.