Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 67


Ɔfã 67

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Hiram, Ohio, Obubuo ahyɛaseɛ, 1831. Na saa berɛ yi yɛ nhyiamu soronko bi, wɔsusuui, dii ho dwuma sɛ wɔtintim adiyi -nsɛm a wɔanya dada afiri Awurade hɔ nam Nkɔmhyɛni no so (hwɛ ti asɛm ma ɔfã 1). Na ɛnkyɛreeɛ a William W. Phelps asi Asɔre nwoma-tintimbea wɔ Independence, Missouri. Nhyiamu no sii gyinaeɛ sɛ wɔde adiyisɛm a ɛwɔ Book of Commandments (Mmaransɛm Nwoma) no mu bɛba dwa so na wɔatintim ahodoɔ 10, 000 (a ɛnam ɔhaw a na wɔn ani nna so nti wɔtintim ahodoɔ 3,000). Anuanom no pii dii adanseɛ kronkron sɛ adiyisɛm a wɔaboaboa ano saa berɛ no yɛ nokorɛ ampa, sɛdeɛ Sunsum Kronkron a wɔahwie agu wɔn so no adanseɛ teɛ. Joseph Smith abakɔsɛm kyerɛ sɛ berɛ a wɔnyaa adiyisɛm a ɛyɛ ɔfã baako no, asɔremma no dii nkɔmmɔ faa kasa a wɔde twerɛɛ adiyisɛm no. Saa adiyisɛm yi baae.

1–3, Awurade tie mpaninfoɔ no mpaebɔ na Ɔhwɛ wɔn so; 4–9, Ɔtwa ɔnyansani paa ara mpoa sɛ ɔnhwɛ sɛ ɔbɛtumi ayɛ deɛ ɛte sɛ N’adiyisɛm no mu ketewa paa ara a; 10–14, Honhom no bɛma mpaninfoɔ nokorɛfoɔ no nkwa na wɔbɛhunu Onyankopɔn anim.

1 Monhwɛ na montie, O m’asɔre mpaninfoɔ, a moahyia abɔ mu, mo a mate mo mpaebɔ, na menim mo akoma, na mo pɛ aforo aba m’anim.

2 Monhwɛ na monhunu, m’ani wɔ mo so, na ɔsorosoro ne asase wɔ me ara me nsam, na mmerɛsanten ahonyadeɛ yɛ me ara me dea sɛ mede ma.

3 Mobɔɔ mmɔden sɛ mobɛgye adi sɛ mo nsa bɛka nhyira a wɔdehyɛɛ mo bɔ no; nanso, hwɛ, nokorɛ, mese mo sɛ suro baa mo akoma mu, na nokorɛ, yei ne deɛ nti a moannya no.

4 Na afei me, Awurade, mema mo nokorɛ no ho adanseɛ ɛfa saa mmaransɛm yi a ɛda moanim yi ho.

5 Mo ani awɔ m’akoa Jospeh Smith, Jun. so, na moahunu ne kasa, na moahunu ne sintɔ; na moahwehwɛ nimdeɛ wɔ mo akoma mu sɛ mobɛtumi akasa yie asene ne kasa no; yei nso monim.

6 Afei, monhwehwɛ mfiri Mmaransɛm Nwoma no mu, mpo ketewa pa ara a ɔwɔ wɔn ntam, na monyi deɛ ɔyɛ badwemma paa ara wɔ mo ntam;

7 Anaa, sɛ mo mu bi wɔ hɔ a ɔbɛtumi ayɛ baako mpo tesɛ yei a, ɛnneɛ modi bem sɛ moreka sɛ monnim sɛ yeinom yɛ nokorɛ a;

8 Nanso sɛ monntumi nnyɛ baako tesɛ yei a, mowɔ afɔbuo ase sɛ moanni adanseɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ a.

9 Ɛfiri sɛ monim sɛ deɛ ɛntene biara nni mu, na deɛ ɛtene firi ɔsoro na ɛba fam, ɛfiri hann Agya no hɔ.

10 Na bio, nokorɛ mese mo sɛ ɛyɛ mo akwanya, ne bɔhyɛ a mede ma mo a wɔahyɛ mo asɔfoɔ ama saa ɔsom adwuma yi, sɛ mmerɛ dodoɔ a motwe mo ho firi ninkuntwe ne suro ho, na mobrɛ mo ho ase wɔ m’anim no, ɛfiri sɛ mo ahobrɛase nnsɔ ani, nkata-anim no mu bɛte na mobɛhwɛ me na moahunu sɛ mete ase—ɛnnyɛ mo honam ani anaa mo honam adwene, na mmom honhom deɛ no.

11 Ɛfiri sɛ onipa biara nhunuu Onyankopɔn da wɔ honam mu, agye sɛ Onyankopɔn Honhom no ama no nkwa.

12 Saa ara na honam mu nipa nntumi nnyina Onyankopɔn anim, anaa ɔmmfa honam adwene.

13 Monntumi nnyina Onyankopɔn anim seesei, anaa abɔfoɔ som; ɛno nti, monkɔ so wɔ aboterɛ mu nkɔsi sɛ mobɛwie pɛ yɛ.

14 Mma momma mo adwene nnane; na sɛ mo fata a, me ara ankasa me mmerɛ a ɛsɛ mu no, mobɛhunu na moahunu adekodeɛ a wɔnam m’akoa Joseph Smith, Jun., nsa so de maa mo no. Amen.