Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 71


Ɔfã 71

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no ne Sidney Rigdon, wɔ Hiram, Ohio, Ɔpɛnimma 1, 1831. Na Nkɔmhyɛni no akɔ so akyerɛ Twerɛ Kronkron no ase, ɔne Sidney Rigdon a na ɔyɛ ne twerɛfoɔ, kɔsi sɛ wɔnyaa saa adiyisɛm yi, na wɔde too nkyɛn kakra saa berɛ yi, ama wɔatumi adi nkyerɛkyerɛ a wɔde maae wɔ ha yi so. Na ɛwɔ sɛ anuanom no kɔka asɛmpa no ama wɔatumi abrɛ ɔtan a nnipa binom anya afa asɔre no ho no ase, esiane nkrataa a na ɔwaefoɔ Ezra Booth atwerɛ wɔ dawurubɔ nkrataa bi mu no.

1–4, Wɔsoma Joseph Smith ne Sidney Rigdon sɛ wɔnkɔ bɔ asɛmpa no ho dawuro; 5–11, Wɔbɛhyɛ ahoteɛfoɔ no atamfo aniwuo.

1 Hwɛ, me nkoa Joseph Smith, Jun., ne Sidney Rigdon, sɛdeɛ Awurade se mo nie, sɛ berɛ no anya aba a ɛhia na ɛfata ma me sɛ mobɛbue mo ano na moabɔ m’asɛmpa no ho dawuro, ahemman no mu nneɛma, monkyerɛkyerɛ ɛmu ahintasɛm mfiri twerɛsɛm no mu, sɛdeɛ Honhom no kyɛfa ne tumi a wɔde bɛma mo no teɛ, mpo sɛdeɛ mepɛ.

2 Nokorɛ mese mo sɛ, mommɔ dawuro nkyerɛ wiase wɔ amantam a atwa ahyia no mu, ne asɔre no mu nso, wɔ mmerɛ kakra bi mu, mpo kɔsi sɛ wɔbɛda no adi akyerɛ mo.

3 Nokorɛ yei yɛ asɛmpatrɛ adwuma wɔ mmerɛ kakra bi a mede ama mo mu.

4 Ɛno nti, monyɛ adwuma wɔ me bobeturo mu. Momfrɛ asase sotefoɔ, na monni adanseɛ, na monsiesie kwan mma mmaransɛm ne adiyisɛm a ɛrebɛba no.

5 Afei, hwɛ, yei yɛ nyansa; obiara a ɔkenkan no, ma ɔnte aseɛ na ɔnnye nso;

6 Ɛfiri sɛ deɛ ɔgye no, wɔbɛma no mmorosoɔ, mpo tumi.

7 Ɛno nti, monhyɛ mo atamfo aniwuo; momfrɛ wɔn ma wɔnhyia mo wɔ badwa mu ne kokoa mu; na mmerɛ dodoɔ a moyɛ nokorɛfoɔ no, wɔn aniwuo bɛda adi.

8 Ɛno nti, momma wɔmfa wɔn adwene kɛseɛ no mmra ne Awurade mmɛdi asie.

9 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade se mo nie—akodeɛ biara a wɔayɛ de atia mo no rennyina;

10 Na sɛ onipa biara ma ne nne so tia mo a n’ani bɛwu wɔ me ara me mmerɛ a ɛsɛ mu.

11 Ɛno nti, monni me mmaransɛm so; ɛnonom yɛ ampa ne nokorɛ. Mpo saa ara. Amen.