Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 45


Ɔfã 45

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Asɔre no wɔ Kirtland, Ohio, Ɔbɛnem 7, 1831. Ɔretwerɛ saa adiyisɛm yi nnianim no, Joseph Smith abakɔsɛm kyerɛ sɛ “saa berɛ yi wɔ Asɔre no mu no…wɔbɔɔ atorɔ amaneɛbɔ pii … ne nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ ho dawuro, … sɛdeɛ wɔbɛsi nkorɔfoɔ a wɔrehwehwɛ adwuma no mu, anaa wɔresɔ gyedie no mu no kwan. Nanso deɛ ɛyɛɛ Ahoteɛfoɔ no anigyeɛ ne sɛ, … menyaa deɛ ɛtoa soɔ yi”.

1–5, Kristo yɛ yɛn dimafoɔ wɔ Agya no nkyɛn; 6–10, Asɛmpa no yɛ ɔbɔfoɔ a ɛresiesie Awurade anim kwan no; 11–15, Awurade gyee Henok ne onuanom maa Ne ho; 16–23, Kristo daa Ne mmaeɛ ho nsɛnkyerɛnne adi wɔ Ngo Bepɔ no so; 24–38, Wɔde asɛmpa no bɛsan aba bio, Amanamanfoɔ no mmerɛ bɛhyɛ mã, na amanfoyɛ yareɛ bɛkata asase so; 39–47, Nsɛnkyerɛnne, ahodwirideɛ, ne Owusɔreɛ bɛdi ne Mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no anim; 48–53, Kristo bɛgyina Ngo Bepɔ no so, na Yudafoɔ no bɛhunu akuro a ɛwɔ Ne nsam ne Ne nan mu no; 54–59, Awurade bɛdi hene wɔ Mfenhyia apem no mu; 60–62, Wɔhyɛ Nkɔmhyɛni no sɛ ɔnhyɛ Apam Foforɔ no nkyerɛaseɛ no ase, deɛ ɛnam so na wɔbɛda nsɛm a ɛho hia adi; 63–75, Wɔhyɛ Ahoteɛfoɔ no sɛ wɔmmoa wɔn ho na wɔnsi Yerusalem Foforɔ no, ɛhɔ na nnipa bɛfiri aman nyina ara so bɛba.

1 Montie, O, nkorɔfoɔ a mowɔ m’asɔre mu, a wɔde ahemman no ama mo; montie na monyɛ aso mma deɛ ɔtoo asase yi fapem, ɔno a ɔyɛɛ ɔsoro ne ɛmu asafo nyina ara, ne deɛ ɛnam ne so na wɔyɛɛ nneɛma nyina ara a wɔte ase, na wɔtumi kekã wɔn ho, na wɔn wɔ hɔ no.

2 Na bio mese, montie me nne, anyɛ saa a owuo bɛba mo so; dɔn a monnwene ho no, ahuhuruberɛ bɛtwa mu, na otwa berɛ bɛba awieɛ, na mo akra rennya nkwa.

3 Montie deɛ ɔyɛ dimafoɔ wɔ Agya no nkyɛn no, deɛ ɔresrɛ mo yiedie wɔ n’anim—

4 Reka sɛ: Agya, hwɛ deɛ wannyɛ bɔne no amanehunu ne ne wuo, ɔno a ɔsɔ w’ani yie no; hwɛ wo Ba no mogya a wɔhwie guuiɛ, deɛ wode no maaeɛ sɛdeɛ wobɛhyɛ wo ho animuonyam no mogya;

5 Ɛno nti, Agya, gyae me nuanom yi a wɔgye me din die no, ama wɔatumi aba me hɔ na wɔanya daa nkwa.

6 Montie, O, mo nkorɔfoɔ a mowɔ m’asɔre mu, ne mo, mpaninfoɔ, montie mmɔ mu, na montie me nne saa berɛ yi a wɔfrɛ no nnɛ yi, na mma monnyɛ mo akoma den;

7 Ɛfiri sɛ nokorɛ mese mo sɛ Mene Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieɛ, wiase hann ne ne nkwa—hann a ɛhyerɛn wɔ sum mu a esum nnte no aseɛ no.

8 Mebaa m’ankasa medeɛ mu, na m’ankasa medeɛ annye me; nanso dodoɔ a wɔgyee me no, memaa wɔn tumi sɛ wɔnyɛ anwanwadeɛ pii, na wɔmmɛyɛ Onyankopɔn mma; mpo wɔn a wɔgyee me din diiɛ no, memaa wɔn tumi sɛ wɔnya nkwa a ɛnni awieɛ.

9 Na mpo saa ara na masoma me daapem apam aba wiase mu, sɛ ɛnyɛ hann mma wiase, na ɛnyɛ susudua mma me nkorɔfoɔ, na ama Amanamanmufoɔ no ahwehwɛ akyire kwan, na abɛyɛ ɔbɔfoɔ wɔ m’anim asiesie kwan wɔ m’anim.

10 Ɛno nti, mommra hɔ, na deɛ ɔbɛba no, mene no bɛdwen tesɛ deɛ mene nnipa a na wɔn wɔ tete nna mu no yɛɛe no, na mɛkyerɛ mo m’adwen kɛseɛ no.

11 Ɛno nti, mommɔ mu ntie na momma menkyerɛ mo me nyansa—ɔno a mose ɔyɛ Henok, ne ɔnuanom Nyankopɔn, nyansa no,

12 Wɔn a wɔtee wɔn firii asase so, na wɔgyee wɔn maa me ho no—ahenkuro a makora kɔsi sɛ tenenee da no bɛba—da a nnipa kronkron nyina ara hwɛɛ kwan no, na wɔannhunu no ɛsiane atirimuɔdensɛm ne akyiwadeɛ nti;

13 Na wɔpaae mu kaa saa sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ ne akwantufoɔ wɔ asase so no;

14 Nanso wɔnyaa bɔhyɛ sɛ wɔbɛhunu na wɔahwɛ no wɔ wɔn honam mu.

15 Ɛno nti, monyɛ aso, na me ne mo bɛdwene, na me ne mo bɛkasa na mahyɛ mo nkɔm, sɛdeɛ meyɛ maa nnipa a na wɔn wɔ tete nna no mu no.

16 Na mɛda no adi pefee sɛdeɛ medaa no adi kyerɛɛ m’akyidifoɔ no berɛ a megyinaa wɔn anim wɔ honam mu no, na me ne wɔn kasaaeɛ, kaa sɛ: Ɛsiane sɛ moabisa me ɛfa me mmaeɛ ho nsɛnkyerɛnne, wɔ da a mɛba wɔ m’animuonyam mu, wɔ ɔsoro amununkum mu no, sɛ merebɛhyɛ bɔhyɛ a mehyɛɛ mo agyanom no mã no,

17 Esiane sɛ mohunu mpaepaemu tenten a ɛda mo ahonhom ne mo nnipadua no sɛ nkoasom nti, mɛkyerɛ mo kwan a ɔgyeɛ da no nam so bɛba, ne Israel a wɔabɔ apete mmaeɛ bio no nso.

18 Na seesei mohunu tɛmpol a ɛwɔ Yerusalem yi, deɛ mofrɛ no Onyankopɔn fie, a mo atamfo ka sɛ saa fie yi rennhwe ase da no.

19 Nanso, nokorɛ mese mo, sɛ amanfoyɛ bɛba saa awoɔntoatoasoɔ yi so tesɛ deɛ owifoɔ ba anadwo no, na wɔbɛsɛe saa nkorɔfoɔ yi na wɔabɔ apete wɔ aman nyina ara ntam.

20 Na saa tɛmpol yi a mohunu seesei yi, wɔbɛdwiri agu fam na wɔrennya ɔboɔ baako mpo wɔ ɔboɔ so wɔ ha.

21 Na ɛbɛba sɛ, saa Yudafoɔ awoɔntoatoasoɔ yi renntwa mu kɔsi sɛ amanfoyɛ a maka akyerɛ mo ɛfa wɔn ho no nyina ara bɛba mu.

22 Moka sɛ monim sɛ wiase awieɛ reba; mosan nso ka sɛ monim sɛ ɔsorosoro ne asase bɛtwa mu akɔ;

23 Na yei mu no, moka nokorɛ, ɛfiri sɛ ɛte saa ara; nanso saa nsɛm a maka akyerɛ mo yi renntwa mu nnkɔ kɔsi sɛ ne nyina ara bɛba mu.

24 Na yei, maka akyerɛ mo afa Yerusalem ho; na berɛ a saa da no bɛba no, wɔbɛbɔ nkaeɛ no bi apete wɔ aman nyina ara mu;

25 Nanso wɔbɛboaboa wɔn ano bio; nanso wɔbɛtena mu kɔsi sɛ Amanamanmufoɔ no mmerɛ no bɛhyɛ mã.

26 Na saa da no mu no mobɛte ako, ne ako ho atesɛm, na asase nyina ara so bɛyɛ basabasa, na nnipa akoma bɛdi wɔn hwammɔ, na wɔbɛka sɛ Kristo retwentwɛn ne mmaeɛ no ase akɔsi asase awieɛ.

27 Na nnipa dɔ ano bɛdwo, na amumuyɔ bɛdɔɔso.

28 Na sɛ Amanamanmufoɔ ne mmerɛ no so a, hann bi bɛpue aba wɔn a wɔte sum mu, na ɛbɛyɛ m’asɛmpa no mahyɛ;

29 Nanso wɔnnye; ɛsiane sɛ wɔnnhunu hann no, na wɔdane wɔn akoma firi me ho ɛnam nnipa nkyerɛkyerɛ nti.

30 Na wɔ saa awoɔntoatoasoɔ no mu na Amanamanmufoɔ no mmerɛ no bɛba mu.

31 Na nnipa binom wɔ hɔ a wɔbɛgyina saa awoɔntoatoasoɔ no mu a wɔrenntwa mu nnkɔ kɔsi sɛ wɔbɛhunu mpiretwa mmorosoɔ; ɛfiri sɛ amanfo yareɛ bɛkata asase no so.

32 Nanso m’asuafoɔ bɛgyina mmeammea kronkron, na wɔrennhinhim; nanso atirimuɔdenfoɔ no mu deɛ, nnipa bɛma wɔn nne so adome Onyankopɔn na wɔawuwu.

33 Na asasewosoɔ bɛba mmeammea ahoroɔ nso, ne ɔsɛeɛ bebree; nanso nnipa bɛyɛ wɔn akoma den atia me, na wɔbɛma wɔn afena so, atia wɔn ho wɔn ho, na wɔbɛkunkum wɔn ho wɔn ho.

34 Na afei, berɛ a me, Awurade, mekaa saa nsɛm yi kyerɛɛ m’asuafoɔ no, wɔn akoma tuuiɛ.

35 Na mesee wɔn sɛ: Mma mo akoma nntu, ɛfiri sɛ, sɛ saa nneɛma yi nyina ara bɛtwa mu a, mobɛhunu sɛ bɔhyɛ a mede ahyɛ mo no bɛba mu.

36 Na sɛ hann no hyɛ aseɛ sɛ ɛrepue a, ɛbɛyɛ wɔn te sɛ abɛbusɛm a merebɛkyerɛ yi—

37 Mohwɛ na mohunu borɔdɔma nnua, na mode mo ani hunu, na sɛ ɛfefɛ na sɛ ne nhahan da so yɛ bɛtɛɛ a, moka sɛ ahohuro berɛ abɛn pa ara;

38 Mpo saa ara na ɛbɛyɛ wɔ saa da no mu a wɔbɛhunu saa nneɛma yi nyina ara, afei wɔbɛhunu sɛ dɔnhwere no abɛn.

39 Na ɛbɛba sɛ deɛ ɔsuro me no bɛhwɛ Awurade da kɛseɛ no kwan sɛ ɛbɛba, mpo ahwɛ Onipa Ba no mmaeɛ no ho nsɛnkyerɛnne.

40 Na wɔbɛhunu nsɛnkyerɛnne ne ahodwirideɛ, ɛfiri sɛ wɔbɛda no adi wɔ ɔsorosoro, ne asase so wɔ fam.

41 Na wɔbɛhunu mogya, ne ogya, ne wisie kummɔnn.

42 Na ansa na Awurade da no bɛba no, owia no bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya, na nsoroma afiri ɔsoro atotɔ.

43 Na wɔbɛboaboa nkaeɛ no ano wɔ ha;

44 Na afei wɔbɛhwehwɛ me, na, hwɛ, mɛba; na wɔbɛhunu me wɔ ɔsoro mununkum mu, sɛ mefura tumi ne animuonyam kɛseɛ; ɛne abɔfoɔ kronkron no nyina ara; na deɛ ɔnnhwɛ m’anim kwan no, wɔbɛtwa no atwene.

45 Nanso, ansa na Awurade basa bɛsiane no, ɔbɔfoɔ bi bɛhyɛn ne totorobɛnto, na ahoteɛfoɔ a wɔadeda no bɛfiri adi abɛhyia me wɔ mununkum no mu.

46 Ɛno nti, sɛ moadeda wɔ asomdwoeɛ mu a, nhyira ne mo; ɛfiri sɛ sɛnea mohunu me seesei na monim sɛ Mete ase yi, saa ara na mobɛba me nkyɛn, na mo akra bɛnya nkwa, na mo gyeɛ bɛdi mũ; na ahoteɛfoɔ no bɛfiri adi afiri asase afanan so aba.

47 Afei Awurade basa bɛsiane wɔ aman nyina ara so.

48 Na afei Awurade de ne nan bɛsi saa bepɔ yi so, na ɛmu bɛpae mmienu, na asase bɛhinhim, na atɔ ntintan adi akɔneaba, na ɔsoro nso bɛwoso.

49 Na Awurade de ne nne bɛkasa, na asase ano nyina ara bɛte; na asase so aman nyina ara bɛsu, na wɔn a wɔasereɛ no bɛhunu wɔn nkwaseadeɛ.

50 Na asiane bɛkata atwetwesifoɔ so, na wɔbɛhye ahiyifoɔ no; na wɔn a wɔhwehwɛɛ amumuyɔ no, wɔbɛtwa wɔn agu na wɔato wɔn agu ogya mu.

51 Na afei Yudafoɔ no bɛhwɛ me na wɔaka sɛ: Nkuro bɛn na ɛwɔ wo nsa mu ne wo nan mu yi?

52 Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade; ɛfiri sɛ mɛka akyerɛ wɔn sɛ: Saa pirakuro yi ne pirakuro a mepiraae wɔ me nnamfo fie. Mene deɛ wɔmaa no so no. Mene Yesu no a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Mene Onyankopɔn Ba no.

53 Na afei wɔbɛsu ɛnam wɔn amumuyɔ nti; na wɔbɛtwa adwo ɛsiane sɛ wɔtaa wɔn hene nti.

54 Na afei wɔbɛgye abosonsomfoɔ aman no, na wɔn a wɔnnim mmara biara no bɛnya kyɛfa wɔ owusɔreɛ a ɛdi kan no mu; na wɔbɛtumi agyina ano.

55 Na wɔbɛkyekyere Satan, sɛdeɛ ɔrennya kwan wɔ nnipa mma akoma mu.

56 Na saa da no, a mɛba wɔ m’animuonyam mu no, na abɛbusɛm a meka faa mmaabunu du no ho no bɛba mu.

57 Ɛfiri sɛ wɔn a wɔyɛ mmadwemma na wɔanya nokorɛ no, na wɔafa Honhom Kronkron no sɛ wɔn kwankyerɛfoɔ, na wɔannaadaa wɔn no—nokorɛ mese mo, wɔnntwa wɔn nngu na wɔrennto wɔn nngu ogya mu, na wɔbɛtumi agyina ɛda no.

58 Na wɔde asase no bɛma wɔn sɛ apɛgyadeɛ; na wɔbɛdɔre na wɔn ho bɛyɛ den, na wɔn mma bɛnyini akwati bɔne, de akɔ nkwagyeɛ mu.

59 Ɛfiri sɛ Awurade bɛwɔ wɔn mfinimfini, na n’animuonyam bɛwɔ wɔn so, na ɔbɛyɛ wɔn hene ne wɔn mmarahyɛfoɔ.

60 Na afei, hwɛ, mese wo, wɔremma wo kwan mma wonnhunu saa eti yi mu nnkɔ akyiri, kɔsi sɛ wɔbɛkyerɛ Apam Foforɔ no ase, na ɛmu no wɔbɛda saa nneɛma yi nyina ara adi;

61 Ɛno nti mema wo kwan sɛ afei kyerɛ ɛno ase, ama woatumi asiesie wo ho ama nneɛma a ɛrebɛba no.

62 Na nokorɛ mese mo, sɛ nneɛma akɛseɛ retwɛn mo;

63 Mote ako ho nsɛm wɔ amannɔne nsase so; nanso, hwɛ, mese mo, abɛn, mpo aduru mo apono ano, na mfeɛ kakra akyi no mobɛte ako ho nsɛm wɔ mo ara mo nsase so.

64 Ɛno nti Me, Awurade, maka sɛ, mommoaboa mo ho mfiri apueɛ nsase so, monhyia mo ho mo ho mmɔ mu, m’asɔre mpaninfoɔ; momfiri adi nkɔ atɔeɛ aman mu, momfrɛ ɛsotefoɔ sɛ wɔnsakyera, na mpɛn dodoɔ a wɔbɛsakyera no, monsi nsɔre mma me.

65 Na momfa akoma korɔ ne adwene korɔ, mmoaboa mo ahonyadeɛ ano ama moatumi atɔ apɛgyadeɛ a wɔbɛda no adi akyerɛ mo akyire yi.

66 Na wɔbɛfrɛ no Yerusalem Foforɔ no, asomdwoeɛ asase, dwanekɔbea ahenkuro, ahobanbɔbea ma Ɔsorosoro Nyankopɔn ahoteɛfoɔ no;

67 Na Awurade animuonyam bɛwɔ hɔ, na Awurade ho suro nso bɛwɔ hɔ, mpo ara ama atirimuɔdenfoɔ renntumi mma hɔ, na wɔbɛfrɛ hɔ no Sion.

68 Na ɛbɛba sɛ atirimuɔdenfoɔ no mu deɛ, onipa biara a ɔremmfa n’akofena nntia ne yɔnko no, bɛhia sɛ ɔdwane kɔ Sion ama wanya banbɔ.

69 Na wɔbɛboaboa wɔn ho wɔ hɔ, afiri ɔman biara a ɛwɔ ɔsoro ase so; na wɔn nko ara na wɔbɛyɛ nkorɔfoɔ a wɔne wɔn ho wɔn ho rennko.

70 Na wɔbɛka no atirimuɔdenfoɔ no mu sɛ: Mma yɛnnkɔ ne Sion nnkɔkõ, ɛfiri sɛ Sion ɛmutefoɔ ho yɛ hũ; ɛno nti yɛrenntumi ne wɔn nnko.

71 Na ɛbɛba sɛ wɔbɛboaboa ateneneefoɔ no ano afiri aman nyina ara mu, na wɔbɛba Sion, na wɔbɛto daapem anigyeɛ nnwom.

72 Na afei mese mo sɛ, monkora saa nneɛma yi na ammfiri annkɔ wiase mu kɔsi sɛ ɛbɛfata wɔ me mu, ama moatumi awie adwuma yi wɔ nkorɔfoɔ no ani so, ne mo atamfo ani so, ama wɔannhunu mo nnwuma kɔsi sɛ mobɛwie adeɛ a mahyɛ mo no.

73 Ama berɛ a wɔbɛhunu yei no, wɔadwene saa nneɛma yi ho.

74 Ɛfiri sɛ berɛ a Awurade bɛpue no, ne ho bɛyɛ hu kɛse ama wɔn, ama suro aba wɔn so, na wɔbɛgyina akyirikyiri na wɔn ho apopo.

75 Na aman nyina ara bɛsuro ɛnam Awurade ho hu, ne ne tumi ahoɔden nti. Mpo saa ara. Amen.