Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 63


Ɔfã 63

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, wɔ Ɔsannaa 30, 1831. Na Nkɔmhyɛni no, Sidney Rigdon, ne Oliver Cowdery afiri wɔn nsrahwɛ wɔ Missouri abɛduru Kirtland Ɔsannaa, 27. Joseph Smith abakɔsɛm kasa fa saa adiyisɛm yi ho sɛ, “Wɔ Asɔre no mmɔfrase nna mu no, na asɔremma no wɔ ahopereɛ kɛseɛ sɛ wɔbɛnya Awurade asɛm wɔ biribiara a ɛfa wɔn nkwagyeɛ ho; na esiane sɛ na Sion asase no yɛ honam fam adeɛ a seesei ɛho hia kɛse a wɔredwene ho no nti, mebisaa ahoteɛfoɔ no anoboaboa ho asɛm bi kaa ho firii Awurade hɔ, ne deɛ ɛfa asase no tɔ, ne nsɛm foforɔ ho.”

1–6, Abufuhyeɛ da bɛba atirimuɔdenfoɔ so; 7–12, Nsɛnkyerɛnne nam gyedie so na ɛba; 13–19, Akoma mu awaresɛefoɔ no bɛpa gyedie no akyi na wɔbɛto wɔn atwene ogya tadeɛ no mu; 20, Wɔn a wɔyɛ nokorɛfoɔ bɛnya apɛgyadeɛ wɔ ahosakyera asase no so; 21, Wɔnnya nnaa amaneɛbɔ a ɛdi mu fa nsɛm a esisii wɔ Ahosakyera Bepɔ no so; 22–23, Setiefoɔ no nya ahemman no ahintasɛm; 24–31, Ɛsɛ sɛ wɔtɔ apɛgyadeɛ a ɛwɔ Sion; 32–35, Awurade hyɛ akõ ma atirimuɔdenfoɔ kunkum atirimuɔdenfoɔ; 36–48, Ɛsɛ sɛ Ahoteɛfoɔ boa wɔn ho ano wɔ Sion na wɔma sika de kyekyere Sion; 49–54, Wɔhyɛ nokorɛfoɔ nhyira ho bɔ wɔ Mmaeɛ a Ɛtɔ so Mmienu no, wɔ owusɔreɛ no mu, ne Mfenhyia apem no mu; 55–58, Yei yɛ kɔkɔbɔ da; 59–66, Wɔn a wɔde Awurade din di dwuma wɔ berɛ a wɔnni tumi no bɔ Awurade din kwa.

1 Montie, O mo nnipa, na mommue mo akoma mu na monwɛn mo aso mfiri akyirikyiri; na montie, mo a mofrɛ mo ho Awurade nkorɔfoɔ, na montie Awurade asɛm ne ne pɛ ɛfa mo ho.

2 Aane, nokorɛ, mese, montie deɛ n’abufuo redɛre tia atirimuɔdenfoɔ ne atuatefoɔ no n’asɛm.

3 Ɔno a ne pɛ ne sɛ ɔfa mpo wɔn a ɔbɛfa, na ɔkora wɔ nkwa mu wɔn a ɔbɛkora no;

4 Ɔno a ɔsi wɔ n’ankasa ne pɛ ne n’anika mu; na ɔsɛe berɛ a ɔpɛ, na ɔtumi to ɔkra twene ɔbonsam gya mu no.

5 Hwɛ, Me, Awurade, de me nne kasa, na wɔbɛyɛ setie.

6 Ɛno nti, nokorɛ mese, momma atirimuɔdenfoɔ nhwɛ yie, na momma atuatefoɔ nsuro na wɔn ho mpopo; na annye-anniefoɔ nsɔ wɔn ano, ɛfiri sɛ abufuhyeɛ da no bɛba wɔn so sɛ kyinhyia mframa, na honam nyina ara bɛhunu sɛ mene Onyankopɔn.

7 Na onii a ɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnne no bɛhunu nsɛnkyerɛnne, mmom ɛnnyɛ deɛ ɛkɔ nkwagyeɛ mu.

8 Nokorɛ, mese mo, ebinom wɔ mo mu a wɔhwehwɛ nsɛnkyerɛnne, na ebi atena hɔ saa ara mpo firi mfitiaseɛ no;

9 Nanso, hwɛ, gyedie mmfa nsɛnkyerɛnne so na ɛba, mmom nsɛnkyerɛnne di wɔn a wɔgye die no akyi.

10 Aane, nsɛnkyerɛnne nam gyedie so na ɛba, nnyɛ nnipa pɛ so, anaa sɛdeɛ ɛsɔ wɔn ani, na mmom ɛnam Onyankopɔn pɛ so.

11 Aane, nsɛnkyerɛnne ba nam gyedie so, de kɔ nnwuma akɛseɛ mu, ɛfiri sɛ gyedie nni mu a obi nntumi nnsɔ Onyankopɔn ani; na wɔn a Onyankopɔn bo fu wɔn no, wɔnnsɔ n’ani; ɛno nti, wɔn a wɔte saa no ɔmma wɔn nsɛnkyerɛnne, gye sɛ abufuhyeɛ mu ma wɔn kɔ afɔbuo mu.

12 Ɛno nti, mo mu binom a wɔapɛ nsɛnkyerɛnne ne ahodwirideɛ ansa na wɔagye adie, na wɔannyɛ ampɛ nnipa yieyɛ a ɛbɛhyɛ me animuonyam no, wɔnnsɔ Me, Awurade, ani.

13 Nanso, mema mmaransɛm, na dodoɔ no ara adane wɔn ho afiri me mmaransɛm ho na wɔanni so.

14 Ebinom wɔ mo ntam a wɔyɛ mmarima ne mmaa awaresɛeɛfoɔ; a wɔn mu binom afiri mo mu kɔ, na afoforɔ nso ka mo ho a wɔbɛda wɔn adi akyire yi.

15 Wɔn a wɔte saa no nhwɛ yie na wɔnsakyera ntɛmpa yi ara, anyɛ saa a atemmuo bɛba wɔn so te sɛ fidie a wɔasum, na wɔbɛda wɔn nkwaseasɛm adi, na wɔn nnwuma bɛdi wɔn akyi wɔ nkorɔfoɔ no ani so.

16 Na nokorɛ mese mo, sɛdeɛ maka dada no, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, anaa sɛ, sɛ wɔsɛe awareɛ wɔ wɔn akoma mu a, wɔrennya Honhom no, mmom wɔbɛpa gyedie no akyi na wɔbɛsuro.

17 Ɛno nti, Me, Awurade, maka sɛ ahufoɔ, ne annye-anniefoɔ, ne atorofoɔ nyina ara, ne obibiara a ɔdɔ na ɔyɛ no atorɔ mu, ne adwamanfoɔ, ne ntafowayifoɔ no, bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a ogya ne sɔfe dɛre wɔ mu no mu, deɛ ɛyɛ owuprenu no.

18 Nokorɛ mese, wɔrennya kyɛfa wɔ owusɔreɛ a ɛdi kan no mu.

19 Na afei hwɛ, Me, Awurade, meka kyerɛ mo sɛ monni bem, esiane sɛ saa nneɛma yi wɔ mo ntam.

20 Nanso, deɛ ɔgyina gyedie mu na ɔyɛ m’apɛdeɛ no, ɔno ara bɛdi nkonim, na ɔbɛnya apɛgyadeɛ wɔ asase so berɛ a nsesaeɛ da no bɛba no;

21 Berɛ a wɔbɛsesa asase no, mpo sɛdeɛ nhwɛsoɔ a wɔde kyerɛɛ m’asomafoɔ wɔ bepɔ no so teɛ no; a ɛho amaneɛbɔ no monnya nnyaa ne nyina ara.

22 Na afei, nokorɛ mese mo sɛ, sɛdeɛ mekaa sɛ mɛda me pɛ adi akyerɛ mo no, hwɛ mɛda no adi akyerɛ mo, nnyɛ mmarasɛm kwan so, ɛfiri sɛ pii wɔ hɔ a wɔnnhyɛ no nso nni me mmaransɛm so.

23 Nanso deɛ ɔdi me mmaransɛm soɔ no mɛma no m’ahemman no ahintasɛm no, na ɔno ara bɛnya wɔ ne mu nkwa nsuo abura, a ɛfifiri kɔ daa nkwa mu.

24 Na afei hwɛ, yei ne Awurade wo Nyankopɔn pɛ ɛfa n’ahoteɛfoɔ no ho, sɛ wɔnhyia mmɔ mu wɔ Sion asase so, nnyɛ ntɛmso, ama basabasayɛ amma, deɛ ɛde ɔyaredɔm ba no.

25 Hwɛ, Sion asase no—Me, Awurade, mekura wɔ me nsam;

26 Nanso, Me, Awurade, mede nneɛma a ɛyɛ Kaesare deɛ no ma Kaesare.

27 Ɛno nti, Me Awurade, mɛpɛ sɛ motɔ nsase no, sɛdeɛ mobɛfa wiase ho anya mfasoɔ, ama moatumi adan wiase ka, ama wɔanntumi annunu wɔn abufuo mu.

28 Ɛfiri sɛ Satan de abufuo ahyɛ wɔn akoma mu atia mo, de rekɔ mogyahwiegu mu.

29 Ɛno nti, wɔrennya Sion asase gye sɛ wɔtɔ anaa wɔnam mogya hwieguo so, anyɛ saa a apɛgyadeɛ biara nni hɔ ma mo.

30 Na sɛ monya tɔ a, hwɛ wɔbɛhyira mo;

31 Na sɛ monam mogya hwieguo so a, ɛnam sɛ wɔabra mo sɛ mma monnhwie mogya nngu nti, hwɛ, mo atamfoɔ wɔ mo so, na wɔbɛhwe mo mmaa afiri ahenkuro so akɔ ahenkuro so, na afiri hyiadan mu akɔ hyiadan mu, na kakraabi na wɔbɛgyina anya apɛgyadeɛ.

32 Na Me, Awurade, me bo afu abɔnefoɔ; Meretwe me Honhom afiri asase sotefoɔ mu.

33 Maka ntam wɔ m’abufuo mu, na mahyɛ akokoakoko wɔ asase so, na atirimuɔdenfoɔ bɛkunkum atirimuɔdenfoɔ, na suro bɛba onipa biara so;

34 Na ahoteɛfoɔ no remmfiri mu koraa; nanso, Me, Awurade, meka wɔn ho, na mɛfiri m’Agya anim wɔ ɔsoro aba fam wɔ wɔn ntam na mede ogya a ɛnnum da bɛhye atirimuɔdenfoɔ no.

35 Na hwɛ, yei nnya nnuruuiɛ, nanso ɛrennkyɛ.

36 Ɛno nti, esiane sɛ Me, Awurade mahyɛ saa nneɛma nyina ara wɔ asase so no, mɛpɛ sɛ m’ahoteɛfoɔ no bɛhyia abɔ mu wɔ Sion asase so;

37 Na onipa biara mfa tenenee wɔ ne nsam ne nokorɛdie mmɔ n’asene mu, na ɔmma kɔkɔbɔ nne so nkyerɛ asase sotefoɔ; na wɔmfa asɛm no nto dwa wɔ adwane so sɛ amanfoyɛ bɛba atirimuɔdenfoɔ so.

38 Ɛno nti, momma m’asuafoɔ a wɔte saa afuo yi mu wɔ Kirtland no nhyehyɛ nneɛma a ɛhia wɔn wɔ honam fam.

39 Momma m’akoa Titus Billings, a ɔhwɛ so no, ntɔn asase no, ama wasiesie ne ho atu kwan fefɛ berɛ mu akɔ Sion asase so, ɔne wɔn a wɔte hɔ no, gye sɛ wɔn a mɛkora ama me ara me ho, wɔn a wɔrennkɔ kɔsi sɛ mɛhyɛ wɔn no.

40 Na momma sika a wɔbɛtumi de ama nyina ara no, ɛmmfa me ho sɛ ɛsua anaa ɛdɔɔso, wɔmfa nkɔ Sion asase so, nkɔma wɔn a mayi wɔn sɛ wɔnnye no.

41 Hwɛ, Me, Awurade, mɛma m’akoa Joseph Smith, Jun., tumi ama ɔnam Honhom no so atumi ahunu wɔn a wɔbɛkɔ Sion asase so, ne m’asuafoɔ a wɔbɛka no.

42 Momma m’akoa Newel K. Whitney nkora n’adwadidan no, anaa nsɛm foforɔ mu no, adwadidan no, wɔ mmerɛ tiawa bi mu.

43 Nanso, momma ɔmfa sika a ɔbɛtumi ayi ama nyina ara mma, na wɔmfa nkɔ Sion asase so.

44 Hwɛ, saa nneɛma yi wɔ ɔno ara ankasa nsam, momma ɔnyɛ no sɛdeɛ ne nyansa teɛ.

45 Nokorɛ mese, momma wɔnyi no ananmusini mma akyidifoɔ a wɔbɛka no, na momma wɔnhyɛ no sɔfoɔ mma saa tumi yi;

46 Na afei, ntɛmpa yi ara ɔnkɔsra nsɔre no, ɔnkyerɛkyerɛ saa nneɛma yi ase nkyerɛ wɔn, ɔne m’akoa Oliver Cowdery. Hwɛ, yei ne me pɛ, sɛ wɔbɛnya sika mpo tesɛ deɛ makyerɛ no.

47 Deɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ na ɔgyina mu no bɛdi wiase so nkonim.

48 Deɛ ɔsoma de ademudeɛ kɔ Sion asase so no bɛnya apɛgyadeɛ wɔ wiase yi mu, na ne nnwuma bɛdi n’akyi, ɛne akatua nso wɔ wiase a ɛbɛba no mu.

49 Aane, na nhyira ne awufoɔ a wɔwu wɔ Awurade mu, firi nnɛ rekorɔ, berɛ a Awurade bɛba, na nnɛema dada bɛtwam akɔ, na nneɛma nyina ara abɛyɛ foforɔ no, wɔbɛsɔre afiri awufoɔ mu na akyire yi wɔrennwu, na wɔbɛnya apɛgyadeɛ wɔ Awurade anim, wɔ Kuro kronkron no mu.

50 Na deɛ ɔte aseɛ berɛ a Awurade bɛba no, na wakora gyedie no, nhyira ne no; nanso, wɔahyehyɛ ama no sɛ ɔwu wɔ onipa mfeɛ so.

51 Ɛno nti, mmɔfra bɛnyini kɔsi sɛ wɔbɛyɛ mpaninfoɔ; nnipa a wɔanyini bɛwu; nanso wɔrenna mfuturo mu, mmom wɔbɛsesa wɔ anibuo baako mu.

52 Ɛno nti, yei nti na asomafoɔ no kaa owusɔreɛ ho asɛm kyerɛɛ wiase no.

53 Saa nneɛma yi ne nneɛma a ɛsɛ sɛ mohwehwɛ; na, sɛdeɛ Awurade kaae no, yeinom abɛn pa ara, na ɛbɛba berɛ bi a ɛreba, mpo wɔ da no a ɛyɛ Onipa Ba no mmaeɛ no.

54 Na kɔsi saa dɔnhwere no mmaabunu nkwaseafoɔ bɛba mmadwemma ntam; na saa dɔnhwere no de ntetemu korakora bi bɛba ateneneefoɔ ne atirimuɔdenfoɔ ntam; na saa da no mu no mɛsoma m’abɔfoɔ abɛyiyi atirimuɔdenfoɔ ato wɔn agu ogya a ɛnnum da mu.

55 Na afei hwɛ, nokorɛ mese mo, Sidney Rigdon nnsɔ Me, Awurade, m’ani; ɔmaa ne ho so wɔ n’akoma mu, na wannye afotuo, mmom ɔhyɛɛ Honhom no awerɛhoɔ;

56 Ɛno nti deɛ watwerɛ no Awurade nnye nnto mu, na ɔbɛyɛ foforɔ; na sɛ Awurade annye a, hwɛ ɔrennyina ne gyinabea a mayi ama no no bio.

57 Na bio, nokorɛ mese mo, wɔn a wɔpɛ wɔ wɔn akoma mu, wɔ ɔdwoɔ mu, sɛ wɔbɛbɔ abɔnefoɔ kɔkɔ akɔ nsakyeraeɛ mu no, momma wɔmfa saa tumi yi nhyɛ wɔn.

58 Ɛfiri sɛ yei yɛ kɔkɔbɔ da, na ɛnnyɛ da a ɛyɛ nsɛm bebree. Ɛfiri sɛ, Me, Awurade, ɛnni sɛ wɔsi me atwetwe wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu.

59 Hwɛ, Mefiri soro, na me tumi wɔ aseɛ. Medi ade nyina ara so, nae mewɔ ade nyina ara mu, na mefa ade nyina ara mu, na mepeepee ade nyina ara mu, na da no reba a nneɛma nyina ara bɛhyɛ m’ase.

60 Hwɛ, Mene Alfa ne Omega, mpo Yesu Kristo.

61 Ɛno nti, nnipa nyina ara nhwɛ yie wɔ sɛdeɛ a wɔde me din to wɔn ano no—

62 Ɛfiri sɛ hwɛ, nokorɛ mese, bebree wɔ hɔ a wɔwɔ saa afɔbuo yi ase, a wɔbɔ Awurade din, na wɔbɔ no kwa, a wɔnni tumi biara.

63 Ɛno nti, momma asɔre no nsakyera mfiri wɔn bɔne ho, na Me, Awurade, wɔbɛyɛ me dea; anyɛ saa a wɔbɛtwa wɔn atwene.

64 Monkae sɛ deɛ afiri soro ba no yɛ kronkron, na ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyie ka, ne ɔhyɛ a afiri Honhom no; na yei mu deɛ afɔbuo biara nnim, na monya Honhom no nam mpaebɔ so; ɛno nti, yei nnim a afɔbuo na ɛbɛka.

65 Momma me nkoa, Joseph Smith, Jun., ne Sidney Rigdon, nhwehwɛ fie mma wɔn ho, sɛdeɛ Honhom no kyerɛkyerɛ wɔn fa mpaebɔ so no.

66 Aka sɛ wɔbɛdi saa nneɛma yinom so nkonim nam aboterɛ so, ama saa nnipa no anya ɛnni awieɛ animuonyam a ɛyɛ duru no, anyɛ saa a, ɛbɛyɛ afɔbuo kɛseɛ. Amen.