Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 9


Ɔfã 9

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so maa Oliver Cowdery, wɔ Harmony, Pennsylvania, Oforisuo 1829. Oliver nyaa afotuo sɛ ɔnya aboterɛ, na wɔhyɛɛ no sɛ ɔmma n’ani nsɔ sɛ, saa berɛ yi mu no, ɔbɛtwerɛ asekyerɛfoɔ no katwerɛ no, kyɛn sɛ ɔbɛkyerɛ aseɛ ahwɛ.

1–6, Tete twerɛtohɔsɛm foforɔ a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ aseɛ; 7–14, Mormon Nwoma no nkyerɛaseɛ nam adesua ne sɛ honhom no bɛsi so dua.

1 Hwɛ, mese wo, me babarima, sɛ ɛnam sɛ woannkyerɛ aseɛ sɛdeɛ na worepɛ afiri me hɔ no, na wohyɛɛ aseɛ san twerɛɛ bio maa m’akoa Joseph Smith, Jun., ɛno nti mɛpɛ sɛ wobɛtoa so akɔsi sɛ wobɛwie saa twerɛtohɔ yi, deɛ mede ahyɛ ne nsa no.

2 Na akyire yi, hwɛ, mewɔ twerɛtohɔsɛm foforɔ a, mɛma wo tumi sɛ wobɛboa akyerɛ aseɛ.

3 Nya aboterɛ, me babarima, ɛnam sɛ ɛyɛ nyansa ma me, na ɛho nnhia sɛ wobɛkyerɛ aseɛ wɔ saa berɛ yi mu.

4 Hwɛ, adwuma a mafrɛ wo sɛ yɛ ne sɛ wobɛtwerɛ ama m’akoa Joseph.

5 Na, hwɛ, ɛsiane sɛ woanntoa so annkyerɛ aseɛ sɛdeɛ wohyɛɛ aseɛ no nti, magye saa adom no afiri wo hɔ.

6 Nwiinwii, me babarima, ɛnam sɛ ɛyɛ nyansa ma me sɛ mede wo afa saa kwan yi so.

7 Hwɛ, woannte aseɛ; wosusuu sɛ mede bɛma wo, berɛ a wonnwenee ho ɛka sɛ wobisa me pɛ.

8 Nanso, hwɛ, mese wo, sɛ ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu wɔ w’adwene mu; afei ɛsɛ sɛ wobisa me sɛ ɛyɛ ne kwan so, na sɛ ɛyɛ ne kwan so a mɛma wo koko ayɛ hye wɔ wo mu; ɛno nti, wobɛnya atenka sɛ ɛyɛ ne kwan so.

9 Na sɛ ɛnyɛ ne kwan so a worennya saa atenka no, mmom w’adwene mu bɛyɛ wo nnaa na ɛbɛma wo werɛ afiri deɛ ɛyɛ mfomsoɔ no; ɛno nti, wonntumi nntwerɛ deɛ ɛyɛ kronkron gye sɛ wɔde ama wo firi me hɔ.

10 Afei, sɛ na wonim yei a anka wotumi kyerɛɛ aseɛ; nanso, ɛnnhia mma wo sɛ wokyerɛ aseɛ seesei.

11 Hwɛ, na ɛho hia berɛ a wohyɛɛ aseɛ no; nanso wosurooɛ, na berɛ no atwa mu, nti ɛho nhia seesei;

12 Na, wonnhunu sɛ mede ahoɔden a ɛhia ama m’akoa Joseph a, ɛnam so ɔde kyerɛ aseɛ anaa? Na mo mu biara nni hɔ a mabu no fɔ.

13 Yɛ saa adeɛ yi a mahyɛ wo yi, na wobɛdi yie. Yɛ nokorɛfoɔ, na nnyae wo ho mma sɔhwɛ biara.

14 Gyina pintinn wɔ adwuma a mafrɛ wo wɔ mu no, na wotiri so nwii baako mpo rennyera, na wɔbɛma wo so da a ɛtwa toɔ no. Amen.