Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 87


Ɔfã 87

Ɔko ho adiyisɛm ne nkɔmhyɛ, a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ anaa baabi a ɛbɛn Kirtland, Ohio, Ɔpɛnimma 25, 1832. Saa berɛ yi na akyinnyeɛ rekɔso wɔ Amerika Man mu ɛfa nnɔnkɔ ho ne twa a South Carolina atwa ɔman no toɔ no mu. Joseph Smith abakɔsɛm kyerɛ sɛ “ɔhaw a ɛfiri baae wɔ aman mu” no “bɛdaa adi pa ara maa Nkɔmhyɛni no “kyɛnn sɛdeɛ na ɛteɛ kane no, firi berɛ a Asɔre no hyɛɛ n’akwantuo ase wɔ ɛserɛ so no.”

1–4, Wɔhyɛ ɔkõ a ɛbɛba Atifi fam Aman ne Anaafoɔ fam Aman ntam no ho nkɔm; 5–8, Ɔsɛeɛ kɛseɛ bɛba asase sotefoɔ nyina ara so.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie ɛfa ako a ɛrennkyɛ ɛbɛba no ho, ɛbɛhyɛ aseɛ afiri South Carolinafoɔ atuateɛ so, a akyire yi ɛde owuo ne amanehunu bɛtwa akra pii so;

2 Na berɛ no bɛba a wɔbɛhwie ɔkõ agu aman nyina ara so, na ɛbɛhyɛ aseɛ afiri saa bea yi.

3 Na hwɛ, Anaafoɔ fam Aman bɛkyɛ wɔn mu atia Atifi fam Aman no, na Anaafoɔ fam Aman no bɛfrɛ aman foforɔ, mpo ɔman Great Britain, sɛdeɛ wɔfrɛ no no, na wɔn nso bɛfrɛ aman foforɔ, sɛdeɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ban afiri aman foforɔ ho; na afei ɔkõ bɛhwie agu aman nyina ara so.

4 Na ɛbɛba sɛ, nna bebree akyi no, nnɔnkɔfoɔ no bɛsɔre atia wɔn wuranom, na wɔbɛboaboa wɔn ano atete wɔn akɔ kõ.

5 Na ɛbɛba nso sɛ nkaeɛ a wɔaka wɔ asase no so no bɛboaboa wɔn ho, na wɔn bo bɛfu pa ara, na wɔde ɔhaw yaayaa bɛha Amanamanmufoɔ no.

6 Na saa na asase sotefoɔ nam afena ne mogyahwiegu so bɛsu; na wɔde ɔkɔm, ne yaredɔm, ne asasewosoɔ, ne ɔsoro aprannaa, ne anyinam werɛmfoɔ a ɛhyerɛn yie nso, bɛma asase sotefoɔ ahunu Otumfoɔ Nyankopɔn abufuhyeɛ, ne n’abuhuro, ne n’asotwe nsa, kɔsi sɛ ɔsɛeɛ a wɔahyɛ no de aman nyina ara awieɛ bɛba;

7 Sɛdeɛ ahoteɛfoɔ no nteamu, ne ahoteɛfoɔ no mogya, bɛgyae sɛ ɛforo ba Sabaot Awurade aso mu firi asase so, sɛ wɔntɔ wɔn atamfo so werɛ.

8 Ɛno nti monyina mmeammea kronkron mu, na mma monnhinhim, kɔsi sɛ Awurade da no bɛba; ɛfiri sɛ hwɛ, ɛreba mpofirim, Awurade na ɔseɛ. Amen.