Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 38


Ɔfã 38

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Fayette, New York, Ɔpɛpɔn 1831. Na saa berɛ no yɛ Asɔre no nhyiamu.

1–6, Kristo na ɔbɔɔ nneɛma nyina ara; 7–8, Ɔwɔ N’Ahoteɛfoɔ no mfinimfini, wɔn a ɛrennkyɛre wɔbɛhunu No; 9–12, Honam nyina ara aporɔ wɔ N’anim; 13–22, Wakora bɔhyɛ asase ama N’ahoteɛfoɔ wɔ mmerɛ yi ne daapem mu; 23–27, Wɔhyɛ Ahoteɛfoɔ no sɛ wɔnyɛ baako na wɔmmu wɔn ho wɔn ho sɛ anuanom; 28–29, Wɔhyɛ akõ ho nkɔm; 30–33, Wɔbɛma Ahoteɛfoɔ no tumi afiri soro na wɔbɛkɔ aman nyina ara mu; 34–42, Wɔhyɛ Asɔre no sɛ wɔnhwɛ onnibiefoɔ ne ahiafoɔ na wɔnhwehwɛ daapem ahonyadeɛ.

1 Sɛdeɛ Awurade wo Nyankopɔn seɛ nie, mpo Yesu Kristo, MeNE Kokuroko no, Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieɛ, no, ɔno ara a ɔhwɛɛ mmerɛsanten wiem tɛtrɛtɛ so, ne ɔsoro serafik dɔm nyina ara so, ansa na wɔreyɛ wiase no;

2 Ɔno ara a ɔnim nneɛma nyina ara no, ɛfiri sɛ nneɛma nyina ara da m’anim;

3 Mene deɛ ɔkasaae na wiase baae no, na nneɛma nyina ara nam me so na ɛbaae.

4 Me na mafa Henok Sion akɔ me ara me koko mu; na nokorɛ, mese, mpo dodoɔ a wɔagye me din adie no, ɛfiri sɛ mene Kristo, na me ara me din mu, ne mogya a mahwie agu nti no, madi ama wɔn wɔ Agya no anim.

5 Nanso hwɛ, wɔn a wɔaka a wɔyɛ adebɔneyɛfoɔ no, mede wɔn ato nkɔnsɔnkɔnsɔn mu kɔsi atemmuda kɛseɛ no, a ɛbɛba wɔ asase awieɛ no;

6 Na saa ara na mɛyɛ de otirimuɔdenfoɔ no asie, wɔn a wɔrenntie me nne, na mmom wɔyɛ wɔn akoma den no, na mmusuo, mmusuo, mmusuo ne wɔn awieɛ.

7 Nanso hwɛ, nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ m’ani wɔ mo so. Mewɔ mo mu nanso monntumi nnhu me;

8 Nanso ɛrennkyɛ da no bɛba a mobɛhunu me, na mobɛhunu sɛ mete ase; ɛfiri sɛ ɛrennkyɛ, wɔbɛte esum nkataanim no mu, na deɛ ne ho nnte no renntumi nnyina da no.

9 Ɛno nti, mommɔ mo asene mu na monsiesie mo ho. Hwɛ, ahemman no wɔ mo, na ɔtamfoɔ no renni nkonim.

10 Nokorɛ mese mo sɛ, moho te, nanso ɛnnyɛ mo nyina ara; na nnipa kuo foforɔ biara nni hɔ a wɔsɔ m’ani yie;

11 Ɛfiri sɛ honam nyina ara aporɔ wɔ m’anim; na esum mu tumidie redi asase no so, wɔ nnipa mma ntam, wɔ soro asafo nyina ara anim—

12 Yei ama kommyɛ adi hene, na mmerɛsanten nyina ara di yaw, na abɔfoɔ no retwɛn ɔhyɛ asɛm kɛseɛ no sɛ wɔntwa wɔ asase no so, ama wɔaboaboa wura no ano na wɔahye no; na, hwɛ, atamfo no aka wɔn ho abɔ mu.

13 Na afei merekyerɛ mo ahintasɛm bi, kokoa mu biribi a wɔreyɛ wɔ pia mu, a wɔde bɛba mpo mo sɛeɛ wɔ mmerɛ kakra akyi, nanso monnim;

14 Nanso mereka akyerɛ mo, na wɔahyira mo, ɛnnyɛ mo amumuyɔ nti, anaa mo annye annie akoma nti; ɛfiri sɛ, nokorɛ, momu binom di fɔ wɔ m’anim, nanso m’anya ahummɔborɔ ama mo mmerɛyɛ.

15 Ɛno nti, monyɛ den mfiri saa berɛ yi de rekorɔ; mma monnsuro, ɛfiri sɛ ahemman no yɛ mo dea.

16 Na mo nkwagyeɛ nti na mema mo saa mmarasɛm yi, ɛfiri sɛ mate mo mpaebɔ, na ahiafoɔ anwiinwii wɔ m’anim, na adefoɔ no me na mabɔ wɔn, na akra nyina ara wɔ me, na mennyɛ nnipa mu nhwehwɛmu.

17 Na mayɛ asase frɔmfrɔm, na hwɛ ɛyɛ me nan ntiasoɔ, ɛno nti, mɛgyina so bio.

18 Na metene me nsa, na ɛyɛ me pɛ sɛ mɛma mo ahonyadeɛ mmorosoɔ, mpo bɔhyɛ asase, asase a nufusuo ne ɛwoɔ sene wɔ so, deɛ nnome biara remma so berɛ a Awurade bɛba no;

19 Na mede bɛma mo sɛ mo apɛgyadeɛ asase, sɛ mode mo akoma nyina ara hwehwɛ a.

20 Na yei bɛyɛ m’apam ama mo, mobɛnya no sɛ mo apɛgyadeɛ asase, ama ayɛ mo mma apɛgyadeɛ afebɔɔ, mmerɛ dodoɔ a asase yi bɛwɔ hɔ, na ɛbɛyɛ mo dea bio wɔ mmerɛsanten mu, na ɛrenntwa mu da.

21 Nanso, nokorɛ mese mo sɛ berɛ no bɛba a morennya ɔhene anaa sodifoɔ biara, ɛfiri sɛ mɛyɛ mo hene na mɛhwɛ mo so.

22 Ɛno nti, montie me nne na monni m’akyi, na mobɛyɛ nkorɔfoɔ a wɔade wɔn ho, na morennya mmara biara gye sɛ me mmara berɛ a mɛba no, ɛfiri sɛ mene mo mmarahyɛfoɔ, na deɛn na ɛbɛtumi asi me nsa ho kwan?

23 Nanso, nokorɛ mese mo, monkyerɛkyerɛ mo ho mo ho sɛdeɛ mo dibea a mede ama mo no teɛ;

24 Na ma onipa biara mmu ne nua sɛ ɔno ara ne ho, na ɔmfa ahonidie ne kronkronyɛ nni dwuma wɔ m’anim.

25 Na bio mese mo, ma onipa biara mmu ne nua sɛ ɔno ara ne ho.

26 Na Onipa bɛn na ɔwɔ mo ntam a ɔwɔ mma mmarima dumienu, na ɔnnyɛ wɔn mu nyiyimu, na sɛ wɔsom no setie mu a, ɔbɛka akyerɛ baako sɛ: Fa ataadeɛ pa hyɛ na tena ha; na ɔse ɔfoforɔ sɛ: Fa ataade fi hyɛ na tena hɔ—na ɔbɛhwɛ ne mma mmarima no na waka sɛ metene?

27 Hwɛ, mede yei ama mo sɛ abɛbuo, na mpo ɛte sɛ deɛ meteɛ. Mese mo sɛ, monyɛ baako; na sɛ moannyɛ baako a monnyɛ me dea.

28 Na bio, mese mo sɛ ɔtamfo no a ɔwɔ pia kokoa mu no rehwehwɛ mo nkwa.

29 Mote ako ho nsɛm wɔ akyirikyiri aman mu, na moka sɛ ɛrennkyɛre ako akɛseɛ bɛsi wɔ akyirikyiri aman mu, nanso monnin nnipa a wɔn wɔ mo ara mo asase so akoma mu.

30 Meka saa nneɛma yinom kyerɛ mo esiane mo mpaebɔ nti; ɛno nti, monkora nyansa wɔ mo koko mu, anyɛ saa a nnipa amumuyɔ bɛda saa nneɛma yinom adi akyerɛ mo nam wɔn amumuyɔ so, wɔ yɔbea bi a ɛde nne kɛseɛ a ɛkyɛn deɛ ɛbɛwoso asase no akasa agu mo aso mu; nanso sɛ moasiesie mo ho a morennsuro.

31 Na saa mobɛtumi adwane ɔtamfo no tumi no, na mobɛboaboa nkorɔfoɔ a wɔtene ano ama me, wɔn a wɔnni nkekaawa na wɔnni fɔ—

32 Ɛno nti, ɛnam saa asɛm yi nti na memaa mo mmarasɛm sɛ ɛwɔ sɛ mokɔ Ohio; na ɛhɔ na mɛma mo me mmara; na ɛhɔ mobɛnya ɔsoro akyɛdeɛ.

33 Na ɛfiri hɔ a, obibiara a mɛpɛ no bɛkɔ aman nyina ara ntam, na wɔbɛka akyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ; ɛfiri sɛ mede adwuma kɛseɛ bi asie ato hɔ, na wɔbɛgye Israel nkwa, na mɛdi wɔn kan akɔ baabibiara a mepɛ, na tumi biara rennsi me nsa ho kwan.

34 Na afei, mema asɔre no a ɛwɔ saa mmeammea yi mmarasɛm bi, sɛ wɔnyi wɔn mu nnipa binom, na wɔmfa asɔre no nne so nyi wɔn;

35 Na wɔbɛhwɛ onnibiefoɔ ne ahiafoɔ, na wɔama wɔn mmoa sɛdeɛ wɔmmrɛ; na wɔde wɔn akɔ bea a mɛhyɛ wɔn;

36 Na yei bɛyɛ wɔn adwuma, sɛ wɔbɛhwɛ adwuma a ɛfa asɔre agyapadeɛ ho.

37 Na wɔn a wɔn wɔ mfuo a wɔrenntumi nntɔn no, wɔmma wɔnnya nto hɔ anaa wɔmfa mma obi na ɔnyɛ so adwuma, sɛdeɛ ɛyɛ ma wɔn.

38 Monhwɛ sɛ wɔbɛkora nneɛma nyina ara; na sɛ wɔma nnipa tumi firi soro na wɔsoma wɔn kɔ a, saa nneɛma yinom nyina ara no, wɔaboaboa ano agu asɔre no koko mu.

39 Na sɛ mohwehwɛ ahonyadeɛ a ɛyɛ Agya no pɛ sɛ ɔde ma mo a, mobɛyɛ adefoɔ pa ara wɔ nnipa nyina ara mu, ɛfiri sɛ mobɛnya daapem ahonyadeɛ; ɛyɛ nsɛnnahɔ sɛ asase so ahonyadeɛ yɛ me dea sɛ mede ma; monhwɛ yie wɔ ahantan ho, anyɛ saa a mobɛyɛ tesɛ tete Nifaefoɔ no.

40 Na bio, mese mo sɛ, mema mo mmarasɛm, sɛ nipa biara, ɔpanin, ɔsɔfoɔ, ɔkyerɛkyerɛni, ne asɔreba biara, mfa n’ahoɔden ne ne nsa ano adwuma nkɔ, na ɔmfa nsiesie ne ho na ɔnwie nneɛma a mahyɛ no.

41 Na momma mo nsɛmpaka nyɛ kɔkɔbɔ nne, nipa biara nka nkyerɛ ne yɔnko, wɔ anidwo ne ɔdwoɔ mu.

42 Na momfiri adebɔnyɛfoɔ mu nkɔ. Monnye mo ho. Momma mo ho nte, mo a mosoa Awurade adwinnwuma no. Mpo saa ara. Amen.