Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 41


Ɔfã 41

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Asɔre no, wɔ Kirtland, Ohio, Ogyefuo 4 1831. Saa adiyisɛm yi kyerɛ Nkɔmhyɛni no ne Asɔre mpanimfoɔ sɛ wɔmmɔ mpaeɛ mfa nnya Onyankopɔn “mmara” (hwɛ ɔfã 42). Na Joseph Smith firii New York bɛduruu Kirtland nkyɛreeɛ, na Leman Copley, a ɔyɛ asɔreba wɔ Thompson, Ohio, a ɛbɛn no, “asrɛ Onua Joseph ne Sidney [Rigdon] … sɛ wɔne no ntena na ɔbɛma wɔn afie ne aduane.” Adiyisɛm a ɛdi soɔ yi ma nkyerɛmu fann fa baabi a ɛwɔ sɛ Joseph ne Sidney tena na ɛsan nso frɛ Edward Patridge sɛ ɔnyɛ Asɔre no hwɛfoɔ a ɔdi kan.

1–3, Mpaninfoɔ no de adiyisɛm honhom na wɔde bɛhwɛ Asɔre no so; 4–6, Akyidifoɔ nokorɛfoɔ bɛgye Awurade mmara no na wɔbɛdi so; 7–12, Wɔfrɛ Edward Partridge sɛ Asɔre no hwɛfoɔ.

1 Monyɛ aso na montie, O me nkorɔfoɔ, Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ, mo a ɛyɛ me anigyeɛ sɛ mede nhyira a ɛkyɛn nhyira biara bɛhyira mo, mo a moretie me; na mo a morenntie me a mobɔ me din detu mo ho no, mede nnome a ɛkyɛn nnome biara bɛdome mo.

2 Montie, O mo, m’asɔre mpaninfoɔ a mafrɛ mo, hwɛ mema mo mmarasɛm sɛ monhyia mmɔ mu na moadwene nkɔ bɛnkorɔ mu wɔ m’asɛm ho;

3 Na ɛnam mo gyedie mpaebɔ so mobɛnya me mmara, sɛdeɛ mobɛhunu kwan a mobɛfa so de ahwɛ m’asɔre so, na moanya nneɛma nyina ara ma atene wɔ m’anim.

4 Na mɛyɛ mo sodifoɔ berɛ a mɛba no; na hwɛ, mereba mpofirim, na monhwɛ nni me mmara so.

5 Ɔno a ɔgye me mmara na ɔdi so no yɛ me kyidifoɔ; na deɛ ɔgye me mmara na ɔnni so no nnyɛ me kyidifoɔ, na ɛsɛ sɛ wɔyi no adi firi mo mu.

6 Ɛsiane sɛ ɛmmfata sɛ wɔde nneɛma a ɛyɛ ahemman no mma dea bɛma wɔn a wɔn ho nnte, anaa wɔde ma nkraman, anaa wɔto abohene gu mprako anim.

7 Na bio, ɛfata sɛ m’akoa Joseph Smith, Jun., wɔsi dan ma no, faako a ɔbɛtena na wakyerɛ nwoma no ase.

8 Na bio, ɛfata sɛ m’akoa Sidney Rigdon bɛtena ase sɛdeɛ ɛyɛ ma no, mmerɛ dodoɔ a ɔbɛdi me mmaransɛm so no.

9 Na bio, mafrɛ m’akoa Edward Partridge; na mema no mmarasɛm, sɛ wɔmfa asɔre no nne so nyi no, na wɔnhyɛ no hwɛfoɔ mma asɔre no, na ɔnnya n’adwuma nto hɔ na ɔmfa ne mmerɛ nyina ara nyɛ asɔre adwuma.

10 Na ɔnhwɛ nneɛma biara a wɔbɛyi de ama no wɔ me mmara mu so, wɔ da a mede bɛma no no mu.

11 Na yei esiane sɛ n’akoma mu te wɔ m’anim, ɛfiri sɛ ɔte sɛ tete Natanael, a nnaadaa nni ne mu no.

12 Wɔde saa nsɛm yi ama mo, na ɛho te wɔ m’anim; ɛno nti, monhwɛ yie wɔ sɛdeɛ mobɛsɔ mu ho, ɛfiri sɛ mo akra bɛyi ano atemmuo da no. Mpo saa ara. Amen.