Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 55


Ɔfã 55

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa William W. Phelps, wɔ Kirtland, Ohio, Ayɛwohomumɔ 14, 1831. Nã William W. Phelps, a na ɔyɛ nwoma tintimfoɔ, ne n’abusua abɛduru Kirtland berɛ tiawa bi mu, na Nkɔmhyɛni no hwehwɛɛ Awurade hɔ adwene ɛfa ne ho.

1–3, Wɔfrɛ William W. Phelps na wɔpaw no sɛ wɔmmɔ no asu, na wɔnhyɛ no sɔfoɔ sɛ ɔpanin, na ɔnka asɛmpa no; 4, Ɛwɔ sɛ ɔtwerɛ nwoma nso ma mmɔfra a wɔn wɔ Asɔre sukuu mu; 5–6, Ɛwɔ sɛ ɔtu kwan kɔ Misssouri, ɛhɔ na ɔbɛyɛ n’adwuma.

1 Hwɛ, sei na Awurade se wo, m’akoa William, aane, mpo asase nyina ara Wura no, wɔafrɛ wo na wɔapaw wo; na wɔde nsuo abɔ wo asu akyire yi no, a sɛ wode ani korɔ yɛ ma m’animuonyam a, wobɛnya wo bɔne fafiri na woanya Honhom Kronkron no nam nsa a wɔde gu soɔ no so.

2 Na afei wɔnam m’akoa Joseph Smith, Jun., nsa so bɛhyɛ wo sɔfoɔ ma woabɛyɛ ɔpanin ama saa asɔre yi, sɛdeɛ wobɛka nsakyeraeɛ ne bɔne fafiri ho asɛm nam asubɔ so wɔ Yesu Kristo, Onyankopɔn teasefoɔ Ba no din mu.

3 Na obibiara a wode wo nsa bɛgu no so no, sɛ waboto wɔ m’anim a, wobɛnya tumi ama no Honhom Kronkron no.

4 Na bio, wɔbɛhyɛ wo sɔfoɔ ama woaboa m’akoa Oliver Cowdery wɔ sukuu a ɛwɔ asɔre yi mu no nwoma tintim ne nyiyimu, ne ne twerɛ, ama mmɔfra nketewa nso anya nkyerɛkyerɛ wɔ m’anim sɛdeɛ ɛsɔ m’ani.

5 Na bio, nokorɛ mese wo, ɛnam yei nti wone me nkoa Joseph Smith, Jun., ne Sidney Rigdon bɛtu mo kwan ama wɔatumi adua wo wɔ w’apɛgyadeɛ asase so ama woayɛ saa adwuma yi.

6 Na bio, ma m’akoa Joseph Coe nso ne wɔn ntu ne kwan. Wɔbɛda nkaeɛ no adi akyire yi, mpo sɛdeɛ mepɛ. Amen.