Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 77


Ɔfã 77

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no, wɔ Hiram, Ohio, bɛyɛ Ɔbɛnem 1832. Joseph Smith abakɔsɛm kyerɛ sɛ, “Twerɛsɛm no nkyerɛaseɛ ntoto ho mu no, menyaa nkyerɛkyerɛmu a ɛdisoɔ yi ɛfa Ɔhoteɛfoɔ Yohane Adiyisɛm no ho”.

1–4, Mmoa wɔ ahonhom na wɔbɛtena ase wɔ ahotɔ a ɛnni awieɛ mu; 5–7, Saa asase yi wɔ asetena tiawa a ɛyɛ mfeɛ 7,000 mu; 8–10, Abɔfoɔ ahodoɔ de asɛmpa no san ba bio na wɔsom wɔ asase so; 11, 144,000foɔ no nsɔano; 12–14, Kristo bɛba mfeɛ a ɛtɔ so mpem nson no ahyɛaseɛ mu; 15, Wɔbɛfrɛ nkɔmhyɛfoɔ baanu wɔ Yudafoɔ man mu.

1 ASƐMMISA. Deɛn ne ahwehwɛ po no a Yohane kaa ho asɛm, wɔ Adiyisɛm ti nnan, ne nkyekyɛmu nsia no?MMUAEƐ. Ɛyɛ asase no, wɔ n’ahoteɛ mu, ɔnnwuo, ne ɛnni awieɛ tebea mu.

2 ASƐMMISA. Deɛn na ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ fa mmoa nnan, a wɔka wɔn ho asɛm wɔ saa nkyekyɛmu no ara mu no?MMUAEƐ. Ɛyɛ kasayima, a Yohane, Odiyifoɔ no, de kyerɛkyerɛɛ ɔsoro mu, Onyankopɔn paradise, onipa, ne mmoa, ne mmoa a wɔwea, ne ewiem nnomaa anigyeɛ mu; deɛ ɛyɛ honhom no yɛ deɛ ɛyɛ honam no nsɛsoɔ; na deɛ ɛyɛ honam no yɛ deɛ ɛyɛ honhom no nsɛsoɔ; onipa honhom yɛ ne honamdua nsɛsoɔ, saa ara nso na aboa honhom teɛ, ne abɔdeɛ foforɔ biara a Onyankopɔn abɔ.

3 ASƐMMISA. So mmoa nnan no gyina hɔ ma mmoa ankorɛankorɛ nnan pɛ, anaa wɔgyina hɔ ma akuokuo anaa nhyehyɛeɛ?MMUAEƐ. Wɔyɛ mmoa ankorɛankorɛ nnan, a wɔde kyerɛɛ Yohane, a wɔgyina hɔ ma ateasefoɔ akuoakuo no animuonyam wɔ wɔn hyɛbrɛ nhyehyɛeɛ anaa abɔdeɛ atenaeɛ mu, wɔ wɔn ɛnni awieɛ anigyeɛ mu.

4 ASƐMMISA. Sɛn na ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ fa ani ne ntaban, a na mmoa no wɔ?MMUAEƐ. Wɔn ani no gyina hɔ ma hann ne nimdeɛ, a ɛkyerɛ sɛ, nimdeɛ ahyɛ wɔn mã; na wɔn ntaban no gyina hɔ ma tumi, a wɔde di akɔneaba, de di dwuma, ne deɛ ɛkeka ho.

5 ASƐMMISA. Sɛn na ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ fa mpaninfoɔ aduonu nan no, a Yohane kaa wɔn ho asɛm no?MMUAEƐ. Ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ sɛ, saa mpaninfoɔ a Yohane hunuu wɔn no, yɛ mpaninfoɔ a na wɔyɛ nokorɛfoɔ wɔ ɔsom adwuma no mu a wɔawuwuo; wɔn a na wɔka asafo nson no ho, a na saa berɛ no wɔn wɔ Onyankopɔn paradise hɔ.

6 ASƐMMISA. Deɛn na ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ fa nwoma a Yohane hunuuiɛ no ho, deɛ wɔde nsɔano nson asosɔ akyire no?MMUAEƐ. Ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ sɛ, ɛkura Onyankopɔn pɛ a wada n’adi, n’ahintasɛm ne ne nnwuma; asumasɛm a ɛfa n’amammuo a ɛfa saa asase yi mfeɛ mpem nson a akɔ so atena hɔ, anaa n’asetena tiawa no ho.

7 ASƐMMISA. Sɛn na ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ fa nsɔano nson a wɔde sɔɔ ano no?MMUAEƐ. Ɛwɔ sɛ yɛte ase sɛ, nsɔano a ɛdi kan no kura nneɛma a ɛwɔ mfeɛ apem a ɛdi kan no mu, deɛ ɛtɔ so mmienu no nso fa mfeɛ apem a ɛtɔ so mmienu no ho, na saa ara na ɛteɛ de kɔsi deɛ ɛtɔ so nson no.

8 ASƐMMISA. Sɛn na ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ fa abɔfoɔ baanan, a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti nson ne nkyekyɛmu baako no ho?MMUAEƐ. Ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ sɛ, wɔyɛ abɔfoɔ baanan a Onyankopɔn asoma wɔn, a wɔama wɔn tumi wɔ asase afanan so, sɛ wɔnnye nkwa anaa wɔnsɛe; yeinom ne wɔn a wɔn wɔ daapem asɛmpa no a wɔde ma ɔman, abusua kuo, kasa, ne nnipa biara no; na wɔn wɔ tumi sɛ wɔto ɔsoro mu, sɛ wɔsɔ ano ma nkwa, anaa wɔto twene mmeammea a ɛyɛ sum mu.

9 ASƐMMISA.Deɛn na ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ fa ɔbɔfoɔ a ɔreforo kɔ ɔsoro firi apueɛ no, wɔ Adiyisɛm ti nson nkyekyɛmu mmienu no?MMUAEƐ. Ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ sɛ ɔbɔfoɔ a ɔreforo kɔ ɔsoro firi apueɛ no yɛ deɛ wɔde Onyankopɔn teasefoɔ no nsɔano tumi wɔ Israel mmusuakuo dumienu no so ama no; ɛno nti, ɔtea mu kyerɛ abɔfoɔ baanan a wɔkura daapem asɛmpa no, ka sɛ: Mma monnha asase no, anaa ɛpo, anaa nnua, kɔsi sɛ yɛbɛsɔ yɛn Nyankopɔn nkoa no ano wɔ wɔn moma so. Na, sɛ mobɛgye ato mu a, yei ne Elia a ɛsɛ sɛ ɔba bɛboaboa Israel mmusuakuo ano na ɔde nneɛma nyina ara san si wɔn sibea no.

10 ASƐMMISA.Berɛ bɛn na nneɛma a wɔka ho asɛm wɔ saa ti yi mu no bɛba mu?MMUAEƐ. Ɛsɛ sɛ ɛba mu wɔ mfeɛ a ɛtɔ so mpem nsia no mu, anaa sɛ sɛ wɔbue nsɔano a ɛtɔ so nsia no a.

11 ASƐMMISA.Sɛn na ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ fa ɛfiri Israel mmusuakuo mu nyinaa mpem ɔha aduanan-nan no nsɔano no ho, —a mpem dumienu firi abusua biara mu no?MMUAEƐ. Ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ sɛ, wɔn a wɔasɔ wɔn ano no yɛ asɔfoɔ mpaninfoɔ, a wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ ama Onyankopɔn nhyehyɛeɛ kronkron no, sɛ wɔnni daapem asɛmpa no ho dwuma mma; ɛfiri sɛ wɔn na wɔahyɛ wɔn asɔfoɔ afiri ɔman biara, abusuakuo, kasa, ne nnipa nyina ara mu, nam abɔfoɔ a wɔama wɔn tumi wɔ asase so aman no so, sɛ wɔmfa dodoɔ biara a wɔbɛba no mmra Abakan n’asɔre mu.

12 ASƐMMISA.Deɛn na ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ fa ntotorobɛnto nnyegyeɛ no ho, a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti nwɔtwe no?MMUAEƐ. Ɛsɛ sɛ yɛte aseɛ sɛ sɛdeɛ Onyakopɔn yɛɛ wiase nna nsia, na ɔwiee n’adwuma wɔ da a ɛtɔ so nson no, na ɔtee ho, na ɔnwenee onipa firii asase so dɔteɛ mu no, mpo saa ara na, mfeɛ mpem nson ahyɛaseɛ no, Awurade Nyankopɔn bɛte asase no ho, na wawie onipa nkwagyeɛ, na ɔbɛbu nneɛma nyina ara atɛn, na ɔbɛgye nneɛma nyina ara nkwa, gye sɛ deɛ wammfa annhyɛ ne tumi ase, berɛ a ɔbɛsɔ nneɛma nyina ara ano awie no, akɔsi nneɛma nyina ara awieɛ; na ntotorobɛnto no nnyegyeɛ a ɛfiri abɔfoɔ nson no yɛ n’adwuma no nsiesie ne n’awieɛ, wɔ mfeɛ mpem nson no ahyɛaseɛ—a ɛresiesie kwan ansa na ne mmaeɛ berɛ no aduru.

13 ASƐMMISA. Berɛ bɛn na saa nneɛma yi bɛba mu, deɛ wɔatwerɛ wɔ Adiyisɛm ti nkron no?MMUAEƐ. Ɛsɛ sɛ ɛba mu akyire yi a wɔabue nsɔano a ɛtɔ so nson no ano, ansa na Kristo aba.

14 ASƐMMISA.Deɛn na ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ fa nwoma ketewa no a Yohane diiɛ no, sɛdeɛ Adiyisɛm ti du ka no?MMUAEƐ. Ɛsɛ sɛ yɛte aseɛ sɛ ɛyɛ soma, ne ayɛyɛdeɛ, ma no sɛ ɔbɛboaboa Israel mmusuakuo no ano; hwɛ, yei ne Elia, ɔno a, sɛdeɛ wɔatwerɛ no, ɛsɛ sɛ ɔba na ɔsan de nneɛma nyina ara ba bio no.

15 ASƐMMISA.Deɛn na ɛwɔ sɛ yɛte aseɛ fa adansefoɔ baanu no ho, wɔ Adiyisɛm ti dubaako no?MMUAEƐ. Wɔyɛ nkɔmhyɛfoɔ baanu a wɔbɛyi wɔn ama Yudafoɔ man no wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu, wɔ berɛ a wɔde biribiara bɛsan ama bio no, sɛ wɔnhyɛ nkɔm nkyerɛ Yudafoɔ no akyire yi a wɔaboaboa wɔn ano na wɔakyekyere Yerusalem ahenkuro no wɔ wɔn agyanom asase so no.