Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 81


Ɔfã 81

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Hiram, Ohio, Ɔbɛnem 15, 1832. Wɔfrɛ Frederick G. Williams sɛ ɔmmɛyɛ sɔfo panin ne fotufoɔ wɔ Asɔfodie Kɛseɛ Titenafoɔ no mu. Abakɔsɛm twerɛtohɔ no kyerɛ sɛ berɛ a wɔnyaa saa adiyisɛm yi wɔ Ɔbɛnem 1832 mu no, wɔfrɛɛ Jesse Gause sɛ fotufoɔ maa Joseph Smith wɔ Titenafoɔ no mu. Nanso, berɛ a wanntumi annkɔ so wɔ saa ɔfrɛ yi yɔbea a ɛnsesa mu no, wɔyii ɔfrɛ yi akyire yi firii ne so maa Frederick G. Williams. Ɛwɔ sɛ yɛhunu adiyisɛm yi (a ɛbaa Ɔbɛnem 1832) sɛ anammɔn a wɔtuuiɛ sɛ wɔrehyehyɛ Titenafoɔ a wɔdi kan no mmara kwan so, ɛnam sɛ adeɛ pɔtee a wɔyɛeɛ ne sɛ wɔhyɛɛ sɛ wɔn-nya ɔfotufoɔ dibea na wɔnkyerɛkyerɛ mu sɛ saa frɛ no di mũ. Onuabarima Gause somm mmerɛ kakra nanso wɔyii no adi firii Asɔre no mu Ɔpɛnimma 1832. Wɔhyɛɛ Onuabarima Williams sɔfoɔ maa no saa dibea pɔtee yi wɔ Ɔbɛnem 18, 1833.

1–2, Titenafoɔ a Wɔdi kan no kura ahemman no nsafoa no daa; 3–7, Sɛ Frederick G. Williams yɛ nokorɛfoɔ wɔ ne nyamedwuma no mu a, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieɛ.

1 Nokorɛ, nokorɛ mese wo m’akoa Frederick G. Williams sɛ: Tie deɛ ɔrekasa no nne, Awurade wo Nyankopɔn asɛm, na tie ɔfrɛ a wɔde afrɛ wo no, mpo sɛ bɛyɛ sɔfo panin wɔ asɔre no mu, ne fotufoɔ ma m’akoa Joseph Smith Jun.;

2 Ɔno na mede ahemman no nsafoa ama no, deɛ ɛyɛ Asɔfodie Kɛseɛ Titenafoɔ no deɛ daa no:

3 Ne saa nti, nokorɛ megye no to mu na mɛhyira no, ne wo nso, mmerɛ dodoɔ a woyɛ nokorɛfoɔ wɔ afotuo mu, wɔ dibea a mayi ama wo no mu, wɔ mpaebɔ mu daa, de wonne ne w’akoma mu, wɔ badwa mu ne kokoa mu, wɔ wo nyamedwuma mu nso wɔ asɛmpa no ho dawurubɔ mu wɔ ateasefoɔ asase so, ne wo nuanom ntam.

4 Na sɛ woyɛ saa nneɛma yi a, wobɛyɛ papa kɛseɛ paa ara ama wo mfɛfoɔ, na wobɛpagya deɛ ɔyɛ w’Awurade no animuonyam.

5 Ɛno nti, yɛ nokorɛfoɔ; gyina dibea a mayi ama wo no mu; boa wɔn a wɔyɛ mmrɛ, ma nsa a ɛsensɛn fam so, na hyɛ nkotodwe a agoɔ no den.

6 Na sɛ woyɛ nokorɛfoɔ kɔsi awieɛ a wobɛnya ɔnnwuo tebea ahenkyɛ, ne nkwa a ɛnni awieɛ wɔ fi-kɛseɛ a masiesie wɔ m’Agya fie hɔ no.

7 Hwɛ, na hunu, yeinom yɛ Alfa ne Omega nsɛm, mpo Yesu Kristo. Amen.