Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 32


Ɔfã 32

Adiyisɛm a wɔde maae nam Jospeh Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Parley P. Pratt ne Ziba Peterson, wɔ Manchester, New York Ahinime ahyɛaseɛ 1830. Asɔre mpaninfoɔ no tee anigyeɛ kɛseɛ ne ɔpɛ nka ɛfa Lamanfoɔ no ho, wɔn a Asɔre no ahunu wɔn bɔhyɛ nhyira wɔ Mormon Nwoma no mu no. Ne saa nti, wɔsu frɛɛ Awurade sɛ ɔnkyerɛ Ne pɛ mfa sɛ wɔbɛsoma mpaninfoɔ, saa berɛ no, akɔ India abusuakuo no a ɛwɔ Atɔeɛ no. Adiyisɛm no dii so.

1–3, Wɔfrɛ Parley P. Pratt ne Ziba Peterson sɛ wɔnka asɛmpa no nkyerɛ Lamanfoɔ no na wɔnkã Oliver Cowdery ne Peter Whitmer Jr. ho; 4–5, Ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpaeɛ sɛdeɛ wɔbɛte twerɛsɛm no ase.

1 Na afei ɛfa m’akoa Parley P. Pratt ho no, hwɛ, mese no sɛ, sɛ mete aseɛ yi, mɛpɛ sɛ ɔde m’asɛmpa no bɛto dwa na ɔsua me, na ɔdwoɔ, brɛ ne ho ase akoma mu.

2 Na deɛ mayi asi hɔ ama no ne sɛ ɔne me nkoa, Oliver Cowdery ne Peter Whitmer, Jun., bɛkɔ ɛserɛ no so, wɔ Lamanfoɔ no ntam.

3 Na Ziba Peterson nso ne wɔn nkɔ; na me ankasa mene wɔn bɛkɔ na mɛwɔ wɔn mfinfini; na me ne wɔn dimafoɔ wɔ Agya no nkyɛn, na biribiara renni wɔn so nkonim.

4 Na wɔbɛtie deɛ wɔatwerɛ no, na wɔmmpatu sɛ wɔnya adiyisɛm foforɔ biara; na wɔbɛbɔ mpaeɛ berɛbiara ama mada yei adi ama wɔn nteaseɛ.

5 Na wɔbɛtie saa nsɛm yinom a wɔnntoto no ase, na mɛhyira wɔn. Amen.