Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 15


Ɔfã 15

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so maa John Whitmer, wɔ Fayette, New York, Ayɛwohomumɔ 1829 (hwɛ ɔfa 14 ti asɛm no.) Nkra no yɛ atirimsɛm ne awɔsee ma ɔno ankasa, ɛne sɛ Awurade ka deɛ John Whitmer ne Ɔno nko ara na wɔnim. John Whitmer akyire yi bɛyɛɛ Mormon Nwoma no Adansefoɔ Nwɔtwe no mu baako.

1–2, Awurade basa no kata asase nyina ara so; 3–6, Deɛ ɛho hia kɛse yɛ sɛ wɔka asɛmpa no gye akra.

1 Tie, m’akoa John, na tie Yesu Kristo nsɛm no, wo Awurade ne wo Gyefoɔ.

2 Na hwɛ, mede namyɛ ne tumi na ɛkasa kyerɛ wo, ɛnam sɛ me basa kata asase so nyina ara.

3 Na mɛka deɛ onipa biara nnim akyerɛ wo gye sɛ me ne wo nko ara-

4 Na mmerɛ pii na woapɛ wɔ me hɔ sɛ wohunu deɛ ɛbɛsom bo kɛse ama wo.

5 Hwɛ, nhyira nka wo wɔ saa adeɛ yi ho, sɛ woreka me nsɛm a mede ama wo wɔ sɛdeɛ me mmaransɛm teɛ.

6 Na afei, hwɛ, mese wo, sɛ adeɛ a ɛbɛsom bo kɛse ama wo ne sɛ wobɛka nsakyeraeɛ asɛm akyerɛ saa nkorɔfoɔ yi, na wode akra abrɛ me, ama wo ne wɔn agye ahome wɔ m’Agya ahemman no mu. Amen.