Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 133


Ɔfã 133

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Hiram, Ohio, Obubuo 3, 1831. Ɔretwerɛ saa adiyisɛm yi nnianim no, Joseph Smith abakɔsɛm kyerɛ sɛ, “Saa berɛ yi na nneɛma pii wɔ hɔ a Mpanin no pɛɛ sɛ wɔhunu ɛfa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ asase sotefoɔ, ne anoboaboa no ho; na sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔde nokorɛ hann no bɛnante, na wɔanya akwankyerɛ afiri soro no nti, Obubuo 3, 1831 no, mebisaa Awurade na menyaa adiyisɛm a ɛho hia a ɛtoa so yi.” Ɛdi kan no, wɔde saa ɔfã yi kaa Nkyerɛkyerɛ ne Apam nwoma no ho sɛ mmataho na akyire yi wɔmaa no ɔfã ntɔsoɔ.

1–6, Wɔhyɛ Ahoteɛfoɔ no sɛ wɔnsiesie wɔn ho ntwɛn Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no; 7–16, Wɔhyɛ nnipa nyina ara sɛ wɔnnwane mfiri Babel, wɔmmra Sion, na wɔnsiesie wɔn ho ntwɛn Awurade da kɛseɛ no; 17–35, Ɔbɛgyina Sion Bepɔ no so, nsasepɔn no bɛyɛ asase baako, na Israel mmusuakuo a wɔayera no bɛsan wɔn akyi aba; 36–40, Wɔnam Joseph Smith so de asɛmpa no baa bio sɛ wɔnka ho asɛm wɔ wiase nyina ara mu; 41–51, Awurade bɛsiane aba fam wɔ awerɛtɔ mu wɔ atirimuɔdenfoɔ so; 52–56, Ɛbɛyɛ wɔn a Wagye wɔn no afe; 57–74, Ɛwɔ sɛ wɔsoma ma wɔde asɛmpa no firi adi kɔgye Ahoteɛfoɔ no na wɔde sɛe atirimuɔdenfoɔ.

1 Monyɛ aso, O mo nkorɔfoɔ a mowɔ m’asɔre mu, Awurade mo Nyankopɔn na ɔseɛ, na montie Awurade asɛm a ɛfa mo ho—

2 Awurade a ɔbɛba ne tɛmpol mu mpofirim; Awurade a ɔbɛba fam de nnome aba wiase so wɔ atemmuo mu; aane, wɔ aman biara a wɔn werɛ firi Onyankopɔn so, ne wɔn a wɔnni nyamesu a wɔn wɔ mo mu nyina ara so.

3 Na ɔbɛyi ne basa kronkron no adi wɔ amanaman nyina ara ani so, na asase ano nyina ara bɛhunu wɔn Nyankopɔn nkwagyeɛ.

4 Ɛno nti, monsiesie mo ho, monsiesie mo ho, O me nkorɔfoɔ; monte mo ho; mommoa mo ho ano, O mo nkorɔfoɔ a mowɔ m’asɔre mu, wɔ Sion asase so, mo a wɔnhyɛɛ mo sɛ montena nyina ara no.

5 Momfiri Babel nkɔ. Monte mo ho mo a mosoa Awurade nnwenneɛ no.

6 Momfrɛ mo nhyia kronkron no, na montaa ne mo ho mo ho nkasa. Na momma obiara mfrɛ Awurade din.

7 Aane, nokorɛ mese mo bio, berɛ no aso sɛ Awurade nne bɛba mo hɔ: Momfiri Babel nkɔ; mommoa mo ho ano mfiri aman no ntam, mfiri mframa nnan no mu, mfiri ɔsoro ano baako nkɔ baako so.

8 Monsoma m’asɔre mpaninfoɔ nkɔ aman a wɔn wɔ akyirikyiri no hɔ; nkɔ ɛpo asupɔ so; monsoma nkɔ amannɔne nsase so; momfrɛ aman nyina ara, ɛdi kan amanamanmufoɔ, na afei Yudafoɔ no.

9 Na hwɛ, na hunu, yei bɛyɛ wɔn nteamu, ne Awurade nne a ɛkɔ nnipa nyina ara hɔ: Momfiri adi nkɔ Sion asase so, ama wɔatrɛ me nkorɔfoɔ ahyeɛ mu, na ama wɔahyɛ ne mpɛɛwa den, na ama Sion afiri adi akɔ amantam a atwa ahyia no nyina ara mu.

10 Aane, ma ɛnne no mfiri adi nkɔ nnipa nyina ara hɔ: Monyane na monsɔre na momfiri adi nkɔhyia Ayeforɔkunu no; hwɛ na hunu, Ayeforɔkunu no reba; momfiri adi nkɔhyia no. Monsiesie mo ho mma Awurade da kɛseɛ no.

11 Ne saa nti, monwɛn, ɛfiri sɛ monnim da no anaa dɔnhwere no.

12 Ne saa nti, ma wɔn a wɔn wɔ Amanamanmufoɔ no mu no nnwane nkɔ Sion.

13 Na ma wɔn a wɔfiri Yuda mu no nnwane nkɔ Yerusalem, nkɔ mmepɔ no so Awurade fie no.

14 Momfiri aman no mu nkɔ, mpo momfiri Babel, mfiri atirimuɔdensɛm mu, deɛ ɛyɛ honhom mu Babel no.

15 Nanso nokorɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, mma mo mmirikatuo nnyɛ ntɛmpɛ so, mmom momma wɔnsiesie nneɛma nyina ara wɔ mo anim; na deɛ ɔrekɔ no, mma no nnhwɛ n’akyiri anyɛ saa a sɛeɛ bɛba ne so mpofirim.

16 Monyɛ aso na montie, O mo asase sotefoɔ. Montie mmɔ mu, mo m’asɔre mpaninfoɔ, na montie Awurade nne; ɛfiri sɛ ɔfrɛ nnipa nyina ara, na ɔhyɛ nnipa wɔ baabiara nyina ara sɛ wɔnsakyera.

17 Na hwɛ, Awurade Nyankopɔn asoma ne bɔfoɔ afiri adi a ɔretea mu wɔ soro mu ka sɛ: Monsiesie Awurade kwan no, na momma n’anammɔn kwan ntene, ɛfiri sɛ ne dɔnhwere a ɔreba no abɛn—

18 Berɛ a Adwammaa no bɛgyina Sion Bepɔ so, na mpem ɔha aduanan nan ka ne ho, a wɔatwerɛ n’Agya no din agu wɔn moma so no.

19 Ɛno nti, monsiesie mo ho mma Ayeforɔkunu no mmaeɛ no; monkɔ, momfiri adi nkɔhyia no.

20 Na hwɛ, ɔbɛgyina Ngo-Bepɔ no so, ne ɛpo kɛseɛ no so, mpo ɛbunu kɛseɛ no so, ne ɛpo nsupɔ so, ne Sion asase so.

21 Na ɔbɛma ne nne so afiri Sion, na ɔbɛkasa afiri Yerusalem, na wɔbɛte ne nne wɔ nnipa nyina ara mu;

22 Na ɛbɛyɛ sɛ asuo pii nne, na ayɛ tesɛ apranaa kɛseɛ nne, a ɛbɛbubu mmepɔ, na wɔrennhunu mmɔnhwa bio.

23 Ɔbɛhyɛ ɛbunu kɛseɛ no, na wɔbɛpia no asan akɔ n’akyiri akɔ atifi aman no mu, na nsupɔ no bɛyɛ asase baako;

24 Na wɔbɛsan de Yerusalem asase ne Sion asase no asan akɔ wɔn ankasa bea bio, na asase no bɛyɛ tesɛ deɛ na ɛteɛ wɔ nna no mu ansa na wɔrekyekyɛ mu no.

25 Na Awurade, mpo Agyenkwa no, bɛgyina ne nkorɔfoɔ mfinfini, na ɔbɛdi hene wɔ honam nyina ara so.

26 Na wɔbɛkae wɔn a wɔn wɔ atifi aman mu no wɔ Awurade anim; na wɔn nkɔmhyɛfoɔ bɛte ne nne, na wɔrennsi wɔn ho kwan bio; na wɔbɛbɔ abotan na asukɔtwea no bɛtene agu fam wɔ wɔn anim.

27 Na wɔbɛyi kwantempɔn wɔ ebunu kɛseɛ no mfinfini.

28 Wɔn atamfo bɛyɛ afodeɛ ama wɔn,

29 Na nkwa nsuo mmura bɛfiri anweatam hunu so aba; na asase wesee no rennyɛ asase a sukɔm de no bio.

30 Na wɔde wɔn ademudeɛ a ɛsom bo bɛba abɛma Efraim mma, me nkoa no.

31 Na esie a ɛwɔ hɔ daapem ahyeɛ so bɛwoso wɔ wɔn anim.

32 Na ɛhɔ no wɔbɛhwehwe ase na wɔbɛhyehyɛ wɔn animuonyam ahenkyɛ, mpo wɔ Sion, nam Awurade nkoa, mpo Efraim mma no, nsa so.

33 Na wɔde daapem anigyeɛ nnwom bɛhyɛ wɔn ma.

34 Hwɛ, yei ne Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daapem no nhyira wɔ Israel mmusuakuo no so, na nhyira a ɛsom bo kyɛn yei bɛgu Efraim ne ne mfɛfoɔ tiri so.

35 Na wɔn a wɔn wɔ Yuda abusukuo mu no nso, wɔn yaw akyiri no, wɔbɛte wɔn ho wɔ kronkronyɛ mu wɔ Awurade anim, ma wɔatena ne nkyɛn adekyeeɛ ne adesaeɛ, daa afebɔɔ.

36 Na afei, nokorɛ Awurade na ɔseɛ, sɛdeɛ mobɛhunu saa nneɛma yi wɔ mo ntam no, O mo asase sotefoɔ, masoma ɔbɔfoɔ afiri adi a watu nenam ɔsoro mu, a ɔkura daapem asɛmpa no, deɛ wayi ne ho adi akyerɛ ebinom na ɔde ama onipa no, deɛ ɔbɛyi ne ho adi akyerɛ bebree a wɔn wɔ asase no so.

37 Na wɔbɛka saa asɛmpa yi akyerɛ ɔman, ne abusuakuo biara, ne kasa, ne nnipa nyina ara mu.

38 Na Onyankopɔn nkoa bɛfiri adi akɔ, na wɔde nne kɛseɛ aka sɛ: Monsuro Onyankopɔn na momfa animuonyam mma no, ɛfiri sɛ n’atemmuo berɛ no aso;

39 Na monsom deɛ ɔyɛɛ ɔsoro, ne asase, ne ɛpo, ne nsutire no—

40 Na wɔbɛfrɛ Awurade din adekyeeɛ ne anadwo, aka sɛ: O sɛ anka wobɛsunsuane ɔsoro mu na woasiane aba fam, ama mmepɔ no atene agu fam wɔ w’anim.

41 Na ɛho mmuaeɛ bɛgu wɔn tiri so; ɛfiri sɛ Awurade anim bɛyɛ sɛ ogya a ɛrenane na ɛrehyeɛ, ne sɛdeɛ ogya yɛ ma nsuo huru.

42 O Awurade, wobɛba fam na woada wodin adi akyerɛ w’atamfo, na aman nyina ara ho bɛpopo wɔ w’anim—

43 Berɛ a woyɛ nneɛma huuhu no, nneɛma a wɔn ani nna no;

44 Aane, berɛ a wobɛba fam, na mmepɔ bɛtene agu fam wɔ w’anim no, wobɛhyia onii a ɔdi ahurisie na ɔyɛ tenenee adwuma, deɛ ɔkae wo wɔ w’akwan mu no.

45 Ɛfiri sɛ fiti wiase ahyɛaseɛ no nnipa nntee, aso nso nntee, anaa ani nnhunuui, O Nyankopɔn, gye wo nko, nneɛma akɛseɛ a woasiesie ama deɛ ɔtwɛn woɔ no.

46 Na wɔbɛka sɛ: Hwan ne deɛ ɔresane firi Onyankopɔn hɔ wɔ soro reba yi a ne ntaadeɛ abere kɔɔ yi; aane na ɔrefiri mmeaɛ a wɔnnim, na ɔhyɛ animuonyam ataade, na ɔde ahoɔden kɛseɛ retu kwan yi?

47 Na ɔbɛka sɛ: Mene deɛ ɔkasaae wɔ tenenee mu, a ɔwɔ tumi sɛ ɔgye nkwa no.

48 Na Awurade aduradeɛ bɛyɛ kɔkɔɔ, n’ataadeɛ bɛyɛ sɛ deɛ ɔtiatia nsa-kyi amena so deɛ no.

49 Na n’anim animuonyam no bɛyɛ kɛseɛ pa ara ma owia de n’anim bɛsie aniwuo mu, na ɔsrane remma ne hann bio, na nsoromma bɛtoto agu afiri wɔn tenaberɛ.

50 Na wɔbɛte ne nne: Me nko ara matiatia nsa-kyi-amena no mu, na mede atemmuo aba nnipa nyina ara so; na na obiara nnka me ho;

51 Na matiatia wɔn so wɔ m’abufuhyeɛ mu, na metiatiaa wɔn so wɔ m’abufuo mu, na mapete wɔn mogya agu m’ataadeɛ mu, na makeka m’aduradeɛ mu nyina ara; ɛfiri sɛ na yei yɛ m’awerɛtɔ da a na ɛwɔ m’akoma mu.

52 Na afei wɔn a magye wɔn no afe aso; na wɔbɛka wɔn Awurade adɔyɛ no, ne deɛ ɔde agu wɔn so no nyina ara sɛdeɛ ne papayɛ teɛ, ne sɛdeɛ n’adɔeɛ teɛ, afebɔɔ ne daa.

53 Wɔ wɔn amanehunu nyina ara mu no ɔhunuu amane. Na n’anim bɔfoɔ gyee wɔn nkwa; na wɔ ne dɔ, ne ne mmɔborɔhunu mu no, ɔgyee wɔn, na ɔmaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyina ara;

54 Aane, Henok nso, ne wɔn a na wɔka ne ho; nkɔmhyɛfoɔ a na wɔdi n’anim; ne Noa nso, ne wɔn a na wɔdi n’anim; ne Mose nso, ne wɔn a na wɔdi n’anim;

55 Na ɛfiri Mose so kɔ Elia so, na ɛfiri Elia so kɔ Yohane so, wɔn a na wɔka Kristo ho wɔ ne wusɔreɛ mu no, ne asomafoɔ kronkron no, ne Abraham, Isak, ne Yakob, bɛwɔ Odwammaa no anim.

56 Na ahoteɛfoɔ no nnamena so bɛbuebue; na wɔbɛfiri adi aba na wɔbɛgyina Odwammaa no nsa nifa so, berɛ a ɔbɛgyina Sion Bepɔ so, ne Ahenkuro Kronkron no mu, Yerusalem Foforɔ no; na wɔbɛto Odwammaa no dwom, adekyeeɛ ne adesaeɛ daa afebɔɔ.

57 Na yei nti, sɛdeɛ nnipa bɛnya animuonyam a wɔrebɛda no adi no mu kyɛfa nti, Awurade maa n’asɛmpa no mahyɛ no, ne daapem apam no, firii adi baae, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu pefee ne korɔgyeen—

58 Sɛdeɛ ɛbɛsiesie wɔn a wɔyɛ mmrɛ ama nneɛma a ɛreba asase so ne Awurade soma no wɔ da a wɔn a wɔyɛ mmrɛ no bɛhyɛ anyansafoɔ no aniwuo, na aketewa no abɛyɛ ɔman hoɔdenfoɔ, na mmienu ama mpen dudu adwane.

59 Na Awurade nam nneɛma a ɛyɛ mmrɛ wɔ asase so bɛposa aman no nam ne Honhom tumi no so.

60 Na yei nti na wɔde saa mmaransɛm yi maae; wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔmfa nsie wiase wɔ da a wɔde maae no mu, nanso seesei ɛwɔ sɛ ɛfiri adi kɔ honam nyina ara hɔ—

61 Na yei sɛdeɛ Awurade adwene ne ne pɛ teɛ, deɛ ɔdi honam nyina ara so no.

62 Na deɛ ɔsakyera na ɔdwira ne ho wɔ Awurade anim no wɔbɛma no nkwa a ɛnni awieɛ.

63 Na wɔn a wɔnntie Awurade nne no, deɛ wɔnam nkɔmhyɛni Mose so twerɛɛe no bɛba mu wɔ wɔn so sɛ wɔbɛtwa wɔn afiri nkorɔfoɔ no mu.

64 Na deɛ nkɔmhyɛni Malaki twerɛɛe no nso: Na hwɛ, da no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyina ara ne wɔn a wɔyɛ atirimuɔdensɛm bɛyɛ ɛserɛ dwaneeɛ; na da a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo Awurade na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa mman.

65 Ɛno nti, yei bɛyɛ mmuaeɛ a Awurade de bɛma wɔn:

66 Na saa da no a mebaa me deɛ mu no, onipa biara a ɔwɔ mo ntam annye me, na wɔpamoo mo.

67 Berɛ a mefrɛɛ bio no na mo mu biara nni hɔ a ɔbɛgye so; nanso na me nsa nyɛɛ tiawa koraa sɛ merenntumi mma ɔgyeɛ, anaa me tumi nnsua sɛ ɛbɛgye nkwa.

68 Hwɛ, wɔ me nkaanim mu no, mema ɛpo we. Mema nsubɔnten dane ɛserɛ; ɛmu nam bɔn, na sukɔm kunkum wɔn.

69 Mede esum kabii fira ɔsorosoro na meyɛ wɔn nkataho ayitoma.

70 Na mobɛnya yei afiri me nsa mu—mobɛda fam wɔ awerɛhoɔ mu.

71 Hwɛ, na hunu, obiara nni hɔ a ɔbɛgye mo; ɛfiri sɛ moannyɛ setie amma me nne berɛ a mefrɛɛ mo firii ɔsorosoro no; moannye me nkoa anni, na berɛ a wɔsomaa wɔn baa mo nkyɛn no moannye wɔn.

72 Ɛno nti, wɔsɔɔ adanseɛ no ano na wɔkyekyeree mmara no, na wɔyii mo maa esum.

73 Yeinom bɛkɔ akyirikyiri sum mu, faako a esu, ne benabɔ, ne setwɛre wɔ no.

74 Hwɛ Awurade mo Nyankopɔn na aka. Amen.