Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 130


Ɔfã 130

Nkyerɛkyerɛ ahodoɔ a Joseph Smith Nkɔmhyɛni no de maae, wɔ Ramus, Illinois, Oforisuo 2, 1843.

1–3, Agya no ne Ɔba no bɛtumi ayi wɔn ankasa wɔn ho adi akyerɛ nnipa; 4–7, Abɔfoɔ te sɛlɛstia wiase kurukuruwa mu; 8–9, Sɛlɛstia asase no bɛyɛ Urim ne Tumim kɛseɛ bi; 10–11, Wɔde ɔboɔ fitaa bi ma obiara a ɔwura sɛlɛstia wiase no mu; 12–17, Wɔde Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu berɛ no hinta Nkɔmhyɛni no; 18–19, Nhumu a yɛbɛnya wɔ saa asetena yi mu ne yɛn bɛsɔre wɔ Owusɔreɛ no mu; 20–21, Setie a yɛyɛ ma mmara no na ɛde nhyira nyina ara ba; 22–23, Agya no ne Ɔba no wɔ nnipadua a ɛwɔ honam ne nnompe.

1 Berɛ a Agyenkwa no bɛyi ne ho adi no yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ. Yɛbɛhunu sɛ ɔyɛ onipa tesɛ yɛn ara.

2 Na saa abusuabɔ a ɛte yɛn ntam wɔ ɛha no bɛtena yɛn ntam wɔ hɔ, nanso animuonyam a ɛnni awieɛ na ɛbɛka ho, deɛ ɛyɛ animuonyam a yɛnni seesei.

3 Yohane 14:23—Agya ne Ɔba no adiyie wɔ saa nkyekyɛmu no mu yɛ ɔno ankasa adiyie; na adwene a ɛkyerɛ sɛ Agya ne Ɔba no te onipa akoma mu no yɛ nyamesom dada bi nkyerɛkyerɛ, na ɛyɛ atorɔ.

4 Asɛmmisa yi ho mmuaeɛ—So Onyankopɔn mmerɛ ho akonta, abɔfoɔ mmerɛ, nkɔmhyɛni mmerɛ, onipa mmerɛ no nnyɛ sɛdeɛ okyinsoromma a wɔte so no teɛ?

5 Mɛyi ano sɛ aane. Nanso abɔfoɔ biara nnsom saa asase yi so gye sɛ wɔn a wɔte so anaa wɔatena so pɛn.

6 Abɔfoɔ nnte okyinsoromma a ɛte sɛ saa asase yi so;

7 Mmom wɔte Onyankopɔn anim, wɔ asatoa a ɛte sɛ ahwehwɛ ne ogya po so, baabi a, biribiara a ɛma wɔn animuonyam da adi, deɛ atwa mu, seesei ne daakye, na wɔn wɔ Awurade anim daa.

8 Bea a Onyankopɔn teɛ no yɛ Urim ne Tumim kɛseɛ bi.

9 Saa asase yi, wɔne, nte ho ne ɔnnwuo tebea mu no, bɛyɛ tesɛ dɛnkyɛmboɔ na ɛbɛyɛ Urim ne Tumim ama wɔn a wɔteso no, na wɔnam so ada nneɛma nyina ara a ɛfa ahemman nketewa ho, anaa deɛ ɛfa ahemman a ɛwɔ fam nyina ara ho adi akyerɛ wɔn a wɔte so no; na saa wiase yi bɛyɛ Kristo dea.

10 Afei ɔboɔ fitaa a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm 2:17 no bɛyɛ Urim ne Tumim ama ankorɛankorɛ biara a ɔbɛnya bie, na ɛnam so na wɔbɛda ahemman a ɛkorɔn ho asɛm adi;

11 Na wɔde ɔboɔ fitaa ma wɔn mu biara a ɔba sɛlɛstia ahemman no mu, na ɛno so na wɔatwerɛ din foforɔ bi, a obiara nnim gye sɛ onii a ɔnya no. Din foforɔ no yɛ asɛmfua a ɛyɛ safoa.

12 Mehyɛ nkɔm, wɔ Awurade Nyankopɔn din mu, sɛ ahohiahia ahyɛaseɛ a ɛde mogya hwieguo bebree bɛba ansa na Onipa Ba no bɛba no bɛsi wɔ South Carolina.

13 Ebia ɛbɛhyɛ aseɛ afiri nnɔnkɔ nsɛmnsɛm no mu. Ɛnne bi daa yei adi kyerɛɛ me, berɛ a na merebɔ mpaeɛ denden afa saa asɛm yi ho, wɔ Ɔpɛnimma 25, 1832 mu.

14 Berɛ bi na merebɔ mpaeɛ denden pa ara sɛ mɛhunu berɛ a Onipa Ba no bɛba, na metee sɛ ɛnne bi resi deɛ ɛdi soɔ yi so dua:

15 Joseph, me babarima, sɛ wotena ase kɔsi sɛ wobɛnya mfeɛ aduɔwɔtwe num a, wobɛhunu Onipa Ba no anim; ne saa nti ma yei nso wo, na nha me bio mmfa saa asɛm yi ho.

16 Ɔgyaa me saa ara, a manntumi annsi gyinaeɛ sɛ saa mmaeɛ yi fa mfenhyia apem no ahyɛaseɛ ho anaa mmaeɛ dada bi, anaa sɛ mɛwu na mahunu n’anim a.

17 Megyedi sɛ Onipa Ba no mmaeɛ no remma ansa na saa berɛ no aso.

18 Nhumu nyinasosɛm biara a yɛbɛnya wɔ saa asetena yi mu no, ɛne yɛn bɛsɔre wɔ owusɔreɛ no mu.

19 Na sɛ onipa bi nya nimdeɛ ne nhumu pii wɔ saa asetena yi mu nam ne nsiyɛ ne setie so kyɛn ɔfoforɔ a, ɔbɛnya ho mfasoɔ pa ara wɔ wiase a ɛbɛba no mu.

20 Mmara bi wɔ hɔ, a wɔahyehyɛ wɔ soro, ansa na wɔrebɛto wiase yi fapem, a wɔnntumi nsesa no, ɛno so na nhyira nyina ara gyina—

21 Na sɛ yɛnya nhyira biara firi Onyankopɔn hɔ a, ɛnam setie a yɛyɛ ma saa mmara a ɛgyina so no so.

22 Agya no wɔ nipadua a ɛwɔ honam ne nnompe a wɔtumi sɔ mu tesɛ onipa deɛ; Ɔba no nso te saa ara; nanso Sunsum Kronkron no nni nipadua a ɛwɔ honam ne nnompe, mmom ɔyɛ Honhom nipa su. Sɛ ɛnte saa a, Sunsum Kronkron no nntumi nntena yɛn mu.

23 Onipa bɛtumi anya Sunsum Kronkron no, na ɛbɛtumi asiane wɔ ne so nanso ɔne no nntena.