Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 20


Ɔfã 20

Adiyisɛm a ɛfa Asɔre no nkyekyereɛ ne ne nhwɛsoɔ ho, a wɔde maae nam Joseph Smith, Nkɔmhyɛni no so wɔ anaa bea a ɛbɛn Fayette, New York. Ebia wɔde saa adiyisɛm yi afa bi maa ntɛm bɛyɛ 1829 ahuhuberɛ mu. Adiyisɛm mua no a wɔfrɛ no Ntwerɛeɛ ne Apam no, ɛrekame ayɛ sɛ wɔtwerɛɛ no Oforisuo 6, 1830 (da a wɔkyekyeree Asɔre no) akyi pɛɛ. Nkɔmhyɛni no twerɛeɛ sɛ, “Yɛnam nkɔmhyɛ honhom ne adiyisɛm so nyaa deɛ ɛtoa so yi firii Ne hɔ (Yesu Kristo); a amma yɛn nkrasɛm pii nko ara, na ɛsan so kyerɛɛ yɛn da korɔ a, sɛdeɛ ne pɛ ne ne mmarasɛm teɛ no, yɛbɛkɔ so akyekyere n’Asɔre bio asase yi so.”

1–16, Mormon Nwoma no kyerɛ mu pefee sɛ nna a ɛdi akyire dwumadie no firi Nyankopɔn; 17–28, Wɔsi nkyerɛkyerɛ a ɛfa abɔdeɛ, ahweaseɛ, mpata, ne asubɔ ho no pi; 29–37, Wɔde mmara a ɛfa nsakyeraeɛ, bemdie, ahodwira, ne asubɔ ho to dwa; 38–67, Wɔbɔ mpaninfoɔ, asɔfoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ ne deaconfoɔ asɛdeɛ no tɔfã; 68–74, Asɔremma asɛdeɛ, mmɔfra nhyira, ne kwan a wɔfa so bɔ asu no, wɔda no adi; 75–84, Wɔde adidi kronkron mpaeɛ ne nhyehyɛeɛ a ɛfa asɔre no ho ma.

1 Kristo Asɔre no sɔreɛ wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu, ɛyɛ mfeɛ apem ahanwɔtwe aduasa, firi yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo mmaeɛ wɔ honam mu; wɔhyehyɛɛe na wɔkyekyeree wɔne kwan so, sɛdeɛ yɛn man mmara teɛ, nam Onyankopɔn pɛ ne ne mmaransɛm so, wɔ bosome a ɛtɔ so nan, ne da a ɛtɔ so nsia wɔ bosome a wɔfrɛ no Oforisuo mu—

2 Saa mmaransɛm a wɔde maa Joseph Smith, Jun., a Onyankopɔn frɛɛ no, na wɔhyɛɛ no Yesu Kristo somafoɔ, sɛ ɔnyɛ panin a ɔdikan wɔ asɔre yi mu;

3 Na wɔde maa Oliver Cowdery, ɔno nso a Onyankopɔn frɛɛ no Yesu Kristo somafoɔ, sɛ ɔnyɛ panin a ɔtɔ so mmienu wɔ asɔre yi mu, na ɔhyɛɛ no sɔfoɔ, ne nsa ase;

4 Na yei, sɛdeɛ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom teɛ, ɔno na animuonyam nyina ara nka, seesei ne daa. Amen.

5 Akyire yi a nokorɛ mu wɔdaa no adi kyerɛɛ saa panin a ɔdi kan yi sɛ wanya bɔne fafiri no, ɔde wiase yi mu ahuhusɛm tõatõaa ne ho bio.

6 Nanso, ɔsakyeraae akyire no, na ɔbrɛɛ ne ho ase nokorɛ mu wɔ gyedie mu no, Onyankopɔn nam ne bɔfoɔ kronkron so somm no, nea n’anim hwɛbea tesɛ anyinam, na ne ntadeɛ yɛ korɔgyenn na ɛyɛ fitaa sene deɛ ɛyɛ fitaa biara;

7 Na ɔmaa no mmaransɛm a ɛkanyann no;

8 Na ɔmaa no tumi firi soro, nam ɔkwan a wɔahyehyɛ dada so, sɛ ɔmfa nkyerɛ Mormon Nwoma no ase;

9 Deɛ ɛkura nkorɔfoɔ bi a wɔahwe aseɛ twerɛtohɔ, ɛne Yesu Kristo asɛmpa no mahyɛ a wɔde maa Amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ nso;

10 Deɛ wɔnam nkannyan so de maae, na wɔnam abɔfoɔ som so asi no pi akyerɛ afoforɔ, na wɔnam wɔn so abɔ ho dawuro akyerɛ wiase—

11 De akyerɛ wiase sɛ twerɛ kronkron no yɛ nokorɛ, na Onyankopɔn kanyan nnipa na ɔfrɛ wɔn wɔ n’adwuma kronkron ho saa berɛ ne awoɔntoatoasoɔ yi mu, tesɛ tete awoɔntoatoasoɔ no mu.

12 Yei kyerɛ sɛ Onyankopɔn tesɛ deɛ ɔteɛ nnora, nnɛ ne afebɔɔ. Amen.

13 Ɛno nti, ɛnam sɛ ɛwɔ adansefoɔ bebree pa ara nti, ɛno so na wɔbɛfa so abu wiase atɛn, mpo dodoɔ no a akyire yi wɔbɛnya saa adwuma yi ho nimdeɛ no.

14 Na wɔn a wɔgye no wɔ gyedie mu, na wɔyɛ deɛ ɛtene no, wɔbɛnya nkwa a ɛnni awieɛ ahenkyɛ;

15 Na wɔn a wɔyɛ wɔn akoma den wɔ annye annie mu, na wɔpo no, ɛbɛdane wɔn ankasa afɔbuo—

16 Ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn na waka; na yɛn, asɔre no mpaninfoɔ no, yɛate na yɛdi Otumfoɔ Animuonyamfoɔ a ɔwɔ soro no nsɛm ho adanseɛ, ɔno na animuonyam nka afebɔɔ. Amen.

17 Yɛnam saa nneɛma yinom so hunu sɛ Onyankopɔn bi wɔ soro, a ɔnni anobuo na ɔnni awieɛ, firi daapem kɔsi daapem a ɔte sɛ deɛ ɔteɛ a ɔnnsesa, deɛ ɔyɛɛ ɔsoro ne asase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyina ara no;

18 Na ɔbɔɔ onipa, ɔbarima ne ɔbaa, wɔ ɔno ara ne su ne ɔno ara nsɛsoɔ so na ɔbɔɔ wɔn.

19 Na ɔmaa wɔn mmaransɛm sɛ wɔnnɔ no na wɔnsom no, nokorɛ Nyankopɔn teasefoɔ korɔ no, na ɔno nko ara nyɛ ɔnii a ɛsɛ sɛ wɔsom no.

20 Nanso, wɔ saa mmara kronkron yinom ho mmaratoɔ nti, nipa bɛyɛɛ honamuni na ɔnyaa ɔbonsam su, na ɔbɛyɛɛ ahweaseɛ nipa.

21 Ɛno nti, Otumfoɔ Nyankopɔn de ne Ba a Ɔwoo no Korɔ no maae, sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ saa twerɛsɛm a wɔde ama a ɛfa ne ho no mu.

22 Nsɔhwɛ baa ne so nanso wammua ɛmu biara.

23 Wɔbɔɔ no asɛnnua mu, ɔwuuiɛ, na ɔsɔree bio, da a ɛtɔ so mmiɛnsa so;

24 Na ɔforo kɔɔ soro, kɔtenaa Agya no nsa nifa so, de tumi kɛseɛ adi hene sɛdeɛ Agya no pɛ teɛ;

25 Ama dodoɔ no ara a wɔbɛgye adie na wɔbɔ wɔn asu wɔ ne din kronkron mu, na wɔgyina wɔ gyedie mu kɔsi awieɛ no, wɔagye wɔn nkwa—

26 Nnyɛ wɔn a wɔgyediiɛ wɔ ne mmaeɛ wɔ berɛ mpɔnpɔnsoɔ mu akyi, wɔ honam mu nko ara; mmom wɔn a wɔfiri ahyɛaseɛ no nyina ara, mpo dodoɔ biara a na wɔn wɔ hɔ ansana ɔreba, a wɔgyee nkɔmhyɛfoɔ kronkron no nsɛm diiɛ, wɔn a wɔkasaae nam Sunsum Kronkron akyɛdeɛ nkannyan so, na wɔdii ne ho adanseɛ nokorɛ mu wɔ ade nyina ara mu no, bɛnya nkwa a ɛnni awieɛ.

27 Ɛne wɔn nso a wɔbɛba akyire yi, wɔn a wɔbɛgye Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne frɛ a ɛnam Sunsum Kronkron so adi no, deɛ adi adanseɛ fa Agya ne Ɔba no ho no;

28 Agya, Ɔba, ne Sunsum Kronkron a wɔyɛ Nyankopɔn korɔ no, wɔnni anobuo na wɔnni awieɛ, wɔn wɔ hɔ daa. Amen.

29 Na yɛnim sɛ ɛsɛ sɛ nnipa nyina ara sakyera na wɔgye Yesu Kristo din no di, na wɔsom Agya no wɔ ne din mu, na wɔgyina wɔ gyedie mu wɔ ne din mu kɔsi awieɛ, anyɛ saa a wɔrenntumi nnye wɔn nkwa wɔ Onyankopɔn ahemman mu.

30 Na yɛnim sɛ bembuo a ɛnam yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom so no tene na ɛyɛ nokorɛ;

31 Na yɛsan nso nim sɛ, ahodwira a ɛnam yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom so no tene na ɛyɛ nokorɛ, ma wɔn a wɔde wɔn tumi nyina ara, wɔn adwene, ne wɔn ahoɔden dɔ Onyankopɔn na wɔsom no no.

32 Nanso ɛbɛtumi aba sɛ onipa bɛhwe ase afiri adom mu na wafiri Onyankopɔn teasefoɔ no nkyɛn;

33 Ne saa nti momma asɔre no nhwɛ yie na wɔmmɔ mpaeɛ berɛbiara, anyɛ saa a wɔbɛkɔ sɔhwɛ mu;

34 Aane, na mpo momma wɔn a wɔate wɔn ho nso nhwɛ yie.

35 Na yɛnim sɛ saa nneɛma yinom yɛ nokorɛ, na sɛdeɛ adiyisɛm a wɔde maa Yohane teɛ no; yɛmmfa bi nnka ho, anaa yɛnnyi bi mmfiri nkɔmhyɛ nwoma no mu, twerɛ kronkron no, anaa Nyankopɔn adiyisɛm a ɛbɛba akyire yi, a ɛnam Sunsum Kronkron akyɛdeɛ ne ne tumi so, Onyankopɔn nne, anaa ɛnam abɔfoɔ som so.

36 Na Awurade Nyankopɔn na aka; na wɔmfa anidie, tumi ne animuonyam nka ne din kronkron no, seesei ne daa. Amen.

37 Na bio, wɔ mmarasɛm kwan so ma asɔre no ɛfa yɔbea a wɔmfa so mmɔ asu—wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase wɔ Onyankopɔn anim nyina ara, na wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu, na wɔfiri adi de akoma a abubuo ne honhom a abotoɔ di adanseɛ wɔ asɔre no anim, nokorɛ mu, sɛ wɔasakyera afiri wɔn bɔne nyina ara ho, na wɔpɛ sɛ wɔfa Yesu Kristo din to wɔn ho so, na wɔsi nkete sɛ wɔbɛsom no akɔsi awieɛ no, na nokorɛ mu wɔnam wɔn nnwuma so da no adi sɛ wɔanya Kristo Honhom anya bɔne fafiri no, wɔnam asubɔ so bɛgye wɔn asɔre no mu.

38 Mpaninfoɔ, asɔfoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, deaconfoɔ, ne asafomma a wɔn wɔ Kristo asɔre mu asɛdeɛ—Ɔsomafoɔ yɛ asɔre panin, na ɛyɛ ne frɛ sɛ ɔbɔ asu;

39 Na ɔnhyɛ mpaninfoɔ foforɔ, asɔfoɔ, akyerɛkyerɛfoɔ, ne deaconfoɔ;

40 Na ɔnhyira panoo ne bobesa no so mma—Kristo honam ne ne mogya ho sɛnkyerɛne no—

41 Na ɔnhyɛ wɔn a wɔabɔ wɔn asu aba asɔre no mu den, nam nsa a wɔde gu wɔn so ma wɔnya ogya asubɔ ne Sunsum Kronkron no, sɛdeɛ twerɛsɛm no kyerɛ no;

42 Na ɔnkyerɛkyerɛ, nkyerɛkyerɛ aseɛ, nkasa nkyerɛ, mmɔ asu, na ɔnwɛn asɔre no;

43 Na ɔnhyɛ asɔre no den nam nsa a wɔde gu soɔ no, ne Sunsum Kronkron ma no so.

44 Na ɔnni nhyiamu nyina ara anim.

45 Mpaninfoɔ no na wɔni asɔre nhyiamu biara mu dwuma sɛdeɛ Sunsum Kronkron no bɛkyerɛ wɔn no, sɛdeɛ Onyankopɔn mmaransɛm ne n’adiyisɛm teɛ no.

46 Asɔfoɔ no asɛdeɛ ne sɛ: wɔka asɛmpa no, wɔkyerɛkyerɛ, wɔkyerɛkyerɛ aseɛ, wɔtu fo, na wɔbɔ asu, na wɔhyira adidi kronkron no so de ma.

47 Na wɔnsra asɔremma biara wɔ wɔn fie, na wɔntu wɔn fo sɛ wɔmmue wɔn ano mmɔ mpaeɛ, mmɔ no kokoa mu nso, na wɔnhwɛ abusua asɛdeɛ nyina ara.

48 Na ɔtumi hyɛ asɔfoɔ foforɔ nso, akyerɛkyerɛfoɔ, ne deaconfoɔ.

49 Na ɛwɔ sɛ ɔdi asɔre nhyiamu anim, berɛ a asɔre panin biara nni hɔ.

50 Na sɛ panin bi wɔ hɔ a, deɛ ɔyɛ ara ne sɛ ɔka asɛmpa no, kyerɛkyerɛ, kyerɛ aseɛ, tu fo, na ɔbɔ asu.

51 Na ɔnsra asɔremma biara wɔ wɔn fie, ntu wɔn fo sɛ wɔmmue wɔn ano mmɔ mpaeɛ, mmɔ no kokoa mu, na wɔnhwɛ abusua asɛdeɛ nyina ara.

52 Wɔ saa asɛdeɛ yi nyina ara mu no, ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ no boa panin no berɛ a ɛsɛ mu.

53 Ɔkyerɛkyerɛni n’asɛdeɛ ne sɛ ɔhwɛ asɔre no so daa, na ɔka wɔn ho, hyɛ wɔn den;

54 Na ɔhwɛ sɛ amumuyɔ biara nni asɔre no mu, anaa mansotwe nni wɔn mu, anaa atorɔsɛm, anaa nkɔnkɔnsa, anaa dinsɛeɛ;

55 Na ɔhwɛ sɛ asɔre no taa bɔ mu hyia, na ɔhwɛ sɛ asɔremma no nyina ara yɛ wɔn asɛdeɛ.

56 Na ɔnni nhyiamu no anim berɛ a panin anaa ɔsɔfoɔ nni hɔ—

57 Na ɛsɛ sɛ deaconfoɔ no boa no daa, wɔ n’asɛdeɛ a ɛwɔ asɔre no mu nyina ara, berɛ a ɛsɛ mu.

58 Nanso akyerɛkyerɛfoɔ anaa deaconfoɔ no mu biara nni tumi sɛ wɔbɔ asu, hyira adidi kronkron no so de ma, anaa sɛ wɔde nsa gu obi so;

59 Nanso, ɛwɔ sɛ wɔbɔ kɔkɔ, kyerɛkyerɛ aseɛ, tu fo, na wɔkyerɛkyerɛ, na wɔto nsa frɛ obiara sɛ ɔmmra Kristo hɔ.

60 Opanin, ɔsɔfoɔ, ɔkyerɛkyerɛni, anaa deacon biara wɔ sɛ wɔhyɛ no sɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne frɛ a ɔde ma no teɛ; na ɛwɔ sɛ wɔhyɛ no sɔfoɔ nam Sunsum Kronkron tumi no so a ɛwɔ deɛ ɔhyɛ no sɔfoɔ no mu no.

61 Mpaninfoɔ ahoroɔ a wɔyɛ Kristo asɔre no wɔ sɛ wɔyɛ nhyiamu baako abosome mmiɛnsa biara, anaa berɛ ano berɛ ano sɛdeɛ saa nhyiamu no bɛkyerɛ anaa bɛhyɛ;

62 Na saa nhyiamu no mu na ɛsɛ sɛ asɔre no di dwuma biara a ɛho hia sɛ wɔdi, saa berɛ no.

63 Ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ no gye wɔn tumi krataa firi mpaninfoɔ foforɔ hɔ, wɔ abatoɔ mu wɔ asɔre a wɔn wɔ mu, anaa firi nhyiamu no ase.

64 Ɔsɔfoɔ, ɔkyerɛkyerɛni, anaa deacon biara a ɔsɔfoɔ bi bɛhyɛ no sɔfoɔ no, ɛwɔ sɛ ɔgye abodin krataa firi ne hɔ wɔ saa berɛ no mu, ama sɛ ɔde saa abodin krataa no kyerɛ panin biara a, wanya tumi krataa a ɛma no tumi sɛ ɔnyɛ adwuma a ɛwɔ ne frɛ no mu, anaa ɔbɛtumi agye afiri nhyiamu kɛseɛ bi ase.

65 Ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ obiara sɔfoɔ ma no diberɛ biara wɔ asɔre yi mu, wɔ bea a asɔre no nkorabata no atim dada, wɔ berɛ a saa asɔre no nnto aba;

66 Nanso mpaninfoɔ titenafoɔ, ahwɛfoɔ a wɔtu kwan, agyinatukuo mpaninfoɔ, asɔfoɔ mpaninfoɔ, ne mpaninfoɔ wɔ ho kwan sɛ wɔhyɛ asɔfoɔ, wɔ bea a asɔre no nkorabata nni hɔ a wɔbɛtumi ama wɔato aba.

67 Asɔfodie kɛseɛ no titenani (anaa ɔpanin a ɔyɛ titenani), ɔhwɛfoɔ, ɔfotufoɔ panin, ne sɔfo panin biara no, ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no sɔfoɔ wɔ agyinatukuo anaa amansan nhyiamu akwankyerɛ so.

68 Asɔremma no asɛdeɛ akyire yi a wɔnam asubɔ so agye wɔn no― Ɛwɔ sɛ mpaninfoɔ anaa asɔfoɔ no nya berɛ a ɛdɔɔso de kyerɛkyerɛ fa Kristo asɔre no ho sɛdeɛ wɔbɛte aseɛ, ansana wɔafa Awurade Adidi no na mpaninfoɔ no de wɔ nsa agu wɔn so ahyɛ wɔn den, sɛdeɛ wɔbɛyɛ nneɛma nyina ara wɔ ne kwan so.

69 Na asɔremma no bɛda no adi akyerɛ asɔre no, wɔ mpaninfoɔ no nso anim, wɔ nyamesu nanteɛ ne nkɔmmɔdie mu, sɛ wɔfata wɔ ho, ama nnwuma ne gyedie ada adi sɛdeɛ twerɛ kronkron no ka no—renante kronkronyɛ mu wɔ Awurade anim.

70 Asɔreba biara a ɔwɔ Kristo asɔre no mu a ɔwɔ mma no wɔ sɛ ɔde wɔn brɛ mpaninfoɔ no wɔ asɔre no anim; wɔn na ɛwɔ sɛ wɔde wɔn nsa gu wɔn so wɔ Yesu Kristo din mu, na wɔhyira wɔn wɔ ne din mu.

71 Wɔnntumi nnye obiara mma Krsito asɔre yi mu gye sɛ waduru mfeɛ a ɔtumi bu akontaa wɔ Nyankopɔn anim, na ɔbɛtumi asakyera.

72 Ɛsɛ sɛ wɔyɛ asubɔ wɔ saa kwan yi so ma obiara a wasakyera—

73 Onipa a Onyankopɔn afrɛ no na ɔwɔ tumi firi Yesu Kristo hɔ sɛ ɔbɔ asu no, ɔne nipa a ɔde ne ho aba sɛ wɔmmɔ no asu no bɛkɔ nsuo no mu, na ɔbɛbɔ ne din aka sɛ: Tumidie a Yesu Kristo de ama me nti, mebɔ wo asu wɔ Agya, ne Ɔba, ne Sunsum Kronkron no din mu. Amen.

74 Afei ɔde no bɛnu nsuo no mu, na wafiri nsuo no mu aba bio

75 Ɛho hia sɛ asɔre no taa hyia bɔ mu di paanoo nom bobesa de kae Awurade Yesu.

76 Na panin no anaa ɔsɔfoɔ no bɛhyira so de ama; na saa kwan yi so na ɔbɛfa ahyira so—ɔne asɔre no bɛbu nkotodwe na wafrɛ Agya no wɔ gyedie mpaebɔ mu aka sɛ:

77 O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, yɛsrɛ wo wɔ wo Ba, Yesu Kristo, din mu sɛ hyira saa paanoo yi so na te ho ma akra a wɔbɛdi nyina ara, sɛ wɔbɛdi de akae wo Ba no honamdua no, na adi adanseɛ de akyerɛ wo, O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, na wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛfa wo Ba no din ato wɔn ho so, na wɔakae no aberɛ nyina ara na wɔadi ne mmaransɛm a ɔde ama wɔn no so, ama aberɛ nyina ara no, ne Honhom no aka wɔn ho. Amen.

78 Kwan a wɔfa so hyira bobesa no so de ma—ɔbɛfa kuruwa no nso, na waka sɛ:

79 O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, yɛsrɛ wo wɔ wo Ba, Yesu Kristo, din mu sɛ hyira saa bobesa yi so na te ho ma akra a wɔbɛnom bi no nyina ara sɛ wɔbɛyɛ de akae wo Ba no mogya a ɔhwie gu maa wɔn no; na adi adanseɛ akyerɛ wo, O Onyankopɔn, Ɔnniawieɛ Agya, na wɔakae no aberɛ nyina ara, ama wɔanya ne Honhom no ne wɔn atena. Amen.

80 Kristo n’asɔreba biara a ɔbɛto mmara, anaa mfomsoɔ bi bɛto no no, wɔne no nni sɛdeɛ twerɛsɛm kyerɛ no.

81 Ɛbɛyɛ asɔre ahoroɔ a ɛbɔ mu yɛ Kristo asɔre no asɛdeɛ sɛ, wɔbɛsoma ɔkyerɛkyerɛni baako anaa wɔn mu dodoɔ no ara sɛ wɔnkɔ nhyiamu ahoroɔ a asɔre mpaninfoɔ no frɛ no bi,

82 Na wɔde asɔremma ahoroɔ a wɔabɛka asɔre no ho din a wɔatwerɛ firi berɛ a wɔyɛɛ nhyiamu a ɛtwa toɔ no, anaa wɔde bɛhyɛ ɔsɔfoɔ bi nsa ma ɔde akɔ; sɛdeɛ wɔbɛnya edin a ɛwɔ asɔre mũ no nyina ara mu wɔ nwoma bi mu a mpaninfoɔ no baako bɛhwɛ so, obiara a mpaninfoɔ nkaeɛ no bɛyi no berɛ ano berɛ ano;

83 Na bio, sɛ wɔayi ebinom adi afiri asɔre no mu a, ama wɔatumi apopa wɔn din afiri asɔre mũ no nyina ara wɔ din nwoma no mu.

84 Asɔremma a wɔrefiri asɔre no mu wɔ bea a wɔte no nyina ara, sɛ wɔrekɔ asɔre wɔ bea a wɔnnim wɔn a, wɔbɛtumi agye krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ asɔremma a wɔn wɔ gyinabea pa, saa adanseɛ krataa yi no panin anaa sɔfoɔ biara bɛtumi de ne nsa ahyɛ aseɛ, sɛ asɔreba no a ɔregye krataa no nim panin anaa sɔfoɔ no yie a; anaa akyerɛkyerɛfoɔ ne dikɔnfoɔ a wɔn wɔ asɔre no mu no bɛtumi de wɔn nsa ahyɛ aseɛ.