Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 28


Ɔfã 28

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith, Nkɔmhyɛni no so maa Oliver Cowdery, wɔ Fayette, New York, Ɛbɔ 1830. Na Hiram Page, Asɔreba bi, wɔ ɔboɔ bi a na ɔka sɛ ɛboa no ma ɔnya adiyisɛm a ɛfa Sion nkyekyereeɛ ne Asɔre no nhyehyɛeɛ ho. Na saa nsɛm yi adaadaa asɔremma bebree, mpo ɛnyaa Oliver Cowdery so nkɛntɛnsoɔ bɔne. Ansa na wɔrebɛyɛ nhyiamu bi a wɔahyehyɛ no ara pɛ na Nkɔmhyɛni no de mmɔdemmɔ bisaa Awurade ɛfaa asɛm no ho, na saa adiyisɛm yi baae.

1–7, Joseph Smith kura ahintasɛm nsafoa no, na ɔno nko ara na ɔnya adiyisɛm ma asɔre no; 8–10, Ɛsɛ sɛ Oliver Cowdery ka asɛm no kyerɛ Lamanfoɔ no; 11–16, Satan daadaa Hiram Page na ɔmaa no atorɔ adiyisɛm.

1 Hwɛ, mese wo, Oliver, sɛ wɔde bɛma wo sɛdeɛ asɔre no nyina ara bɛte wo nne wɔ nneɛma nyina ara mu, biribiara a wɔnam Ɔwerɛkyekyefoɔ no so bɛkyerɛ wɔn no, ɛfa adiyisɛm ne mmaransɛm a mede ama no ho.

2 Nanso, hwɛ, nokorɛ, nokorɛ, mese wo, wɔremmfrɛ obiara sɛ ɔnye mmaransɛm ne adiyisɛm wɔ asɔre yi mu, gye m’akoa Joseph Smith, Jun., ɛfiri sɛ ɔnya yeinom mpo te sɛ Mose.

3 Na ɛwɔ sɛ woyɛ setie ma nneɛma a mede bɛma no, mpo sɛ Aaron, na nokorɛ mu, wode me mmaransɛm ne adiyisɛm no to dwa, wɔ tumi ne akwanya mu ma asɔre no.

4 Na sɛ Ɔwerɛkyekyefoɔ no kanyan wo berɛ biara sɛ kasa anaa sɛ kyerɛ adeɛ a, anaa sɛ mmerɛ nyina ara mu no sɛ ɔnam mmara kwan so kanyan wo a, ɛwɔ sɛ woyɛ;

5 Mmom wɔ mmarasɛm kwan so no ɛnni sɛ wotwerɛ, na wɔ nyansa kwan so;

6 Na ɛnni sɛ wohyɛ ɔno a ɔdi wo so, na ɔwɔ asɔre no ti no so;

7 Ɛfiri sɛ mede ahintasɛm nsafoa no ama no, ne adiyisɛm a wɔasɔ ano no, kɔsi sɛ mɛyi ɔfoforɔ ama wɔn asi n’ananmu.

8 Wobɛkɔ Lamanfoɔ no hɔ akɔka m’asɛmpa no akyerɛ wɔn; na mmerɛ dodoɔ a wɔgye wo nkyerɛkyerɛ no, wobɛma wɔakyekyere m’asɔre wɔ wɔn ntam; na wobɛnya adiyisɛm nanso mma ɛnntwerɛ no wɔ mmarasɛm kwan so.

9 Na afei, hwɛ, mese wo sɛ wɔnnaa no adi, na nipa biara nnim faako a wɔbɛsi Sion ahenkuro no, nanso akyire yi wɔde bɛma. Hwɛ, mese wo sɛ ɛbɛwɔ Lamanfoɔ no ahyeɛ no so hɔ.

10 Mma mmfiri saa bea yi kɔsi sɛ wɔbɛwie nhyiamu no; na wɔnam wɔn nne so bɛyi m’akoa Joseph sɛ ɔnhwɛ nhyiamu no so, na deɛ ɔbɛka akyerɛ wo no na wobɛka.

11 Na afei, fa wo nuabarima, Hiram Page, ɔno ne wo nkoa ara ntam, na kakyerɛ no sɛ nneɛma no a watwerɛ afiri saa boɔ no mu no mmfiri me na Satan daadaa no;

12 Ɛfiri sɛ, hwɛ, wɔnyii saa nneɛma yi nhyɛɛ ne nsa, na wɔnnyi biribiara nnhyɛ obi nsa wɔ asɔre yi mu a ɛne asɔre no apam no bɔ abira.

13 Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribiara wɔ ne kwan so, nam adwene a ɛkɔ bɛnkorɔ mu wɔ asɔre no mu, wɔ gyedie mpaebɔ mu.

14 Na wobɛboa asiesie saa nneɛma yi nyina ara, sɛdeɛ asɔre no apam teɛ, ansana woatu kwan akɔ Lamanfoɔ no ntam.

15 Na wɔde bɛma wo firi berɛ a wobɛkɔ, kɔsi berɛ a wobɛsan aba, deɛ wobɛyɛ.

16 Na ɛsɛ sɛ wobue w’ano aberɛ nyina ara, na wode anigyeɛ nnyegyeɛ de m’asɛmpa no to dwa. Amen.