Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 37


Ɔfã 37

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no ne Sidney Rigdon, wɔ bea a ɛbɛn Fayette, New York, Ɔpɛnimma 1830. Ɛhanom na wɔde mmarasɛm a ɛdi kan a ɛfa asɔremma anoboaboa wɔ saa asɛmpa berɛ yi mu maaeɛ.

1–4, Wɔfrɛ ahotefoɔ no sɛ wɔmmoaboa wɔn ho ano wɔ Ohio.

1 Hwɛ, mese mo sɛ ɛho nhia mma me sɛ mobɛkɔ so akyerɛ aseɛ kɔsi sɛ mobɛkɔ Ohio, na yei ɛnam ɔtamfoɔ no ne mo yieyɛ nti.

2 Na bio, mese mo sɛ mma monnkɔ, kɔsi sɛ mobɛka m’asɛmpa no wɔ saa mmeaɛ no mu na mobɛhyɛ asɔre no den baabibiara a ebi wɔ, titire paa ara wɔ Colesville; ɛfiri sɛ, hwɛ, wɔbɔ mpaeɛ kyerɛ me wɔ gyidie kɛseɛ paa ara mu.

3 Na bio, yei ne mmarasɛm a mede rema asɔre no, sɛ ɛho hia ma me sɛ mobɛhyia abɔ mu wɔ Ohio, de atwɛn berɛ a Oliver Cowdery bɛsan aba wɔn nkyɛn bio.

4 Hwɛ, nyansa nie, na ma onipa biara nyi mma neho kɔsi sɛ mɛba. Mpo saa ara. Amen.