Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 86


Ɔfã 86

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ɔpɛnimma 6, 1832. Wɔnyaa saa adiyisɛm yi berɛ a na Nkɔmhyɛni no rehwehwɛ na ɔretenetene Twerɛ Kronkron no nsa ano atwerɛ nkyerɛaseɛ nwoma no.

1–7, Awurade ma ayuo ne nwura nwura bɔne abɛbusɛm no nkyerɛaseɛ; 8–11, Ɔkyerɛkyerɛ asɔfodie nhyira a wɔde ma wɔn a wɔyɛ adedifoɔ wɔ mmara kwan so wɔ honam fam no mu.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade se mo me nkoa nie, ɛfa ayuo ne nwura bɔne abɛbusɛm no ho no:

2 Hwɛ, nokorɛ mese, afuo no ne wiase, na asomafoɔ no ne agufoɔ a wɔgu aba no;

3 Na akyire yi a wɔadeda no asɔre no taafoɔ kɛseɛ no, ɔwaefoɔ no, odwamanfoɔ no, mpo Babel, deɛ ɔhyɛ aman nyina ara ma wɔnom ne kuruwa ano no, deɛ ɔtamfo no, mpo Satan, te wɔn akoma mu di hene no—hwɛ ɔno na ɔdua nwura bɔne no; ɛno nti, nwura no mia ayuo no na ɛpamo asɔre no kɔ ɛserɛ no so.

4 Nanso hwɛ, nna a ɛtwa toɔ no mu no, mpo seesei a Awurade rehyɛ aseɛ sɛ ɔde n’asɛm reba no, a ahahan no refefɛ na ɛgu so yɛ bɛtɛɛ no—

5 Hwɛ, nokorɛ mese mo, abɔfoɔ no reteam kyerɛ Awurade adekyeɛ ne adesaeɛ, na wɔayɛ krado retwɛn sɛ wɔbɛsoma wɔn akɔ sɛ wɔnkɔtwa mfuo no;

6 Nanso Awurade se wɔn sɛ, monntutu nwura no berɛ a nhahan no da so yɛ bɛtɛɛ (ɛfiri sɛ nokorɛ mo gyedie yɛ mmrɛ), anyɛ saa a mobɛsɛe ayuo no nso.

7 Ne saa nti, momma ayuo no ne nwura bɔne no nyini mmɔ mu kɔsi sɛ otwa berɛ no bɛduru koraa; afei mobɛdikan aboaboa ayuo no afiri nwura bɔne no ntam, na moaboaboa ayuo no ano awie no, hwɛ na hunu, wɔbɛkyekyere nwura bɔne no afiafi, na ɛbɛka sɛ wɔbɛhye afuo no.

8 Ne saa nti, sɛdeɛ Awurade se mo nie, mo a asɔfodie no akɔso aka mo ho nam mo agyanom anatoɔ so—

9 Ɛfiri sɛ moyɛ adedifoɔ wɔ mmara kwan so, sɛdeɛ honam fa mu teɛ, na wɔde mo ne Kristo asie afiri wiase wɔ Onyankopɔn mu—

10 Ne saa nti mo nkwa ne asɔfodie no da so wɔ hɔ, na ɛho hia sɛ ɛbɛwɔ hɔ nam mo ne mo asefoɔ so kɔsi sɛ wɔde nneɛma nyina ara bɛsan aba bio, deɛ nkɔmhyɛfoɔ kronkron no nyina ara nam wɔn ano so aka firi wiase ahyɛaseɛ no.

11 Ne saa nti, nhyira ne mo sɛ mokɔ so tena me papayɛ mu a, ɛyɛ hann ma Amanamanmufoɔ no, na monam saa asɔfodie yi so ayɛ agyenkwa ama me nkorɔfoɔ Israel. Awurade na waka. Amen.