Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 34


Ɔfã 34

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Orson Pratt, wɔ Fayette, New York, Obubuo 4, 1830. Na onuabarima Pratt anya mfeɛ dunkron saa berɛ no. Na wɔasakyera ma wɔabɔ no asu dapɛn nsia ansa na ɔrebɛte sɛ ne nua panin, Parley P. Pratt reka asɛmpa a wɔasan de aba no ho asɛm. Wɔnyaa saa adiyisɛm yi wɔ Peter Whitmer Sr., fie.

1–4, Nokorɛfoɔ no bɛyɛ Onyankopɔn mma nam Mpata no so; 5–9, Asɛmpaka no siesie kwan ma mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no; 10–12, Nkɔmhyɛ nam Honhom Kronkron no so na ɛba.

1 Me babarima Orsen, tie na te na hwɛ deɛ Me, Awurade Nyankopɔn mɛka akyerɛ wo, mpo Yesu Kristo wo Gyefoɔ no;

2 Wiase no hann ne ne nkwa no, hann a ɛhyerɛn wɔ esum mu, na esum no ante no aseɛ no;

3 Deɛ ɔdɔɔ wiase yie maa ɔde n’ankasa nkwa maaeɛ no, sɛdeɛ dodoɔ a wɔbɛgye no adie no bɛtumi abɛyɛ Onyankopɔn mma. Ɛno nti, woyɛ me ba;

4 Na nhyira nka wo ɛfiri sɛ woagye adi;

5 Na nhyira nka wo pii ɛfiri sɛ mafrɛ wo sɛ ka m’asɛmpa no—

6 Sɛ ma wo nne so tesɛ totorobɛnto nnyegyeɛ, tententene ne dennennen, tea mu ka nsakyeraeɛ kyerɛ saa awoɔntoatoasoɔ yi a wɔakyea na wɔakontono yi, na fa siesie Awurade kwan ma ne mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no.

7 Na hwɛ, nokorɛ, nokorɛ, mese wo, berɛ no anya abɛn a mɛba wɔ mununkum mu, wɔ tumi ne animuonyam kɛseɛ mu.

8 Na ɛbɛyɛ da kɛseɛ, wɔ me mmaeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ aman nyina ara ho bɛpopo.

9 Nanso ansa na saa da kɛseɛ no bɛba no, owia no bɛduru sum, na ɔsrane adane mogya; na nsoroma bɛpo wɔn hyerɛn, na binom bɛtete atotɔ, na ɔsɛeɛ kɛseɛ retwɛn atirimuɔdenfoɔ.

10 Ɛno nti, ma wo nne so na ɛnntwentwɛn wo nan ase, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn akasa; ɛno nti hyɛ nkɔm, na wɔnam Sunsum Kronkron no so de bɛma wo.

11 Na sɛ woyɛ nokorɛfoɔ a, hwɛ, meka wo ho kɔsi sɛ mɛba—

12 Na nokorɛ, nokorɛ, mese wo, mereba mpofirim. Me ne wo Awurade ne wo Gyefoɔ. Aane. Amen.