Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 22


Ɔfã 22

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith, Nkɔmhyɛni no so, wɔ Manchester, New York, Oforisuo 6, 1830. Saa adisyisɛm yi wɔde maa Asɔre no esiane wɔn a na wɔabɔ wɔn asu dada a wɔpɛ sɛ wɔbɛdɔm Asɔre no, na wɔmmpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu bio.

1, Asubɔ yɛ daapem apam foforɔ; 2–4, Asubɔ a afiri deɛ ɔwɔ tumi hɔ no na ɛhia.

1 Hwɛ, mese mo sɛ, mahyɛ sɛ, apam dada nyina ara no, wɔnyi mfiri hɔ wɔ yei mu; na yei yɛ daapem apam, mpo deɛ ɛwɔ hɔ firi ahyɛaseɛ no.

2 Ɛno nti, sɛ onipa bɛbɔ asu mprɛ ɔha mpo a, ɛrennyɛ no mmoa biara, ɛfiri sɛ monntumi mmfa Mose mmara no, anaa mo nnwuma a ɛwuo no nnhyɛne ɔpono hiahia no mu.

3 Na esiane mo nnwuma a ɛwuo nti na mahyɛ sɛ wɔnhyehyɛ apam a ɛtwa toɔ yi ne asɔre yi mma me, mpo te sɛ tete nna no mu.

4 Ɛno nti, monhyɛne ɔpono no mu, sɛdeɛ mahyɛ no, na monnhwehwɛ sɛ mobɛtu Onyankopɔn fo. Amen.