Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 112


Ɔfã 112

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Thomas B. Marsh, wɔ Kirtland, Ohio Kitawonsa 23, 1837, ɛfa Adwammaa no Asomafoɔ Dumienu no ho. Wɔnyaa saa adiyisɛm yi wɔ da a Mpanimfoɔ Heber C. Kimball ne Orson Hyde dii kan kaa asɛmpa no wɔ Enyirensi. Saa berɛ no na Thomas B. Marsh yɛ Asomafoɔ Dumienu Kuo no Titenani.

1–10, Ɛwɔ sɛ Dumienu no soma asɛmpa no na wɔma kɔkɔbɔ nne so kyerɛ aman ne nnipa nyina ara; 11–15, Ɛwɔ sɛ wɔma wɔn asɛnnua so, di Yesu akyi, na wɔyɛn Ne nnwan; 16–20, Wɔn a wɔgye Titenafoɔ a Wɔdi Kan no gye Awurade; 21–29, Esum kata asase no so, na wɔn a wɔgye di na wɔbɔ asu nko ara na wɔbɛgye wɔn nkwa; 30–34, Titenafoɔ a Wɔdi Kan no ne Dumienu no kura asɛmpa berɛ so nsafoa wɔ mmerɛ mahyɛ no mu.

1 Nokorɛ sɛdeɛ Awurade se wo m’akoa Thomas nie: mate wo mpaebɔ; na wo mmɔborɔhunu adeɛ aforo aba sɛ nkaedum wɔ m’anim, deɛ wode boaa wɔn, a wɔyɛ wo nuanom, a wɔpaw wɔn sɛ wɔnni me din ho adanseɛ na wɔmfa nkɔ amannɔne wɔ aman nyina ara mu, mmusuakuo, kasa, ne nnipa mu, na wɔhyɛɛ wɔn asɔfoɔ nam me nkoa so no.

2 Nokorɛ mese wo sɛ, nneɛma kakra bi wɔ wo akoma mu ne wo ho a Me, Awurade, ɛnnsɔ, m’ani yie.

3 Nanso, ɛnam sɛ woabrɛ wo ho ase nti wɔbɛma wo so; ne saa nti, wɔde wo bɔne nyina ara akyɛ wo.

4 Ma w’akoma ntɔ wo yam wɔ m’anim; na wobɛdi me din ho adanseɛ akyerɛ, nnyɛ Amanamanmufoɔ no nko ara, mmom ka kyerɛ Yudafoɔ no nso; na wode m’asɛm bɛfiri adi akɔ asase ano.

5 Ne saa nti, di aperepereɛ anɔpa ne anɔpa biara; na da ne da nyina ara no, ma wo kɔkɔbɔ nne mfiri adi nkɔ ; na sɛ ɛduru anadwo a, mma asase sotefoɔ nntɔ nko, esiane wo kasa nti.

6 Ma wɔnhunu wo tenabea wɔ Sion, na ma nntu mmfiri wo fie hɔ; ɛfiri sɛ me, Awurade, wɔ adwuma kɛseɛ bi ma wo yɛ, sɛ wobɛbɔ me din ho dawuro akyerɛ nnipa mma.

7 Ne saa nti bɔ wo asene mu abɔsoɔ. Na ma wɔnhyɛ wo nan mpaboa nso, ɛfiri sɛ wɔapa wo, na w’anammɔn kwan da mmepɔ no ntam, ne aman pii ntam.

8 Na ɛnam w’asɛm so no wɔbɛbrɛ aberempɔn ase, na ɛnam w’asɛm so wɔbɛma awiemfoɔ so.

9 Wo nne bɛyɛ animka ama mmaratofoɔ; na fa w’animka ma osekufoɔ tɛkrɛma nnyae ne nsɛmmɔne.

10 Brɛ wo ho ase; na Awurade wo Nyankopɔn bɛsɔ wo nsa akyerɛ wo kwan, na ɔbɛma wo wo mpaebɔ ho mmuaeɛ.

11 Menim w’akoma, na mate wo mpaebɔ ɛfa wo nuanom ho. Nnyɛ nyiyimu nnɔ wɔn nnkyɛn afoforɔ pii, mmom ma wo dɔ a wode ma wɔn no nyɛ tesɛ deɛ wode ma wo ho no; na ma wo dɔ nnɔɔso mma nnipa nyina ara, ne wɔn a wɔdɔ me din nyina ara.

12 Na bɔ mpaeɛ ma wo nuanom a wɔka Dumienu no ho. Kasa denden kyerɛ wɔn ɛnam me din nti, na ma wɔnnya kasakyerɛ wɔ wɔn bɔne nyina ara ho, na yɛ nokorɛfoɔ ma me din.

13 Na wɔn nsɔhwɛ, ne amanehunu pii akyiri no, hwɛ, me, Awurade, mɛnya atenka atwe abɛn wɔn, na sɛ wɔannyɛ wɔn akoma den, na wɔannsene wɔn kɔn anntia me a, wɔbɛsakyera wɔn, na mɛsa wɔn yareɛ.

14 Afei, mese wo, na deɛ meka kyerɛ wo no, meka kyerɛ Dumienu no nyina ara: Sɔre na bɔ w’asene mu abɔsoɔ, fa w’asɛnnua, di m’akyi, na yɛn me nnwan.

15 Mma mommema mo ho so; mma monnte atua wɔ m’akoa Joseph so; ɛfiri sɛ nokorɛ mese mo, meka ne ho, na me nsa bɛwɔ ne so; na nsafoa a mede ama no ne mo no, wɔrennye mmfiri ne hɔ kɔsi sɛ mɛba.

16 Nokorɛ mese wo, m’akoa Thomas, sɛ wone nipa a mapa no sɛ ɔnkura m’ahemman no nsafoa, deɛ ɛfa Dumienu no ho, wɔ amannɔne aman nyina ara ntam—

17 Ama woatumi ayɛ m’akoa a ɔbɛbue ahemman no pono wɔ mmeammea biara a m’akoa Joseph, ne m’akoa Sidney, ne m’akoa Hyrum, nntumi mma no;

18 Ɛfiri sɛ wɔn so na mede nsɔre no adesoa nyina ara ato berɛ tiawa bi.

19 Ɛno nti, baabibiara a wɔbɛsoma wo no, kɔ, na mɛka wo ho; na baabibiara a wobɛbɔ me din ho dawuro no wɔbɛbue ɛpono a ɛdi mũ ama wo, na wɔatumi agye m’asɛm.

20 Obibiara a ɔgye m’asɛm no gye me, na obibiara a ɔgye me no, gye wɔn a wɔyɛ Titenafoɔ a Wɔdi Kan, a masoma wɔn no, wɔn a mayɛ wɔn fotufoɔ ama wo ɛnam me din nti.

21 Na bio, mese mo sɛ, obibiara a mobɛsoma no wɔ me din mu, nam wo nuanom Dumienu no nne so, a wo akamfo no wɔ kwan pa so na woama ho kwan no, ɔbɛnya tumi sɛ ɔbɛbue m’ahemman no pono ama ɔman biara, baabibiara a mobɛsoma no—

22 Mpɛn dodoɔ a wɔbɛbrɛ wɔn ho ase wɔ m’anim, na wɔbɛtena m’asɛm mu, na wɔbɛtie me Honhom nne.

23 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo, esum kata asase so, na esum kabii kata nkorɔfoɔ no adwene so, na honam nyina ara aporɔ wɔ m’anim.

24 Hwɛ, awerɛtɔ reba ntɛm so wɔ asase sotefoɔ so, na abufuhyeɛ da, ɔhyeɛ da, amanfo da, ɛsu, agyaadwoɔ, ne kwadwom da; na ɛbɛba asase so nyina ara tesɛ kyinhyia mframa no, Awurade na ɔseɛ.

25 Na me fie so na ɛbɛhyɛ aseɛ afiri, na ɛfiri me fie a, ɛbɛkɔ adi, Awurade na ɔseɛ;

26 Ɛbɛdi kan me fie mu na ɛbɛfiri adi akɔ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, wɔn a wɔka sɛ wɔnim me din na wɔnnim me, na wɔaka abususɛm atia me wɔ me fie, Awurade na ɔseɛ.

27 Ne saa nti, monhwɛ sɛ monnha mo ho ɛfa m’asɔre dwumadie ho wɔ saa bea yi, Awurade na ɔseɛ.

28 Nanso monnwira mo akoma mu wɔ m’anim; na afei monkɔ wiase nyina ara, na monka m’asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ biara a ɔnnyaae;

29 Na deɛ ɔgye die na wɔbɔ no asu no, wɔbɛgye no nkwa, na deɛ wannye annie na wɔammɔ no asu no, wɔbɛbu no fɔ.

30 Ɛfiri sɛ mo, Dumienu no, ne wɔn a wɔyɛ Titenafoɔ a Wɔdi Kan, a wɔayi wɔn aka mo ho sɛ wɔnyɛ mo afotufoɔ ne akannifoɔ no na wɔde saa asɔfodie yi tumi ama, wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu ne mmerɛ a ɛtwa toɔ, ɛno mu na asɛmpa berɛ mu mahyɛ no wɔ,

31 Saa tumi no na mokura, mo ne wɔn a wɔanya asɛmpa berɛ ano nyina ara wɔ berɛ biara mu, firi abɔdeɛ ahyɛase no;

32 Ɛfiri sɛ nokorɛ mese mo, asɛmpa berɛ ano no nsafoa a moanya no, asiane firi agyanom no hɔ na aba, na deɛ ɛtwa toɔ koraa no, wɔde asoma afiri soro na abrɛ mo.

33 Nokorɛ mese mo, hwɛ sɛdeɛ mo frɛ yɛ kɛseɛ fa. Monte mo akoma mu ne mo ntaadeɛ ho, anyɛ saa a wɔbɛbisa saa awoɔntoatoasoɔ yi mogya afiri mo nsa mu.

34 Monyɛ nokorɛfoɔ kɔsi sɛ mɛba, ɛfiri sɛ mereba ntɛmso; na m’akatua kura me a mede rebɛtua onipa biara ka sɛdeɛ n’adwuma bɛyɛ. Mene Alfa ne Omega. Amen.