Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 2


Ɔfã 2

Nyi-firi-mu-nsɛm a ɛfiri Joseph Smith abakɔsɛm mu a ɛkyerɛ ɔbɔfoɔ Moronae nsɛm a ɔde maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith, berɛ a na ɔwɔ nkɔmhyɛni no papa fie wɔ Manchester, New York, wɔ Ɛbɔ da 21 anwummerɛ, 1823. Moronae na ɔtwa toɔ wɔ abakɔsɛm-atwerɛfoɔ santene tentene a wɔyɛɛ twerɛtohɔ yi a seesei ɛda wiase anim sɛ Mormon Nwoma No. (Fa toto Malaki 4:5–6; ɔfa 27:9; 110:13–16; ne 128:18 nso).

1, Elia bɛda asɔfodie no adi; 2–3, Wɔadua agyanom bɔhyɛsɛm no wɔ mma no akoma mu.

1 Hwɛ, mɛda asɔfɔdie no adi akyerɛ mo, nam nkɔmhyɛni Elia nsa so, ansa na Awurade da kɛseɛ, na ɛyɛ hu no aba.

2 Na ɔbɛdua wɔ mma no akoma mu bɔhyɛsɛm a wɔyɛ maa agyanom no, na mma no akoma bɛdane akɔ wɔn agyanom so.

3 Sɛ anyɛ saa a, asase no nyina ara bɛsɛe korakora wɔ ne mmaeɛ no.