Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 61


Ɔfã 61

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so, wɔ Missouri Asubɔntene ano, McIlwaine’s Bend, Ɔsannaa, 12 1831. Wɔsan kɔɔ Kirtland bio no, na Nkɔmhyɛni no ne mpaninfoɔ du atwa kwan asiane Missouri Asubɔntene no wɔ kodoɔ mu. Da a ɛtɔ so mmiɛnsa wɔ akwantuo mu no, wɔhyiaa asiane bebree. Ɔpanin William W. Phelps, hunuu ɔsɛefoɔ no, wɔ anisoadehunu mu, awia ketee, sɛ ɔnam nsuo no ani so wɔ tumi mu.

1–12, Awurade ahyɛ ɔsɛeɛ mmara pii wɔ asuo no so; 13–22, Yohane domee asuo no, na ɔsɛefoɔ no nenam so; 23–29, Ebinom wɔ tumi sɛ wɔhyɛ asuo no; 30–35, Ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ no tu kwan baanu baanu kɔka asɛmpa no; 36–39, Ɛsɛ sɛ wɔsiesie wɔn ho ma Onipa Ba no mmaeɛ no.

1 Monhwɛ, na montie deɛ ɔwɔ tumi nyina ara no nne, deɛ ɔfiri daapem kɔsi daapem, mpo Alfa ne Omega, mfitiaseɛ ne awieɛ no.

2 Hwɛ, nokorɛ sɛdeɛ Awurade se mo nie, O m’asɔre mpaninfoɔ, a moahyia mu wɔ saa bea yi, mo a seesei yi wɔde mo bɔne akyɛ mo, ɛfiri sɛ me Awurade na, mede bɔne kyɛ, na meyɛ mmɔborɔhunufoɔ ma wɔn a wɔde ahobrɛaseɛ akoma ka wɔn bɔne;

3 Nanso nokorɛ mese mo, sɛ ɛho nhia sɛ saa me mpaninfoɔ kuo yi nyina ara de ahoɔhare bɛfa asuo yi so wɔ berɛ a ɛsotefoɔ a wɔwɔ afa ne afa resɛe wɔ annye-annie mu.

4 Nanso, memaa ho kwan sɛdeɛ mobɛdi adanseɛ; hwɛ, asiane pii wɔ asuo no so, na ɛbɛdɔɔso titiriw akyire yi.

5 Ɛfiri sɛ me, Awurade, mahyɛ ɔsɛeɛ pii wɔ m’abufuo mu wɔ asuo no so; aane, titiriw wɔ saa nsuo yi so.

6 Nanso, honam nyina ara wɔ me nsam, na deɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ wɔ mo mu no rennwu wɔ asuo so.

7 Ɛno nti, ɛho hia sɛ m’akoa Sidney Gilbert ne m’akoa William W. Phelps bɛyɛ ntɛm wɔ wɔn soma ne wɔn asɛmpatrɛ ho.

8 Nanso, memma kwan sɛ mobɛkɔ kɔsi sɛ wɔbɛtwe mo aso wɔ mo bɔne ho, sɛdeɛ mobɛyɛ baako, ama moannwu wɔ amumuyɔ mu;

9 Nanso afei, nokorɛ mese, ɛho hia me sɛ mokɔ. Ɛno nti momma me nkoa Sidney Gilbert ne William W. Phelps mfa wɔn mfɛfoɔ dada no, na momma wɔntu wɔn kwan wɔ ahoɔhare so ama wɔawie wɔn asɛmpatrɛ no, na wɔafa gyedie so adi nkonim.

10 Na mmerɛ dodoɔ a wɔyɛ nokorɛfoɔ no, wɔbɛkora wɔn, na Me, Awurade, mɛka wɔn ho.

11 Na momma nkaeɛ no mfa deɛ ɛbɛhia nyɛ aduradeɛ.

12 Momma m’akoa Sidney Gilbert mfa deɛ ɛbɛhia nka ne ho, sɛdeɛ mobɛgye ato mu.

13 Na afei, hwɛ, mo yieyɛ nti memaa mo mmarasɛm ɛfa saa nneɛma yinom ho; na me, Awurade, ne mo bɛdwene tesɛ deɛ me ne nnipa a na wɔn wɔ tete nna mu no yɛɛeɛ no.

14 Hwɛ, me, Awurade, wɔ mfitiaseɛ no hyiraa asuo no; nanso nna a ɛtwa toɔ mu no, menam m’akoa Yohane ano so, domee asuo no.

15 Ɛno nti, nna no bɛba a honam biara mmfa ne ho sɔnn wɔ asuo no so.

16 Na wɔbɛka no saa nna no a ɛreba no mu sɛ, obiara nntumi nnkɔ Sion asase so wɔ asuo so, gye sɛ deɛ ɔtene wɔ akoma mu.

17 Na, sɛdeɛ me, Awurade, mfitiaseɛ no medomee asase no, mpo saa ara na nna a ɛtwa toɔ no mahyira no, wɔne berɛ mu, sɛ ahoteɛfoɔ no mfa, ama wɔadi so sradeɛ.

18 Na afei mema mo mmarasɛm sɛ, deɛ meka kyerɛ ɔbaako no meka kyerɛ obiara, ama moabɔ mo nuanom kɔkɔ ansa ɛfa saa asuo yi ho, ama wɔanntu kwan ammfa so, anyɛ saa a wɔn gyedie bɛdi ntwo na wɔatɔ fidie a wɔasum mu;

19 Me, Awurade, mahyɛ, na ɔsɛefoɔ no nenam ɛso, na merenntwe deɛ mahyɛ no nnsan.

20 Me, Awurade, me bo fuu mo nnora, nanso ɛnnɛ m’abufuo adane kɔ.

21 Ɛno nti, momma wɔn a maka wɔn ho asɛm no, a ɛwɔ sɛ wɔtu wɔn kwan ahoɔhare so no—bio meka kyerɛ mo, momma wɔntu wɔn kwan no ahoɔhare so.

22 Na ɛmmfa me ho, mmerɛ kakra akyi, sɛ wɔbɛtumi awie wɔn asɛmpatrɛ no sɛ wɔbɛfa nsuo so anaa asase so akɔ; momma yei nyɛ sɛdeɛ wɔada no adi akyerɛ wɔn no, sɛdeɛ wɔn nsusuiɛ bɛkyerɛ akyire yi.

23 Na afei, ɛfa me nkoa, Sidney Ridgon, Joseph Smith, Jun., ne Oliver Cowdery ho no, mma wɔmmfa asuo no so bio mma, gye sɛ wɔfa suka no so, berɛ a wɔretu kwan akɔ wɔn afie no; anaa nsɛm foforɔ mu no, mma wɔmmfa asuo no so ntu kwan, gye sɛ suka no so.

24 Hwɛ, Me, Awurade, mayi kwan a m’ahoteɛfoɔ mfa so ntu kwan; na hwɛ, yei ne kwan no—na sɛ wɔnya firi suka no mu wie a wɔntu kwan mfa asase so, mmerɛ dodoɔ a wɔahyɛ wɔn sɛ wɔntu kwan na wɔnkɔ Sion asase so no;

25 Na wɔbɛyɛ sɛ Israel mma no, wɔbɛsisi wɔn ntomadan wɔ kwan so.

26 Na, hwɛ, saa mmarasɛm yi mode bɛma mo nuanom nyina ara.

27 Nanso, deɛ wɔama no tumi wɔ asuo no so no, ɔno na Honhom no ma ɔhunu n’akwan nyina ara;

28 Ɛno nti, momma ɔnyɛ sɛdeɛ Onyankopɔn teasefoɔ Honhom no hyɛ no, sɛ ɛyɛ asase so anaa asuo so, sɛdeɛ ɛwɔ me hɔ sɛ meyɛ akyire yi.

29 Na mo na wɔde ahoteɛfoɔ kwan no ama, anaa kwan a ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ Awurade nsraban mu no bɛfa so atu kwan.

30 Na bio, nokorɛ mese mo, me nkoa Sidney Ridney, Joseph Smith, Jun., ne Oliver Cowdery, sɛ ɛnnsɛ sɛ wɔbue wɔn ano wɔ atirimuɔdenfoɔ asafo mu kɔsi sɛ wɔbɛduru Cincinnati;

31 Na wɔ saa bea hɔ no wɔbɛma wɔn nne so akyerɛ Onyankopɔn atia nkorɔfoɔ no, aane akyerɛ ɔno a n’abufuo redɛre tia wɔn atirimuɔdensɛm, nkorɔfoɔ a wɔanyini pa ara ama ɔsɛeɛ no.

32 Na ɛfiri hɔ no, wɔntu kwan nkɔ wɔn nuanom asafo mu, ɛfiri sɛ wɔn nnwuma seesei mpo ho abɛhia kɛse pa ara wɔ wɔn ntam kyɛn atirimuɔdenfoɔ no asafo mu.

33 Na afei, ɛfa nkaeɛ no ho, momma wɔntu kwan na wɔnka asɛm no wɔ atirimuɔdenfoɔ no asafo mu, mmerɛ dodoɔ a Awurade de bɛma;

34 Na mmerɛ dodoɔ a wɔyɛ yei no wɔbɛhohoro wɔn ntaadeɛ mu, na wɔrennya nkekaawa biara wɔ wɔn mu wɔ m’anim.

35 Na momma wɔntu kwan mmɔ mu, anaa baanu baanu, sɛdeɛ ɛyɛ ma wɔn, na ma m’akoa Reynolds Cahoon, ne m’akoa Samuel H. Smith, deɛ ɔsɔ m’ani yie no, nko ara na mma wɔnntete wɔn mu kɔsi sɛ wɔbɛsan akɔ wɔn afie, na yei ɛnam nyansa botaeɛ bi a ɛwɔ me mu nti.

36 Na afei, nokorɛ mese mo, na deɛ meka kyerɛ ɔbaako no meka kyerɛ obiara, momma mo bo ntɔ mo yam, mmɔfra nketewa; ɛfiri sɛ mewɔ mo mfimfini, na menyaee mo;

37 Na esiane sɛ moabrɛ mo ho ase wɔ m’anim nti, ahemman no nhyira no yɛ mo dea.

38 Mommɔ m’asene mu na monwɛn na momma mo ani nna hɔ, monhwɛ Onipa Ba no mmaeɛ no kwan, ɛfiri sɛ ɔreba dɔnhwere a monnwene ho.

39 Mommɔ mpaeɛ berɛbiara ama moannkɔ sɔhwɛ mu, ama moatumi agyina ne mmaeɛ da no ano, sɛ ɛyɛ nkwa mu anaa owuo mu. Mpo saa ara Amen.