Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 136


Ɔfã 136

Awurade asɛm ne ne pɛ a Ɔnam Nkɔmhyɛni Brigham Young so de maae wɔ Winter Quarters, Israel nsraban mu, Omaha Man mu, wɔ Missouri Asubɔnten atɔeɛ fam nsunoa, a ɛbɛn Council Bluffs, Iowa.

1–16, Wɔkyerɛ kwan a wɔmfa so nhyehyɛ Israel nsraban mma atɔeɛ fam akwantuo no; 17–27, Wɔhyɛ Ahoteɛfoɔ no sɛ wɔnni asɛmpa susudua bebree so; 28–33, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no to dwom, wɔdi asa, bɔ mpaeɛ, na wɔsua nyansa; 34–42, Wɔkum Nkɔmhyɛfoɔ no sɛdeɛ wɔbɛdi wɔn nni na wɔabu atirimuɔdenfoɔ fɔ.

1 Awurade Asɛm ne ne Pɛ a ɛfa Israel Nsraban ho wɔ wɔn akwantuo a wɔretu akɔ Atɔeɛ no.

2 Momma nkorɔfoɔ a wɔn wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no mu, ne wɔn a wɔ ne wɔn retu kwan no nhyehyɛ wɔn ho akuoakuo mu, na wɔnyɛ apam na wɔnhyɛ bɔ sɛ wɔbɛdi Awurade yɛn Nyankopɔn mmaransɛm ne n’ahyɛdeɛ nyina ara so.

3 Momma akuoakuo no nhyehyɛ wɔn ho ɔhaha ne wɔn asafohene, aduonum aduonum ne wɔn asafohene, du du ne wɔn asafohene, na titenani ne n’afotufoɔ baanu nhwɛ wɔn so, wɔ Asomafoɔ Dumienu no akwankyerɛ ase.

4 Na yei bɛyɛ yɛn apam—sɛ yɛbɛnante wɔ Awurade ayɛyɛdeɛ nyina ara mu.

5 Momma kuo biara mpɛ mma wɔn ho anantwie, apɔnkɔ-twe teaseɛnam, aduane, aduradeɛ, ne nneɛma afoforɔ a wɔbɛtumi anya a wɔbɛhia wɔ wɔn akwantuo no mu.

6 Sɛ wɔhyehyɛ akuoakuo no wie a, momma wɔmfa wɔn ahoɔden nkɔ, nkɔsiesie wɔn ho ntwɛn wɔn a wɔbɛka akyire no.

7 Momma kuo biara, ne wɔn asafohene ne titenafoɔ, nsi gyinaeɛ wɔ nnipa dodoɔ a wɔbɛtumi akɔ hɔ fefɛ berɛ a ɛreba yi ho; afei wɔnyi nnipa a wɔn wɔ honam mu ahoɔden na wɔnim de ne nimdeɛfoɔ a wɔbɛso, ma wɔmfa anantwie, nnuaba, ne nnadeɛ a wɔde yɛ afuo, na wɔnkɔ sɛ akannifoɔ na wɔnkɔ yɛ ahoboa sɛ wɔbɛdua fefɛ berɛ afifideɛ no.

8 Momma kuo biara nya pɛpɛɛpɛ, sɛdeɛ wɔn agyapadeɛ nkyekyɛmu teɛ, wɔ hwɛ a wɔbɛhwɛ ahiafoɔ, akunafoɔ, nnwisiaa, ne wɔn a wɔakɔ ɔsa mu mmusuafoɔ, ama akunafoɔ ne nnwisiaa su amma Awurade aso mu anntia saa nkorɔfoɔ yi.

9 Momma kuo biara nsiesie afie, ne aburoo a wɔde bɛdua mfuo so, ama wɔn a wɔbɛka akyire saa berɛ yi; na yei ne Awurade pɛ ɛfa ne nkorɔfoɔ ho.

10 Momma onipa biara mfa ne nkɛntɛnsoɔ ne n’agyapadeɛ a ɔwɔ mfa nyi saa nkorɔfoɔ yi nkɔ bea a Awurade bɛyi sɛ Sion pɛɛwa no.

11 Na sɛ mode akoma a ɛmu teɛ yɛ yei, wɔ nokorɛdie nyina ara mu a, wɔbɛhyira mo; wɔbɛhyira mo wɔ mo nnwankuo mu, wɔ mo mmoakuo, ne mo mfuo mu, ne mo afie mu, ne mo mmusuafoɔ mu.

12 Momma me nkoa Ezra T. Benson ne Erastus Snow nhyehyɛ kuo.

13 Na momma me nkoa Orson Pratt ne Wilford Woodruff nhyehyɛ kuo.

14 Momma me nkoa Amasa Lyman ne George A. Smith nhyehyɛ kuo.

15 Na monyi titenafoɔ, ne ɔhaha so, ne aduonum aduonum so, ne du du so asafohene.

16 Na momma me nkoa a wɔayi wɔn no nkɔ nkɔkyerɛkyerɛ yei, a ɛyɛ me pɛ, nkyerɛ ahoteɛfoɔ no, ama wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkɔ asomdwoeɛ asase so.

17 Monkɔ mo kwan na monyɛ sɛdeɛ maka akyerɛ mo no, na monnsuro mo atamfoɔ; ɛfiri sɛ wɔrennya tumi nnsi m’adwuma ho kwan.

18 Na wɔbɛgye Sion wɔ me ara me berɛ a ɛsɛ mu.

19 Na sɛ onipa bi hwehwɛ sɛ ɔbɛma ne ho so, na ɔnnhwehwɛ m’afotuo a, ɔrennya tumi biara, na wɔbɛda ne nkwaseasɛm adi.

20 Monhwehwɛ; na monkora bɔhyɛ a mowɔ ma mo ho mo ho; na mma mo ani mmere deɛ ɛyɛ mo nuanom dea.

21 Montwe mo ho mfiri bɔne a ɛma mobobɔ Awurade din kwa no ho, ɛfiri sɛ mene Awurade mo Nyankopɔn, mpo mo agyanom Nyankopɔn, Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn no.

22 Mene deɛ ɔdii Israel mma no anim firii Misraim asase so; na matene m’abasa mu wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu regye me nkorɔfoɔ Israel nkwa.

23 Monyae sɛ mo ne mo ho mo ho bɛdi aperepereɛ; monyae sɛ mobɛka nsɛmmɔne afa mo ho mo ho.

24 Monyae nsaborɔ; na momma mo nsɛmka mmoa nto mo ho mo ho so.

25 Sɛ wofɛm biribi firi wo yɔnko hɔ a, san fa deɛ woafɛm no kɔma no; na sɛ worenntumi nntua a, ɛnneɛ kɔ wo yɔnko no hɔ ntɛmpa ara na kɔka kyerɛ no, anyɛ saa a ɔbɛbu wo fɔ.

26 Sɛ wohunu adeɛ a wo yɔnko bi ayera a, fa nsiyɛ hwehwɛ no kɔsi sɛ wode bɛma no bio.

27 Ɛwɔ sɛ wode nsiyɛ kora deɛ wowɔ, ama woayɛ hwɛsofoɔ nyansafoɔ; ɛfiri sɛ ɛyɛ akyɛdeɛ a ɛfiri wo Nyankopɔn hɔ, na woyɛ hwɛsofoɔ ma no.

28 Sɛ woresɛpɛ wo ho a, fa nnwontoɔ, ne dwom, ne asa, ne ayɛyie, ne nnaaseɛ mpaeɛ kamfo Awurade.

29 Sɛ woredi awerɛhoɔ a, fa nkotosrɛ frɛ Awurade wo Onyankopɔn, ama wo kra anya anigyeɛ.

30 Nnsuro w’atamfo, ɛfiri sɛ wɔn wɔ me nsam na mɛyɛ wɔn sɛdeɛ mepɛ.

31 Ɛsɛ sɛ wɔsɔ me nkorɔfoɔ hwɛ wɔ nneɛma nyina ara mu, sɛdeɛ wɔbɛsiesie wɔn ho de agye animuonyam a mewɔ ma wɔn no, mpo Sion animuonyam no; na onii a ɔrennye animka no mmfata m’ahemman.

32 Ma deɛ ɔnnim de no mmrɛ ne ho ase nsua nyansa na ɔmfrɛ Awurade ne Nyankopɔn, ama n’ani abue ama watumi ahunu adeɛ, na n’aso abue ama watumi ate asɛm;

33 Ɛfiri sɛ wɔasoma me Honhom afiri adi akɔ wiase sɛ ɔnkɔma ahobrɛaseɛfoɔ ne nnuhofoɔ no hann, na ɔmmu abɔnefoɔ fɔ.

34 Wo nuanom apo wo ne w’adanseɛ, mpo ɔman no apamo wo afiri adi;

35 Na afei na wɔn amanehunu da no reba, mpo awerɛhoɔ nna no, tesɛ ɔbaa a awoɔ aka no; na wɔn awerɛhoɔ no bɛyɛ kɛseɛ gye sɛ wɔsakyera ntɛmntɛm, aane ntɛmntɛm pa ara.

36 Ɛfiri sɛ wɔkumm nkɔmhyɛfoɔ no, ne wɔn a wɔsomaa wɔn no; na wɔaka mogya a ɛdi bem agu, a ɛsu firi fam tia wɔn.

37 Ne saa nti, mma saa nneɛma yeinom nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ mo ho nnya nnteeɛ; monntumi nnyina m’animuonyam ano seesei; nanso sɛ mode nokorɛ di me nsɛm a mede ama mo no nyina ara so a, firi Adam nna no so kɔ Abraham so a mobɛhunu yei, firi Abraham so kɔ Mose so, Mose so kɔ Yesu ne n’asomafoɔ so, na ɛfiri Yesu ne n’asomafoɔ no so kɔ Joseph Smith so, deɛ menam m’abɔfoɔ, me nkoa asomfoɔ no, so frɛɛ no no, ɛne me ara me nne so a ɛfiri ɔsorosoro no, sɛ ɔmfa m’adwuma mfiri adi mmra.

38 Ɔtoo saa fapem no, na ɔyɛɛ nokorɛfoɔ; na mefaa no baa me nkyɛn.

39 Ayɛ pii nwanwa ɛnam ne wuo no nti; nanso na ɛhia sɛ ɔde ne mogya sɔ n’adanseɛ ano, ama wɔama no anidie na wɔabu atirimuɔdenfoɔ fɔ.

40 So mannye mo ammfiri mo atamfo nsam, wɔ yei mu nko ara na magya me din ho adanseɛ?

41 Ne saa nti, afei, montie, O mo, nkorɔfoɔ a mowɔ m’asɔre mu ; ne mo, mpanimfoɔ, montie mmɔ mu ; moanya m’ahemman no.

42 Momfa nsiyɛ nni me mmaransɛm nyina ara so, anyɛ saa a atemmuo bɛba mo so, na mo gyedie ayɛ kwa, na mo atamfo adi mo so nkonim. Saa nti, mennyi bi nnka ho nkyerɛ seesei. Amen ne Amen.