Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 125


Ɔfã 125

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Nauvoo, Illinois, Ɔbɛnem 1841, ɛfa Ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ Iowa asase no so.

1–4, Ɛwɔ sɛ Ahoteɛfoɔ no kyekyere nkuro na wɔboaboa wɔn ho ano wɔ Sion mpɛɛwa mu.

1 Deɛn na ɛyɛ Awurade pɛ ɛfa ahoteɛfoɔ a wɔn wɔ Iowa Asase so no ho?

2 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade seɛ nie, mese mo, sɛ wɔn a wɔde me din frɛ wɔn ho na wɔrepere sɛ wɔbɛyɛ m’ahoteɛfoɔ no, sɛ wɔbɛyɛ me pɛ na wɔadi me mmaransɛm a ɛfa wɔn ho no so a, momma wɔn mmoaboa wɔn ho wɔn ho ano wɔ mmeammea a menam m’akoa Joesph so bɛkyerɛ wɔn no so, na wɔnkyekyere nkuro mma me din, ama wɔasiesie wɔn ama deɛ wɔakora ama berɛ a ɛbɛba no.

3 Momma wɔnkyekyere kuropɔn mma me din wɔ asase a ɛne Nauvoo kuro no di nhwɛanim no, na momma wɔmfa din a ɛyɛ Sarahemla nto so.

4 Na momma wɔn a wɔfiri apueɛ, ne atɔeɛ, ne atifi, ne anaafoɔ nyina ara a wɔn wɔ ɔpɛ sɛ wɔtena mu no, mfa wɔn apɛgyadeɛ wɔ mu, ɛne Nashville kuropɔn no mu, anaa Nauvoo kuropɔn no mu, ne mpɛɛwa no mu biara a mayi no mu, Awurade na ɔseɛ.