Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 115


Ɔfã 115

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Far West, Missouri, Oforisuo 26, 1838, a ɛda Onyankopɔn pɛ ɛfa saa bea no nkyekyereɛ ne Awurade dan no sie ho. Wɔde saa adiyisɛm yi ma Asɔre no asomfoɔ a wɔte adwa mu ne asafomma.

1–4, Awurade frɛ N’asɔre no Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ; 5–6, Sion ne ne Mpɛɛwa yɛ dwankɔbea ma Ahoteɛfoɔ no; 7–16, Wɔhyɛ Ahoteɛfoɔ no sɛ wɔnsi Awurade fie wɔ Far West; 17–19, Joseph Smith kura Onyankopɔn ahemman no nsafoa wɔ asase so.

1 Nokorɛ sei na Awurade se mo, m’akoa Joseph Smith, Jun., ne m’akoa Sidney Rigdon nso, ne m’akoa Hyrum Smith nso, ne mo afotufoɔ a wɔayi wɔn anaa wɔbɛyi wɔn akyire yi;

2 Ne wo nso, m’akoa Edward Partridge, ne n’afotufoɔ;

3 Ne me nkoa nokorɛfoɔ nso a wɔka m’asɔre agyinatukuo kɛseɛ ho wɔ Sion, ɛfiri sɛ saa na wɔbɛfrɛ no, ne mo mpaninfoɔ ne nkorɔfoɔ a wɔn wɔ Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ, a wɔabɔ apete wɔ wiase nyina ara;

4 Ɛfiri sɛ saa na wɔbɛfrɛ m’asɔre wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu, mpo Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ.

5 Nokorɛ mese mo nyina ara: Monsɔre na monhyerɛn adi, ama mo hann ayɛ susudua ama aman no;

6 Na ama anoboaboa a wɔbɛyɛ wɔ Sion asase so ne ne mpɛɛwa mu no ayɛ banbɔ, ne dwankɔbea afiri ahum mu, ne abufuhyeɛ mu berɛ a wɔbɛhwie agu asase nyina ara so a nsusuiɛ biara nnim no.

7 Momma Far West Kuropɔn no nyɛ kronkron na wɔnte ho mma me; na wɔbɛfrɛ no kronkron pa ara, ɛfiri sɛ asase a wogyina so no yɛ kronkron.

8 Ne saa nti, mehyɛ mo sɛ monsi fie mma me, ma wɔmfa mmoaboa ahoteɛfoɔ no ano mmɔ mu, ama wɔatumi asom me.

9 Na monhyɛ saa adwuma yi ase, ne monyɛ fapem, ne ahosiesie adwuma, saa ahuhuberɛ a ɛreba yi;

10 Na momma wɔnhyɛ aseɛ wɔ Kitawonsa a ɛreba yi da ɛtɔ so nnan no; na firi saa berɛ no de rekɔ no momma me nkorɔfoɔ mfa nsiyɛ nyɛ adwuma nsi fie mma me din;

11 Na afe baako firi saa da yi no momma wɔnhyɛ aseɛ bio sɛ wɔreto me fie fapem.

12 Ne saa nti firi saa berɛ no de rekɔ no momma wɔmfa nsiyɛ nyɛ adwuma kɔsi sɛ wɔbɛwie, firi twease tiboɔ so de kɔ ne soro, kɔsi sɛ biribiara nnka a wɔnnwieeɛ.

13 Nokorɛ mese mo, mma momma m’akoa Joesph, anaa m’akoa Sidney, anaa m’akoa Hyrum, mmɔ ka bio wɔ fie a wɔresi ama me din no;

14 Mmom momma wɔnsi dan mma me din sɛdeɛ nhwɛsoɔ a mɛkyerɛ mo no teɛ.

15 Na sɛ me nkorɔfoɔ annsi no tesɛ deɛ nhwɛsodeɛ a mede bɛma wɔn titenafoɔ no teɛ a, merennye nnto mu wɔ wɔn nsam.

16 Nanso sɛ me nkorɔfoɔ si no sɛdeɛ nhwɛsodeɛ a mɛkyerɛ wɔn titenafoɔ, mpo Joseph ne n’afotufoɔ, no teɛ a, ɛnneɛ mɛgye ato mu wɔ wɔn nsam.

17 Na bio, nokorɛ mese mo, ɛyɛ me pɛ sɛ wɔbɛsi Far West kuropɔn no ntɛm pa ara nam m’ahoteɛfoɔ no ahoboaboa so;

18 Afei nso sɛ wɔbɛyi mmeammea afoforɔ sɛ mpɛɛwa wɔ amantam a atwa ahyia no mu, sɛdeɛ wɔbɛda no adi akyerɛ m’akoa Joseph, berɛ ano berɛ ano no.

19 Ɛfiri sɛ hwɛ, mɛka ne ho, na mɛte ne ho wɔ me nkorɔfoɔ anim; ɛfiri sɛ ɔno na mede ahemman no ne ɔsom adwuma yi nsafoa ama no. Mpo saa ara. Amen.