Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 10


Ɔfã 10

Adiyisɛm a wɔde maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith, wɔ Harmony, Pennsylvania, wɔ bɛyɛ Oforisuo1829 mu, ɛwɔm sɛ ebia wɔnyaa ɛmu bi wɔ 1828 ahuhuroberɛ mu. Ɛhanom na Awurade yii Joseph asotire ɛfa nsakraeɛ a nnipa atirimuɔdenfoɔ ayɛ wɔ nsa-ano-atwerɛ krataa 116 a ɛfiri Lihae nwomankyerɛaseɛ no mu, wɔ Mormon Nwoma no mu. Na saa nsa-ano-atwerɛ krataa yi ayera afiri Martin Harris nneɛma mu, ɔno a wɔde nkrataa no hyɛɛ ne nsa berɛ tiawa mu. (Hwɛ atifiasɛm ma ɔfa 3.) Tirimpɔ bɔne no yɛɛ sɛ wɔbɛtwɛn ahwɛ nkyerɛaseɛ foforɔ a ɛbɛba no anim, fa nsɛm a ɛfa nkrataa a wɔawia no ho, na afei wɔagu nkyerɛaseɛni no anim ase akyerɛ nsonoeɛ a nsakraeɛ no de aba. Na saa atirimuɔden botae yi, ɔbɔnefoɔ no na ɔsusuu ho, na na Awurade nim, mpo berɛ a na Mormon, tete Nifaeni abakɔsɛmni no, retwitwa mprɛte a wɔaboa ano so nsɛm ntiantia no, na ɛdaa adi wɔ Mormon Nwoma no mu. (Hwɛ Mormon Nsɛm 1:3–7).

1–26, Satan nunu nnipa tirimuɔdenfoɔ mu ma wɔtia Awurade n’adwuma; 27–33, Ɔhwehwɛ sɛ ɔsɛe nnipa akra; 34–52, Asɛmpa no sɛ sɛ ɛkɔ Lamanfoɔ ne amanamanmufoɔ nyina ara hɔ nam Mormon Nwoma no so; 53–63, Awurade bɛma N’asɛm ne N’Asɔre ase atim wɔ nnipa ntam; 64–70, Ɔbɛboaboa wɔn a wɔasakyera ano agu N’Asɔre mu na ɔbɛgye setiefoɔ.

1 Afei, hwɛ, mese wo, sɛ esiane sɛ woyii saa atwerɛeɛ no a, wɔmaa wo tumi sɛ fa Urim ne Tumim no so kyerɛ aseɛ, too onipa tirimuɔdenfoɔ nsam no, woayera no.

2 Na woyeraa w’akyɛdeɛ nso berɛ korɔ no ara mu, na w’adwene mu bɛyɛɛ kusuu.

3 Nanso, seesei wɔasan de ama wo bio; ɛno nti hwɛ na di nokorɛ na toa so kɔwie nkyerɛaseɛ adwuma no nkaeɛ no sɛdeɛ woahyɛ aseɛ no.

4 Nyɛ adwuma pii anaa nntu mmirika kɛse nnkyɛn sɛdeɛ wo wɔ ahoɔden ne kwan a wɔahyehyɛ sɛ ɛmmoa wo ma wonkyerɛ aseɛ; mmom yɛ nsiyɛ kɔsi awieɛ.

5 Bɔ mpaeɛ berɛbiara, sɛdeɛ wobɛtumi apue nkonimdie mu; aane na woadi nkonim wɔ Satan so, na woafiri ɔbonsam nkoa a wɔtae n’adwuma akyi no nsam.

6 Hwɛ, wɔahwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe wo; aane, mpo nipa a wode wowerɛ ahyɛ ne mu no ahwehwɛ sɛ ɔbɛsɛe wo.

7 Na yei nti na mekaa sɛ ɔyɛ nipa tirimuɔdenfoɔ, ɛnam sɛ nneɛma a wɔde ahyɛ wonsa no wahwehwɛ sɛ ɔbɛfa akɔ, na wahwehwɛ nso sɛ ɔbɛsɛe w’akyɛdeɛ no.

8 Na ɛnam sɛ woayi atwerɛeɛ yi ato ne nsam nti no, hwɛ, nnipa atirimuɔdenfoɔ agye afiri wo hɔ.

9 Ɛno nti, woayi yeinom ama, aane, deɛ na ɛyɛ kronkron, ama atirimuɔdensɛm.

10 Na, hwɛ, Satan de ato wɔn akoma mu sɛ wɔnsakra nsɛm a woayɛ ama wɔatwerɛ, anaa deɛ woakyerɛ aseɛ no a afiri wonsam kɔ no.

11 Na hwɛ, mese wo, sɛ ɛnam sɛ wɔasakra nsɛm no nti, deɛ woakyerɛ aseɛ ama wɔatwerɛ no ne n’akenkan bɔ abira.

12 Na, wɔ kwan yei so, ɔbonsam ahwehwɛ sɛ ɔsum aniteɛ fidie, sɛdeɛ ɔbɛtumi asɛe saa adwuma yi;

13 Ɛfiri sɛ ɔde ahyɛ wɔn akoma mu sɛ wɔnyɛ yei, na ɛnam atorɔdie so wɔbɛtumi aka sɛ wɔakye wo wɔ nsɛm a woapatu sɛ woakyerɛ aseɛ no.

14 Nokorɛ, mese wo, sɛ meremma kwan sɛ Satan bɛwie ne tirimpɔ bɔne no yɛ wɔ saa adeɛ yi mu.

15 Ne saa nti hwɛ, ɔde ato wɔn akoma mu sɛ wɔbɛnya wo ma woasɔ w’Awurade wo Nyankopɔn ahwɛ, wɔ sɛ worebisa akyerɛ aseɛ bio.

16 Na afei, hwɛ, wɔka san dwene wɔn akoma mu sɛ—Yɛbɛhwɛ sɛ Onyankopɔn na ama no tumi sɛ ɔnkyerɛ aseɛ anaa; sɛ ɛte saa a, ɔbɛsan ama no tumi bio;

17 Na sɛ Onyankopɔn ma no tumi bio, anaa sɛ ɔkyerɛ aseɛ bio, anaa nsɛm foforɔ mu, sɛ ɔde nsɛm korɔ no ara firi adi ba a, hwɛ, yɛwɔ adekorɔ wɔ yɛn nkyɛn na yɛasakra nsɛm no;

18 Ɛno nti ɛnnyɛ baako, na yɛbɛka sɛ wadi atorɔ wɔ ne nsɛm mu, ɛno nti ɔnni akyɛdeɛ biara, na saa na ɔnni tumi biara;

19 Ɛno nti yɛbɛsɛe no, ne adwuma no nso; na yɛbɛyɛ yei sɛdeɛ awieɛ no yɛn anim nntumi nngu ase, sɛdeɛ yɛbɛnya wiase animuonyam.

20 Nokorɛ, nokorɛ, mese wo, sɛ Satan kuta wɔn akoma mu denden pa ara; na ɔnunu wɔn ma wɔyɛ amumuyɛ tia deɛ ɛyɛ papa;

21 Na wɔn akoma yɛ porɔeɛ, na atirimuɔdensɛm ne akyiwadeɛ ahyɛ mu ma; na wɔdɔ sum mmom sene hann, ɛfiri sɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne; ɛno nti wɔremmisa wɔ me hɔ.

22 Ɔbonsam nunu wɔn mu, ama wadi wɔn kraa kan de wɔn akɔ sɛeɛ mu.

23 Ne saa nti wasum aniteɛ fidie, adwene sɛ ɔbɛsɛe Onyankopɔn adwuma; nanso mɛhwehwɛ yei afiri wɔn nsam, na ɛbɛdane wɔn animguaseɛ ne fɔbuo wɔ atɛmmuo da no.

24 Aane, ɔnunu wɔn akoma mu sɛ wɔbɛnya abufuo atia saa adwuma yi.

25 Aane, ɔse wɔn sɛ: Monnaadaa na monna hɔ ntwɛn na moakyere, ama moasɛe; hwɛ, yei nnyɛ bɔne. Na saa na ɔdɛfɛdɛfɛ wɔn, kakyerɛ wɔn sɛ yei nnyɛ bɔne sɛ wɔbɛdi atorɔ ama wɔakyere onipa wɔ n’atorɔ mu, sɛdeɛ wɔbɛtumi asɛe no.

26 Na saa na ɔdɛfɛdɛfɛ wɔn, na ɔdi wɔn kan kɔ kɔsi sɛ ɔtwe wɔn kraa kɔ asamando; na saa na ɔyɛ sɛ wɔbɛkyere wɔn ho wɔn ho wɔ wɔn ankasa fidie mu.

27 Na saa na ɔkɔ soro ba fam, di akɔneaba wɔ asase so, rehwehwɛ sɛ ɔsɛe nnipa akra.

28 Nokorɛ, nokorɛ, mese wo, mmusuo nka deɛ ɔdi atorɔ de daadaa esiane sɛ ɔdwene sɛ ɔfoforɔ nso di atorɔ de daadaa, ɛfiri sɛ saa nnipa no remmfiri Onyankopɔn atɛntenenee mu.

29 Afei, hwɛ, wɔasakra saa nsɛm yi, ɛfiri sɛ Satan se wɔn sɛ: Wadaadaa mo―na saa na ɔdɛfɛdɛfɛ wɔn ma wɔkɔyɛ amumuyɛ, sɛ wɔbɛnya wo ma woasɔ Awurade wo Nyankopɔn ahwɛ.

30 Hwɛ, mese wo, sɛ worennkyerɛ saa nsɛm yi a afiri wo nsa mu kɔ no ase bio.

31 Saa nti, hwɛ, wɔrenntumi nnyɛ nsusuiɛ bɔne a wɔde bɛdi atorɔ atia saa nsɛm no. Saa nti, hwɛ, sɛ wode nsɛm korɔ no ara sane ba a, wɔbɛka sɛ woadi atorɔ na wopatuu sɛ worekyerɛ aseɛ, nanso woakasa atia wo ara wo ho.

32 Afei, hwɛ, wɔbɛbɔ yei ho dawuro, na Satan bɛma nkorɔfoɔ no akoma ayɛ den na wanunu wɔn ma wɔanya abufuo atia wo, sɛdeɛ wɔrennye me nsɛm nni.

33 Saa nti, Satan dwene sɛ ɔbɛdi w’adansedie so nkonim wɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mu, ama adwuma no anntumi amma wɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mu.

34 Nanso hwɛ, nyansa nie, na esiane sɛ merekyerɛ wo nyansa nti, mema wo mmaransɛm ɛfa saa nneɛma yi ho, deɛ wobɛyɛ nie, mmfa nnkyerɛ wiase kɔsi sɛ wobɛyɛ nkyerɛaseɛ adwuma no awie.

35 Mma wo ho nwiri wo sɛ mesee wo sɛ: Nyansa nie, mmfa nkyerɛ wiase—ɛfiri sɛ mese, mmfa nnkyerɛ wiase, na woanya banbɔ.

36 Hwɛ, mennka sɛ mmfa nnkyerɛ ateneneefoɔ;

37 Na esiane sɛ wonntumi nnhunu teneneeni berɛbiara, anaa wonntumi nnkyerɛ tirimuɔdenni mmfiri teneneeni mu nti, afei mese wo sɛ, nya aboterɛ kɔsi sɛ mɛhunu sɛ ɛfata sɛ mɛda nneɛma nyina ara adi akyerɛ wiase ɛfa saa nsɛm yi ho.

38 Na afei, nokorɛ mese wo, sɛ saa nneɛma no a woatwerɛ no ho amaneɛbɔ, deɛ afiri wonsa mu kɔ no, wɔakurukyire wɔ Nifae mprɛte no so.

39 Aane, na wokae sɛ wɔkaa wɔ saa ntwerɛeɛ no mu sɛ, wɔmaa amaneɛbɔ a ɛhia pa ara fa saa nneɛma yi ho wɔ Nifae mprɛte no so.

40 Na afei, esiane sɛ amaneɛbɔ a w’akurukyire wɔ Nifae mprɛte no so ho hia pa ara nkanka ɛfa nneɛma a, me nyansa mu, mede bɛba nkorɔfoɔ no nimdeɛ mu wɔ saa amaneɛbɔ yi mu no―

41 Ɛno nti, wobɛkyerɛ nkurukyire a ɛwɔ Nifae mprɛte no so ase, ɛkɔ ara mpo kɔpem Ɔhene Benyamin ahennie so, anaa kɔpem baabi a woakyerɛ aseɛ aduru, a ɛwɔ wo hɔ no so;

42 Na hwɛ, wobɛtintim no sɛ Nifae twerɛtohɔsɛm; na hwɛ mɛma wɔn a wɔasakra me nsɛm no anim agu ase.

43 Memma ho kwan sɛ wɔbɛsɛe m’adwuma; aane, mɛkyerɛ wɔn sɛ me nyansa yɛ kɛseɛ sene ɔbonsam aniteɛ no.

44 Hwɛ, wɔanya ɛfã bi pɛ, anaa Nifae amaneɛbɔ no tiatwa.

45 Hwɛ, nneɛma bebree na w’akurukyire wɔ Nifae mprɛte no so a ɛde nteaseɛ kɛseɛ ba m’asɛmpa no mu; ɛno nti, ɛyɛ nyansa wɔ me mu sɛ wobɛkyerɛ Nifae nkurukyire no fã a ɛdi kan no ase, na woasoma akɔ wɔ saa adwuma yi mu.

46 Na, hwɛ, saa adwuma yi nkaeɛ nyina ara kura me nsɛmpa no fa biara a me nkɔmhyɛfoɔ kronkron, aane, ne m’asuafoɔ no nso, pɛɛe wɔ wɔn mpaebɔ mu sɛ ɛbɛfiri akɔ saa nkorɔfoɔ yi hɔ.

47 Na mesee wɔn sɛ, wɔde bɛma wɔn sɛdeɛ wɔn gyedie teɛ wɔ wɔn mpaebɔ mu;

48 Aane, na yei ne wɔn gyedie―sɛ m’asɛmpa no, deɛ mede maa wɔn sɛ wɔnka ho asɛm wɔ wɔn nna mu no, bɛtumi aba wɔn nuanom Lamanfoɔ, ne wɔn nyina ara nso a wɔabɛyɛ Lamanfoɔ ɛnam wɔn akasakasa so no hɔ.

49 Afei, ɛnyɛ ne nyina ara ni―wɔn gyedie wɔ wɔn mpaebɔ mu ne sɛ wɔbɛhunu saa asɛmpa yi nso, mpo sɛ ɛbɛtumi a, amanaman foforɔ abɛnya saa asase yi;

50 Na saa na wɔgyaa nhyira guu saa asase yi so wɔ wɔn mpaebɔ mu, na obibiara a ɔbɛgye saa asɛmpa yi wɔ saa asase yi so no anya nkwa a ɛnni awieɛ;

51 Aane, na ayɛ ahofadie ama obibiara a ɔfiri ɔman, abusuakuo, kasahoroɔ anaa nnipa biara a wɔyɛ mu.

52 Na afei, hwɛ, esiane wɔn gyedie wɔ wɔn mpaebɔ mu nti, mɛma saa m’asɛmpa fã yi ho nimdeɛ aba me nkurofoɔ hɔ. Hwɛ, memmfa mma sɛ ɛbɛsɛe deɛ wɔanya no, mmom ɛbɛto so.

53 Na yei ho nti na mekaa sɛ: Sɛ awoɔntoatoasoɔ yi annyɛ wɔn akoma den a, mɛte m’asɔre ama aseɛ atim wɔ wɔn ntam.

54 Afei mennka yei mmfa nnsɛe m’asɔre, mmom meka yei de asi m’asɔre;

55 Ɛno nti, obibiara a ɔwɔ m’asɔre mu no nni sɛ ɔsuro, ɛfiri sɛ wɔn na wɔbɛnya ɔsoro ahemman no adi.

56 Nanso, ɛyɛ wɔn a wɔnnsuro me, anaasɛ wɔnni me mmaransɛm so na wɔsi nsɔre ma wɔn ho nya mfasoɔ, aane, ne wɔn a wɔyɛ atirimuɔdensɛm nyina ara na wɔsi ɔbonsam ahemman no―aane, nokorɛ, nokorɛ, mese wo, sɛ ɛyɛ wɔn na mɛha wɔn, ama wɔn ho apopo na awoso akɔsi wɔn mu.

57 Hwɛ, me ne Yesu Kristo, Onyankopɔn Babarima no. Mebaa me deɛ mu, na medeɛ annye me.

58 Me ne hann a ɛhyerɛn wɔ sum mu, na ɛsum no annte aseɛ no.

59 Mene deɛ ɔkaa sɛ―Mewɔ nnwan foforɔ a wɔnni kuo yi mu―de kyerɛɛ m’asuafoɔ no, na dodoɔ no ara na wɔn wɔ hɔ a wɔannte me aseɛ.

60 Na mɛkyerɛ saa nkorɔfoɔ yi sɛ mewɔ nwan binom nso, na na wɔyɛ nkorabata wɔ Yakob fie;

61 Na mede wɔn anwanwa nnwuma a wɔyɛɛ wɔ me din mu no, bɛba hann mu;

62 Aane, na mɛsan nso de m’asɛmpa no a wɔka kyerɛɛ wɔn no aba hann mu, na, hwɛ, wɔrennsan mmfiri deɛ woanya no ho, mmom wɔbɛmaso asi hɔ, na ɛde nteaseɛ a ɛwɔ me nokorɛ nkyerɛnkyerɛ mu no bɛba hann mu, aane, ne nkyerɛkyerɛ baako pɛ a ɛwɔ me mu no.

63 Na yei na mɛyɛ de ada m’asɛmpa no adi, na basabasayɛ pii amma; aane Satan nunu nkorɔfoɔ no akoma mu sɛ wɔnyɛ basabasa mfa nteaseɛ a ɛwɔ me nkyerɛkyerɛ mu no ho; na wɔ saa nneɛma yi mu no wɔfom, ɛnam sɛ wɔhwinhwan twerɛsɛm no na wɔnnte aseɛ.

64 Ɛno nti, mɛbue saa ahintasɛm kɛseɛ yi so akyerɛ wɔn;

65 Saa nti, hwɛ, sɛ wɔrennyɛ wɔn akoma den a, mɛboaboa wɔn ano sɛdeɛ akokɔbaatan boa ne mma ano wɔ n’ataban ase;

66 Aane, sɛ wɔbɛba a, wɔmmra, na wɔn mmɛnom nkwansuo no kwa.

67 Hwɛ, yei ne me nkyerɛkyerɛ—obibiara a ɔsakyera n’adwene na ɔba me hɔ no, ɔno ara yɛ m’asɔreba.

68 Obibiara a ɔka boro so anaa ɔyi bi firi mu no, ɔno ara nnka me ho, mmom ɔsɔretia me; ɛno nti ɔnnka m’asɔre ho.

69 Na afei, hwɛ, obibiara a ɔka m’asɔre ho, na ɔgyina m’asɔre mu kɔsi awieɛ no, ɔno ara na mɛto n’ase ma watim wɔ me botan so, na asamando apono remmu mmfa wɔn so.

70 Na afei, kae ɔno a ɔyɛ wiase nkwa ne ne hann no nsɛm no, wo Gyefoɔ, wo Awurade ne wo Nyankopɔn. Amen.