Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 48


Ɔfã 48

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ɔbɛnem 10, 1831.Nkɔmhyɛni no bisaa Awurade kwan a wɔmfa so ntɔ nsase mma Ahoteɛfoɔ no anoboaboa. Na yei yɛ asɛm titire, esiane sɛ na Asɔremma no retu afiri Amerika apueɛ fã mu, sɛdeɛ mmara a Awurade hyɛɛe sɛ wɔmmoaboa wɔn ho wɔ Ohio teɛ no (hwɛ Afã 37:1–3; 45:64).

1–3, Ɛsɛ sɛ Ahoteɛfoɔ no ne wɔn nuanom no kyɛ wɔn nsase; 4–6, Ɛsɛ sɛ Ahoteɛfoɔ no tɔ nsase, kyekyere kuro, na wɔdi titenafoɔ no afotuo so.

1 Ɛho hia sɛ mobɛkɔ so atena moatenaeɛ saa berɛ yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama mo tebea.

2 Na sɛ mowɔ nsase a, momfa bi mma mo nuanom a wɔn wɔ apueɛ fã mu no;

3 Na sɛ monni nsase a, wɔmma wɔntɔ bi wɔ amantam a atwa ahyia no mu saa berɛ yi, sɛdeɛ ɛyɛ ma wɔn, esiane sɛ ɛho hia sɛ wɔnya baabi tena seesei.

4 Ɛho hia sɛ mosie sika biara a mobɛtumi, ama moanya biribiara a mo anya wɔ tenenee mu, ama akyire yi moatumi atɔ asase de ayɛ apɛgyadeɛ, mpo ahenkuro.

5 Ɛnuruui sɛ wɔda bea no adi; nanso sɛ mo nuanom no firi apueɛ ba wie a, ɛsɛ sɛ wɔyi nnipa binom, na wɔn na wɔbɛma wɔahunu bea no, anaa wɔn na wɔbɛda no adi akyerɛ wɔn.

6 Na wɔbɛyi wɔn sɛ wɔntɔ nsase no, na wɔnhyɛ aseɛ nto ahenkuro no fapem; na afei mobɛfiri aseɛ aboaboa mo ne mo mmusua ano, barima biara sɛdeɛ n’abusua teɛ, sɛdeɛ n’asetena teɛ, ne sɛdeɛ titenafoɔ ne asɔre no hwɛfoɔ no bɛkyerɛ, sɛdeɛ mmara ne mmaransɛm a wɔanya no teɛ, ne deɛ mobɛnya akyire yi. Mpo saa ara. Amen.