Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 76


Ɔfã 76

Anisoadehunu a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni no ne Sidney Rigdon, wɔ Hiram, Ohio, Ogyefuo 16, 1832. Ɔretwerɛ saa anisoadehunu yi nnianim no, Joseph Smith abakɔsɛm kyerɛ sɛ: “Mefirii Amherst nhyiamu ase baae no metoaa Twerɛsɛm no nkyerɛaseɛ no so. Adiyisɛm bebree a na yɛanya no maa no daa adi pefee sɛ wɔayi nsɛm a ɛho hia pii a ɛfa nipa nkwagyeɛ ho afiri Twerɛ Kronkron no mu, anaa ɛyeraae ansa na wɔrekeka abɔ mu. Nokorɛ a ɛkaae no da adi pefee sɛ, sɛ Onyankopɔn tua obiara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ wɔ deɛ ɔyɛɛ wɔ honam mu a, ɛnneɛ kasafua ‘Ɔsoro,’ a wɔasiesie sɛ Ahotefoɛɔ no ɛnni awieɛ fie no, ɛsɛ sɛ ɛboro ahemman baako so. Ne saa nti, … berɛ a na yɛrekyerɛ Ɔhoteɛfoɔ Yohane Asɛmpa no ase no, me ne Ɔpanin Rigdon nyaa saa anisoadehunu yi”.Berɛ a wɔde saa anisoadehunu yi maae no, na Nkɔmhyɛni no rekyerɛ Yohane 5:29 ase.

1–4, Awurade yɛ Onyankopɔn; 5–10, Wɔbɛyi ahemman no ahintasɛm akyerɛ ahoteɛfoɔ nyina ara; 11–17, Obiara bɛfiri adi aba abɔnefoɔ anaa ateneneefoɔ wusɔreɛ mu; 18–24, Wiase ahodoɔ mutefoɔ no yɛ Onyankopɔn mma mmarima ne mma mmaa a wɔawo wɔn ama Onyankopɔn nam Yesu Kristo Mpata no so; 25–29, Onyankopɔn bɔfoɔ bi hwee ase na ɔbɛyɛɛ ɔbonsam; 30–49, Ɔyeramma nya afɔbuo a ɛnni awieɛ amanehunu; wɔn a wɔaka no nya animuonyam ahemman bi; 50–70, Wɔka ateasefoɔ a wɔama wɔn so no animuonyam ne wɔn akatua wɔ sɛlɛstia ahemman mu no ho asɛm; 71–80, Wɔkyerɛkyerɛ wɔn a wɔbɛnya tɛrɛstra ahemman no adi no mu; 81–113, Wɔkyerɛkyerɛ wɔn a wɔbɛnya tɛlɛstia, tɛrɛstra, ne sɛlɛstia animuonyam no dibea mu; 114–119, Nokorɛfoɔ no bɛtumi ahunu na wɔate Onyankopɔn ahemman no mu ahintasɛm ase nam Honhom Kronkron tumi so.

1 Ɔsoro, montie, na monyɛ aso, O asase, na monni ahurusie mo asase sotefoɔ, ɛfiri sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn, na n’akyi no Agyenkwa biara nni hɔ.

2 Ne nyansa yɛ kɛseɛ, n’akwan yɛ nwanwa, na obiara nntumi nnhunu ne nnwuma ano.

3 Ne botaeɛ nni nhwammɔ, na obiara nni hɔ a ɔtumi si ne nsa ho kwan.

4 Firi daapem kɔsi daapem ɔte saa ara, na ne mfeɛ nni hwammɔ.

5 Na sɛdeɛ Awurade seɛ nie—Me, Awurade, meyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ma wɔn a wɔsuro me, na ɛsɔ m’ani sɛ mɛdi wɔn a wɔsom me wɔ tenenee ne nokorɛ mu kɔsi awieɛ no nni.

6 Kɛseɛ na wɔn akatua bɛyɛ na ɛnni awieɛ bɛyɛ wɔn animuonyam.

7 Na wɔn na mɛda ahintasɛm nyina ara adi akyerɛ wɔn, aane, ahemman no ahintasɛm biara a wɔde asie firi tete nna no mu, ne mfeɛ a ɛbɛba, mɛda me nsusuiɛ pa ho anigyesɛm a ɛfa nneɛma nyina ara a ɛfa m’ahemman ho no akyerɛ wɔn.

8 Aane, mpo daapem ahodwirideɛ na wɔbɛhunu, na nneɛma a ɛbɛba na mɛkyerɛ wɔn, mpo awoɔntoatoasoɔ pii nneɛma.

9 Na wɔn nyansa bɛyɛ kɛseɛ, na wɔn nteaseɛ bɛduru soro; na anyansafoɔ nyansa bɛsɛe wɔ wɔn anim, na mmadwemma nteaseɛ bɛyɛ kwa.

10 Na ɛnam me Honhom so mɛma wɔn hann, na ɛnam me tumi so mɛda me kokoam pɛ adi akyerɛ wɔn—aane, mpo saa nneɛma a ani nhunuuiɛ, anaa aso nteeɛ, na ɛnnya nnwuraa onipa akoma mu.

11 Yɛn, Joseph Smith, Jun., ne Sidney Rigdon, na yɛwɔ Honhom mu da ɛtɔ so du-nsia wɔ Ogyefuo mu, wɔ yɛn Awurade afe apem, ahanwɔtwe aduasa-mmienu mu—

12 Ɛnam Honhom no tumi so yɛn ani bueei na yɛn nteaseɛ mu yɛɛ hann, ɛno nti yɛhunuu Onyankopɔn nneɛma tee aseɛ—

13 Mpo saa nneɛma a ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ no ansa na wiase rebɛba, a Agya no hyehyɛɛeɛ, nam ne Ba a Ɔwoo no Korɔ no so, ɔno a na ɔwɔ Agya no koko mu, mpo firi mfitiaseɛ no;

14 Ɔno na yɛdi ne ho adanseɛ; na adanseɛ a yɛdi no yɛ Yesu Kristo asɛmpa no mahyɛ, deɛ ɔyɛ Ɔba no, a yɛhunuu no na yɛne no kasaae wɔ ɔsoro anisoadehunu no mu no.

15 Na berɛ a na yɛreyɛ nkyerɛaseɛ adwuma no, a na Awurade ayi ama yɛn no, yɛduruu Yohane ti nnum, nkyekyɛmu aduonu nkron, a wɔde maa yɛn sɛ deɛ ɛdi soɔ yi—

16 Deɛ ɛkasa fa awufoɔ no owusɔreɛ ho, na ɛfa wɔn a wɔbɛte Onipa Ba no nne no:

17 Na wɔbɛfiri adi aba; na wɔn a wɔayɛ papa no bɛwɔ ateneneefoɔ wusɔreɛ mu; na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛwɔ abɔnefoɔ wusɔreɛ mu.

18 Afei, yei yɛɛ yɛn nwanwa, ɛfiri sɛ wɔnam Honhom no so na wɔde maa yɛn.

19 Na berɛ a yɛredwennwene saa nneɛma yi ho no, Awurade de ne nsa kaa yɛn nteaseɛ ani na ɛbueeɛ, na Awurade animuonyam hyerɛn twaa yɛn ho hyiaae.

20 Na yɛhunuu Ɔba no animuonyam, wɔ Agya no nsa nifa so, na yɛnyaa ne mahyɛ;

21 Na yɛhunuu abɔfoɔ kronkron no, ne wɔn a wɔate wɔn ho wɔ n’ahennwa no anim, sɛ wɔresom Onyankopɔn, ne Adwammaa no, wɔsom no afebɔɔ ne daa.

22 Na afei, adansedie bebree a wɔadi afa ne ho akyire yi no, yei ne adansedie a ɛtwa toɔ koraa, a yɛdi fa ne ho: Sɛ ɔte ase!

23 Ɛfiri sɛ yɛhunuu no, mpo wɔ Onyankopɔn nsa nifa so; na yɛtee nne no sɛ ɛredi ne ho adanseɛ sɛ Ɔno ne Agya no Ba a Ɔwoo no Korɔ no—

24 A wɔfaa ne so, na wɔnam ne mu, ne ɔno ara so na wɔbɔɔ wiase ahodoɔ no, na emutefoɔ no yɛ Onyankopɔn mma mmarima ne mma mmaa a wawo wɔn.

25 Na yɛhunuu yei nso, na yɛdi adanseɛ, sɛ Onyankopɔn bɔfoɔ a na ɔwɔ tumi wɔ Onyankopɔn anim, a ɔsɔre tiaa Ɔba a Wɔwoo no Korɔ no a, Agya no dɔ no a, na ɔwɔ Agya no koko mu no, wɔtoo no twenee fam firii Onyankopɔn ne Ɔba no anim,

26 Na wɔfrɛɛ no Ɔyeraba, ɛfiri sɛ ɔsoro suu no—ɔno ne Lusifa, adekyeeɛ ba no.

27 Na yɛhunuui, na hwɛ, wahwe ase! wahwe ase, mpo adekyeɛ ba no!

28 Na berɛ a na yɛda so wɔ Honhom mu no, Awurade hyɛɛ yɛn sɛ yɛntwerɛ anisoadehunu no; ɛfiri sɛ yɛhunuu Satan, saa ɔwɔ dada no, mpo ɔbonsam no, deɛ ɔtee Onyankopɔn so atua, na ɔhwehwɛɛ sɛ ɔgye yɛn Nyankopɔn ahemman ne ne Kristo no—

29 Ɛno nti, ɔtu Onyankopɔn ahoteɛfoɔ so sa, na ɔtwa wɔn ho hyia.

30 Na yɛnyaa anisoadehunu faa wɔn a ɔtuu wɔn so sa na ɔdii wɔn so nkonim no amanehunu ho, ɛfiri sɛ sei na Awurade nne a ɛbaa yɛn hɔ no seeɛ:

31 Sei na Awurade seɛ ɛfa wɔn a wɔnim me tumi nyina ara, ne wɔn a wɔanya mu kyɛfa, na wɔama wɔn ho kwan na ɔbonsam tumi adi wɔn so, na wɔapa nokorɛ no akyi na wɔbu me tumi no animtia—

32 Wɔn na wɔyɛ ɔyeramma no, wɔn na meka sɛ, sɛ wɔannwo wɔn a, anka ɛbɛyɛ ama wɔn;

33 Ɛfiri sɛ wɔyɛ abufuhyeɛ anwenneɛ, a wɔadome wɔn sɛ wɔnhunu amane wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ ano, wɔ ne ɔbonsam ne n’abɔfoɔ wɔ daapem mu;

34 Wɔn na maka sɛ bɔnefakyɛ nni hɔ ma wɔn wɔ saa wiase yi mu anaa wiase a ɛbɛba no mu—

35 Ɛfiri sɛ wɔapa Honhom Kronkron no a wɔnyaae no akyi, na wɔapa Agya no Ba a Ɔwoo no Korɔ no akyi, na wɔabɔ no asɛnnua mu ama wɔn ho na wɔabɔ no ahohoraa akyerɛ.

36 Yeinom ne wɔn a wɔbɛkɔ ogya ne sɔfe tadeɛ mu no, wɔ ne ɔbonsam ne n’abɔfoɔ—

37 Na wɔn nko ara na owuo a ɛtɔ so mmienu no bɛnya wɔn so tumi;

38 Aane, nokorɛ, wɔn nko ara na wɔrennye wɔn nkwa wɔ Awurade mmerɛ a ɛsɛ mu, berɛ a n’abufuhyeɛ amanehunu aba awie no.

39 Na wɔde nkaeɛ no nyina ara bɛfiri awufoɔ wusɔreɛ mu aba, nam Adwammaa no nkonimdie ne n’animuonyam so, deɛ wɔkumm no no, deɛ na ɔwɔ Agya no koko mu ansa na wɔrebɛyɛ wiase-ahodoɔ no.

40 Na yei ne m’asɛmpa no, anigyesɛm no, a ɛnne a ɛfiri soro no baae no dii ho adanseɛ kyerɛɛ yɛn—

41 Sɛ ɔbaa wiase, mpo Yesu Kristo, sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu mma wiase, na ɔnsoa wiase bɔne, na ɔndwira wiase ho, na ɔnte ho mfiri deɛ ɛnntene nyina ara ho;

42 Sɛdeɛ ɛnam ne so obiara betumi anya nkwa, wɔn a Agya no de ahyɛ ne tumi ase na ɔbɔɔ wɔn no;

43 Deɛ ɔhyɛ Agya no animuonyam, na ɔkora ne nsa ano nnwuma nyina ara, gye sɛ ɔyeramma no a wɔpa Ɔba no akyi, akyire yi a Agya no ada no adi akyerɛ no.

44 Ɛno nti, ɔgye obiara nkwa gye sɛ wɔn—wɔbɛkɔ daapem asotwe mu, a ɛyɛ asotwe a ɛtoɔ ntwa da, deɛ ɛyɛ ɛnni awieɛ asotwe no, na wɔ ne ɔbonsam ne n’abɔfoɔ bɛdi hene wɔ daapem mu, faako a wɔn mu mmoa nnwu da, na ogya no nnum da, yei ne wɔn ateetee—

45 Na n’awieɛ, anaa bea korɔ, anaa wɔn ateetee no, onipa biara nnim;

46 Na wɔanna no adi, wɔnnaa no adi, na wɔrenna no adi nkyerɛ onipa, gye sɛ wɔn a wɔbɛnya ɛmu kyɛfa no;

47 Nanso, Me, Awurade, meyi kyerɛ pii wɔ anisoadehunu mu, nanso ntɛm pa ara me to mu bio;

48 Ɛno nti, n’awieɛ, ne ntrɛmu, ne korɔn, ne bunu mu, ne n’ahohiahia no, wɔnnte aseɛ, na onipa biara nnte aseɛ gye sɛ wɔn a wɔayi wɔn ama saa afɔbuo yi.

49 Na yɛtee sɛ nne no reka sɛ: Montwerɛ anisoadehunu yi, na hwɛ, yei ne anisoadehunu a ɛfa abɔnefoɔ amanehunu ho no awieɛ.

50 Na bio yɛdi adanseɛ—ɛfiri sɛ yɛhunuui na yɛteeɛ, na yei ne Kristo asɛmpa no ho adanseɛ ɛfa wɔn a wɔbɛfiri adi aba wɔ ateneneefoɔ wusɔreɛ mu—

51 Wɔn ne wɔn a wɔgyee Yesu ho adanseɛ no, na wɔgyee ne din diiɛ na wɔbɔɔ wɔn asu wɔ ne sie yɔbea so, wɔde wɔn siee wɔ nsuo mu wɔ ne din mu, na yei sɛdeɛ mmarasɛm a wɔde maaeɛ no teɛ—

52 Ama sɛ wɔdi mmaransɛm no so a wɔahohoro wɔn ho na wɔate wɔn ho afiri wɔn bɔne nyina ara ho na wɔanya Honhom Kronkron no nam nsa a wɔde gu soɔ so a ɛfiri deɛ wɔahyɛ no sɔfoɔ na wɔanya nsɔano ama saa tumi yi;

53 Ne deɛ ɔnam gyedie so di nkonim, na wɔnam Honhom Kronkron Bɔhyɛ so wanya nsɔ ano no, deɛ Agya no de agu wɔn a wɔtene na wɔyɛ nokorɛfoɔ nyina ara so no.

54 Wɔn ne wɔn a wɔyɛ Abakan n’asɔre no.

55 Wɔn ne wɔn a Agya no de nneɛma nyina ara ahyɛ wɔn nsa—

56 Wɔn ne wɔn a wɔyɛ asɔfoɔ ne ahemfo, a wɔanya ne mahyɛ, ne n’animuonyam no bi no;

57 Na wɔyɛ Ɔsorosoroni no asɔfoɔ, wɔ Mɛlkisɛdɛk kwan so, deɛ na ɛyɛ Henok kwan so, deɛ na ɛyɛ Ɔba a Wɔwoo no Korɔ no kwan so no.

58 Ɛno nti, sɛdeɛ wɔatwerɛ no, wɔyɛ anyame, mpo Onyankopɔn mma marimma—

59 Ɛno nti, nneɛma nyina ara yɛ wɔn dea, sɛ ɛyɛ nkwa anaa owuo, anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ seesei, anaa nneɛma a ɛbɛba, ne nyina ara yɛ wɔn dea, na wɔyɛ Kristo dea, na Kristo yɛ Onyankopɔn dea.

60 Na wɔbɛdi nneɛma nyina ara so nkonim.

61 Ɛno nti mma onipa biara nhyɛ onipa animuonyam, na mmom ɔnhyɛ Onyankopɔn animuonyam, ɔno na ɔbɛbrɛ atamfo nyina ara ase wɔ ne nan ase.

62 Yeinom bɛtena Onyankopɔn ne ne Kristo nkyɛn afebɔɔ ne daa.

63 Yeinom ne wɔn a ɔne wɔn bɛba, mmerɛ a ɔbɛba wɔ ɔsoro mununkum mu abɛdi hene wɔ asase so wɔ ne nkorɔfoɔ so no.

64 Yeinom ne wɔn a wɔbɛnya kyɛfa wɔ owusɔreɛ a ɛdi kan no mu.

65 Yeinom ne wɔn a wɔbɛfiri adi aba wɔ ateneneefoɔ wusɔreɛ no mu.

66 Yeinom ne wɔn a wɔaba Sion Bepɔ so no, ne Onyankopɔn teasefoɔ ahenkuro no mu, kronkronbea no, ne nyina ara mu kronkron mu kronkron.

67 Yeinom ne wɔn a wɔaba abɔfoɔ a wɔn dodoɔ nni ano kuo mu no, na wɔaba amansan nhyiamu ne Henok, ɛne Abakan n’asɔre mu no.

68 Yeinom ne wɔn a wɔatwerɛ wɔn din wɔ soro, faako a Onyankopɔn ne Kristo yɛ nnipa nyina ara temmuafoɔ no.

69 Yeinom ne wɔn a wɔyɛ ateneneefoɔ a ɔtamgyinafoɔ Yesu apam foforɔ no ama wɔayɛ pɛ, ɔno a ɔyɛɛ saa mpata a ɛdi mu yi nam ɔno ankasa ne mogya a ɔhwie guuiɛ so.

70 Yeinom ne wɔn a wɔn honam yɛ sɛlɛstia, a wɔn animuonyam yɛ owia no nsɛsoɔ, mpo Onyankopɔn animuonyam, deɛ ɔkorɔn kyɛn obiara, a wɔatwerɛ sɛ n’animuonyam tesɛ owia a ɛwɔ soro no.

71 Na bio, yɛhunuu tɛrɛstra wiase no, na hwɛ na hunu, yeinom ne wɔn a wɔn wɔ tɛrɛstra no, a n’animuonyam nnte sɛ Abakan n’asɔre no a anya Agya no mahyɛ no, mpo sɛdeɛ ɔsrane deɛ no nnte sɛ owia deɛ wɔ soro no.

72 Hwɛ, yeinom ne wɔn a wɔwuui a wɔannya mmara;

73 Na bio wɔn ne nnipa ahonhom a wɔde wɔn guu afiase, a Ɔba no kɔsraa wɔn, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ wɔn, sɛdeɛ wɔbɛbu wɔn atɛn sɛ nnipa a wɔn wɔ honam mu no;

74 Wɔn a wɔannye Yesu ho adanseɛ wɔ honam mu, nanso wɔgyee no akyire yi.

75 Yeinom ne nnipa animuonyamfoɔ a wɔn wɔ asase so, wɔn a nnipa aniteɛ firaa wɔn ani no.

76 Yeinom ne wɔn a wɔnyaa n’animuonyam, nanso ɛnnyɛ ne mahyɛ no.

77 Yeinom ne wɔn a wɔnya Ɔba no anim-hwɛ no, nanso nnyɛ Agya no mahyɛ no.

78 Ɛno nti, wɔyɛ tɛrɛstra honam, na wɔnnyɛ sɛlɛstia honam, na ɛsono wɔn animuonyam no, sɛdeɛ ɛsono ɔsrane ne owia no.

79 Yeinom ne wɔn a wɔn adanseɛ fa Yesu ho no mu nnyɛ den; ɛno nti, wɔrennya ahenkyɛ wɔ Onyankopɔn ahemman no mu.

80 Na afei yei ne anisoadehunu a yɛhunu faa tɛrɛstra ho no awieɛ, deɛ Awurade hyɛɛ yɛn sɛ yɛntwerɛ no, berɛ a na yɛda so wɔ Honhom mu no.

81 Na bio, yɛhunuu tɛlɛtia animuonyam no, deɛ ɛyɛ animuonyam ketewa no, mpo sɛdeɛ nsoromma animuonyam no nnte sɛ ɔsrane deɛ ɛwɔ ewiem no.

82 Yeinom ne wɔn a wɔannye Kristo asɛmpa no, annye Yesu ho adanseɛ no.

83 Yeinom ne wɔn a wɔammpa Honhom Kronkron no akyi.

84 Yeinom ne wɔn a wɔsum wɔn gu asamando no.

85 Yeinom ne wɔn a wɔrennye wɔn mmfiri ɔbonsam nsam kɔsi owusɔreɛ a ɛtwa toɔ no, kɔsi sɛ Awurade, mpo Kristo a ɔyɛ Adwammaa no, bɛwie n’adwuma.

86 Yeinom ne wɔn a wɔnnya ne mahyɛ wɔ wiase a ɛnni awieɛ no mu, nanso wɔbɛnya Honhom Kronkron no nam tɛrɛstrafoɔ som so;

87 Na tɛrɛstra bɛnya, nam sɛlɛstiafoɔ som so.

88 Na tɛlɛtia nso anya afiri abɔfoɔ som mu, wɔn, a wɔayi wɔn sɛ wɔnsom wɔn no, anaa wɔn a wɔayi wɔn sɛ wɔnyɛ ahonhom asomfoɔ mma wɔn; ɛfiri sɛ wɔbɛyɛ nkwagyeɛ adedifoɔ.

89 Na sei na yɛhunuu tɛlɛtia animuonyam, wɔ ɔsoro anisoadehunu no mu, deɛ ɛboro nteaseɛ nyina ara so no;

90 Na onipa biara nnim gye sɛ onii a Onyankopɔn ayi akyerɛ no.

91 Na saa na yɛhunuu tɛrɛstra animuonyam no, deɛ ɛboro tɛlɛtia animuonyam so wɔ ade nyina ara mu, mpo wɔ animuonyam mu, wɔ tumi mu, wɔ ahoɔden mu, ne tumidie mu.

92 Na saa na yɛhunuu sɛlɛstia animuonyam no, deɛ ɛboro ade nyina ara so no—faako a Onyankopɔn, mpo Agya no, di hene wɔ n’ahennwa so afebɔɔ ne daa;

93 Ɔno a n’ahennwa anim nneɛma nyina ara koto wɔ obuo ahobrɛaseɛ mu, na wɔhyɛ no animuonyam afebɔɔ ne daa no.

94 Wɔn a wɔte ne nkyɛn no yɛ Abakan no asɔre; na wɔhunu sɛdeɛ wɔhunu wɔn, na wɔnim sɛdeɛ wɔnim wɔn, ɛfiri sɛ wɔanya ne mahyɛ ne n’adom;

95 Na ɔyɛ wɔn pɛpɛɛpɛ wɔ tumi mu, ne ahoɔden mu, ne tumidie mu.

96 Na sɛlɛstia animuonyam no yɛ baako, mpo sɛdeɛ owia n’animuonyam yɛ baako no.

97 Na tɛrɛstra animuonyam no yɛ baako, mpo sɛdeɛ ɔsrane animuonyam yɛ baako no.

98 Na tɛlɛtia animuonyam no yɛ soronko, mpo sɛdeɛ nsoromma animuonyam yɛ soronko no; ɛfiri sɛ sɛdeɛ nsoromma baako ne ɔfoforɔ bɔ abira wɔ animuonyam mu no, mpo sa ara na baako ne ɔfoforɔ bɔ abira wɔ animuonyam mu wɔ tɛlɛtia wiase mu;

99 Ɛfiri sɛ yeinom ne wɔn a wɔyɛ Paulo deɛ, ne Apolo deɛ, ne Kefa deɛ no.

100 Yeinom ne wɔn a wɔka sɛ wɔn mu binom yɛ yei deɛ na ebinom nso yɛ yei deɛ—ebinom yɛ Kristo deɛ na ebinom yɛ Yohane deɛ, na ebinom yɛ Mose deɛ, na ebinom yɛ Elia deɛ, na ebinom yɛ Esaia deɛ, na ebinom yɛ Yesaia deɛ, na ebinom yɛ Henok deɛ;

101 Nanso wɔannye asɛmpa no, annye Yesu ho adanseɛ no, annye Nkɔmhyɛfoɔ no, annye daapem apam no.

102 Deɛ ɛtwa toɔ koraa no, yeinom ne wɔn a wɔremmoaboa wɔn ano nka ahoteɛfoɔ no ho, ama wɔahwim wɔn akɔ Abakan n’asɔre no mu, na wɔagye wɔn wɔ mununkum no mu.

103 Na yeinom ne wɔn a wɔyɛ atorɔfoɔ, ne ntafowayifoɔ, na awaresɛefoɔ, ne adwamammɔfoɔ, ne obibiara a ɔdɔ na ɔdi atorɔ.

104 Yeinom ne wɔn a wɔhunu amane wɔ Onyankopɔn abufuhyeɛ ano wɔ asase so.

105 Yeinom ne wɔn a wɔhunu amane wɔ ogya a ɛnni awieɛ awerɛtɔ mu.

106 Yeinom ne wɔn a wɔato wɔn atwene asamando na wɔhunu amane wɔ Otumfoɔ Nyankopɔn abufuhyeɛ ano, kɔsi mmerɛ mu mahyɛ no, berɛ a Kristo bɛbrɛ atamfo nyina ara ase ahyɛ ne nan ase, ama n’adwuma awie pɛyɛ;

107 Berɛ a ɔde ahemman no bɛma, na ɔde bɛkyerɛ Agya no, a nkekaawa biara nni ho, na ɔbɛka sɛ: madi nkonim na me nko ara na matiatia nsã-kyi amena no mu, mpo Otumfoɔ Nyankopɔn abufuhyeɛ werɛmfoɔ nsa-kyi amena no.

108 Afei wɔde n’animuonyam ahenkyɛ bɛhyɛ no, na watena ne tumi ahennwa no so adi hene afebɔɔ ne daa.

109 Nanso hwɛ, na hunu, yɛhunuu tɛlɛtia wiase animuonyam ne mutefoɔ, sɛ wɔdɔɔso sɛ nsoromma a wɔn wɔ ɔsoro ntrɛmu mu, anaa sɛ anwea a ɛwɔ mpoano;

110 Na yɛtee Awurade nne sɛ ɛreka sɛ: Yeinom nyina ara bɛbu nkotodwe na tɛkrɛma biara bɛpae mu aka akyerɛ ɔno, deɛ ɔte ahennwa no so afebɔɔ ne daa no;

111 Ɛfiri sɛ wɔbɛbu wɔn atɛn sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ, na onipa biara, sɛdeɛ ɔno ara nnwuma teɛ no, bɛnya n’ankasa ne tumidie, wɔ fi-kɛseɛ a wɔasiesie ama no mu;

112 Na wɔbɛyɛ Ɔsorosoroni no nkoa; nanso faako a Onyankopɔn anaa Kristo wɔ no, wɔrenntumi mma hɔ, dabiara da.

113 Yei ne anisoadehunu a yɛhunuui no awieɛ, a wɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛntwerɛ berɛ a na yɛda so wɔ Honhom mu no.

114 Nanso Awurade nnwuma yɛ akɛseɛ na ɛyɛ nwanwasoɔ, na n’ahemman no mu ahintasɛm a ɔyi kyerɛɛ yɛn no boro nteaseɛ nyina ara so wɔ animuonyam mu, ne tumi mu, ne tumidie mu;

115 Deɛ ɔhyɛɛ yɛn sɛ mma yɛnntwerɛ berɛ a na yɛda so wɔ Honhom mu, na onipa nni ho kwan sɛ ɔka;

116 Na onipa renntumi nna no adi, ɛfiri sɛ wɔbɛtumi ahunu na wɔate aseɛ nam Honhom Kronkron no tumi nko ara so, deɛ Onyankopɔn de ma wɔn a wɔdɔ no, na wɔate wɔn ho wɔ n’anim no;

117 Wɔn a ɔma wɔn akwanya sɛ wɔn ankasa nhunu na wɔnte aseɛ;

118 Sɛdeɛ ɛnam Honhom no tumi ne n’adiyie so no, berɛ a wɔn wɔ honam mu no, wɔbɛtumi agyina n’anim wɔ animuonyam wiase no mu.

119 Na animuonyam, ne anidie, ne tumidie nka Onyankopɔn ne Adwammaa no afebɔɔ ne daa. Amen.