Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 75


Ɔfã 75

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Amherst, Ohio, Ɔpɛpɔn 25, 1832. Saa ɔfã yi adiyisɛm yɛ ahodoɔ mmienu (deɛ adi kan no yɛ nkyekyɛmu 1 de kɔsi 22 awieɛ na deɛ ɛtɔ so mmienu no yɛ nkyekyɛmu 23 de kɔsi 36 awieɛ) a wɔde maae da korɔ no ara.” Na saa berɛ yi yɛ nhyiamu, na ɛhɔ na wɔgyee Joseph Smith too mu na wɔhyɛɛ no sɛ Asɔfodie Kɛseɛ no Titenani. Mpaninfoɔ binom pɛɛ sɛ wɔbɛhunu wɔn mprempren asɛdeɛ mu. Saa adiyisɛm yi baae.

1–5, Mpaninfoɔ nokorɛfoɔ a wɔka asɛmpa no bɛnya nkwa a ɛnni awieɛ; 6–12, Bɔ mpaeɛ nya Ɔwerɛkyekyefoɔ no, deɛ ɔkyerɛ nneɛma nyina ara no; 13–22, Mpaninfoɔ bɛtena ase abu wɔn a wɔpo nkrasɛm no atɛn; 23–36, Asɛmpatrɛfoɔ mmusua bɛnya mmoa afiri Asɔre no hɔ.

1 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo, Me a menam Honhom no nne so mpo kasa, mpo Alfa ne Omega, mo Awurade ne mo Nyankopɔn—

2 Montie, O mo a mode mo din ama sɛ mobɛkɔ akɔbɔ m’asɛmpa no ho dawuro, moapempan me bobeturo no mu.

3 Hwɛ, mese mo sɛ ɛyɛ me pɛ sɛ mobɛkɔ, na monntwentwɛn mo nan ase, anaa monnyɛ akwadworɔ, mmom momfa mo ahoɔden nyɛ adwuma—

4 Momma mo nne so sɛ totorobɛnto nnyegyeeɛ, na mommɔ nokorɛ no ho dawuro sɛdeɛ adiyisɛm ne mmaransɛm a mede ama mo no teɛ.

5 Na saa na sɛ moyɛ nokorɛfoɔ a wɔbɛkyekyere afiafi bebree agu mo akyi, na wɔbɛbɔ mo anidie, ne honam a ɛnnwuo, ne nkwa a ɛnni awieɛ ahenkyɛ.

6 Ne saa nti, nokorɛ mese m’akoa William E. McLellin, sɛ metwe ahyɛdeɛ a mede maa no sɛ ɔnkɔ apueɛ aman mu no san;

7 Na mema no ahyɛdeɛ foforɔ ne mmarasɛm foforɔ, ɛno mu na me, Awurade, mɛtea no ɛnam sɛ ɔnwiinwii wɔ n’akoma mu;

8 Na ɔyɛɛ bɔne; nanso, mede kyɛ no na meka kyerɛ no bio sɛ, Kɔ anaafoɔ fam aman no so.

9 Na momma m’akoa Luke Johnson ne no nkɔ, na wɔmmɔ nneɛma a mahyɛ wɔn no ho dawuro—

10 Na wɔmfrɛ Awurade din nsrɛ Ɔwerɛkyekyefoɔ no, deɛ ɔbɛkyerɛ wɔn nneɛma nyina ara a ɛfata ma wɔn—

11 Na wɔmmɔ mpaeɛ berɛbiara ama wɔammrɛ; na mmerɛ dodoɔ a wɔyɛ yei no, mɛka wɔn ho mpo akɔsi awieɛ.

12 Hwɛ, yei ne Awurade mo Nyankopɔm pɛ ɛfa mo ho. Mpo saa ara. Amen.

13 Na bio, nokorɛ sɛdeɛ Awurade seɛ nie, momma m’akoa Orson Hyde ne m’akoa Samuel H. Smith ntu kwan nkɔ apueɛ aman no mu, na Wɔmmɔ nneɛma a mahyɛ wɔn no ho dawuro; na mmerɛ dodoɔ a wɔyɛ nokorɛfoɔ no, hwɛ, mɛka wɔn ho mpo akɔsi awieɛ.

14 Na bio, nokorɛ mese m’akoa Lyman Johnson, ne m’akoa Orson Pratt, sɛ wɔntu wɔn kwan nkɔ apueɛ fam aman no so; na hwɛ, na hunu, mɛka wɔn nso ho, mpo akɔsi awieɛ.

15 Na bio, mese m’akoa Asa Dodds, ne m’akoa Calves Wilson, sɛ wɔn nso ntu wɔn kwan nkɔ atɔeɛ fam aman no so, na wɔmmɔ m’asɛmpa no ho dawuro, mpo sɛdeɛ m’ahyɛ wɔn no.

16 Na deɛ ɔyɛ nokorɛfoɔ no bɛdi nneɛma pii so nkonim, na wɔbɛma no so da a ɛtwa toɔ no.

17 Na bio, mese m’akoa Major N. Ashley, ne m’akoa Burr Riggs sɛ, ma wɔn ntu wɔn kwan nso nkɔ anaafoɔ fam man mu.

18 Aane, momma wɔn nyina ara ntu wɔn kwan, sɛdeɛ mahyɛ wɔn no, wɔmfiri fie mu nkɔ fie mu, akuraa ase nkɔ akuraa ase, na ahenkuro mu nkɔ ahenkuro mu.

19 Na fie biara a mobɛwura mu a wɔbɛgye mo no, monnya mo nhyira ngu saa fie no so.

20 Na fie biara a mobɛwura mu a wɔnnye mo no, mobɛyɛ ntɛm afiri saa fie no mu, na momporoporo mo nan ase mfuturo sɛ adanseɛ ntia wɔn.

21 Na ɛdɛ ne anigyeɛ bɛhyɛ mo mã; na monhunu sɛ, atemmuo da no, mobɛyɛ atemmuafoɔ wɔ saa fie no so, na moabu wɔn fɔ;

22 Na ɛbɛfanyinam abosonsomfoɔ no atemmuo da no, kyɛn saa fie no; ne saa nti, mommɔ mo asene mu na monyɛ nokorɛfoɔ, na mobɛdi nneɛma nyina ara so nkonim, na wɔbɛma mo so da a ɛtwa toɔ no. Mpo saa ara. Amen.

23 Na bio, sɛdeɛ Awurade ka kyerɛ mo nie, O m’asɔre mpaninfoɔ, a mode mo din ama sɛ mobɛhunu ne pɛ ɛfa mo ho—

24 Hwɛ, mese mo sɛ, ɛyɛ asɔre no asɛdeɛ sɛ wɔboa na wɔtae saa nkorɔfoɔ no abusuafoɔ akyi, na wɔn a wɔafrɛ wɔn a ɛsɛ sɛ wɔsoma wɔn kɔbɔ asɛmpa no dawuro kyerɛ wiase no, wɔboa wɔn abusuafoɔ nso.

25 Ɛno nti, Me, Awurade, mema mo saa mmarasɛm yi, sɛ mompɛ baabi mma mo abusuafoɔ ntena, mmerɛ dodoɔ a mo nuanom wɔ pɛ sɛ wɔbɛbue wɔn akoma mu.

26 Na mma momma wɔn a wɔbɛtumi anya baabi ama wɔn mmusua, na wɔanya asɔre mmoa, nyina ara no nnyae sɛ wɔbɛkɔ wiase, sɛ ɛyɛ apueɛ anaa atɔeɛ, atifi anaa anaafoɔ.

27 Na wɔmmisa na wɔbɛnya, wɔmmɔ mu na ɛbɛbue ama wɔn, na wɔbɛda no adi afiri soro akyerɛ wɔn faako a wɔbɛkɔ, mpo nam Ɔwerɛkyekyefoɔ no so.

28 Na bio, nokorɛ mese mo, sɛ onipa biara a ɛsɛ sɛ ɔsiesie n’ankasa abusua akyi no, ma ɔnsiesie, na kwan biara so no ɔrennhwere n’ahenkyɛ; na ɔnyɛ adwuma wɔ asɔre no mu.

29 Onipa biara nyɛ nsiyɛ wɔ nneɛma nyina ara mu. Na onihafoɔ no rennya tenabea wɔ asɔre no mu, gye sɛ ɔsakyera na ɔyɛ n’akwan yie.

30 Ɛno nti, momma m’akoa Simeon Carter ne m’akoa Emer Harris nka mmɔ mu wɔ ɔsom adwuma no mu;

31 Ne m’akoa Ezra Thayre ne m’akoa Thomas B. Marsh nso;

32 Ne m’akoa Hyrum Smith ne m’akoa Reynolds Cahoon nso;

33 Ne m’akoa Daniel Stanton ne m’akoa Seymour Brunson nso;

34 Ne m’akoa Sylvester Smith ne m’akoa Gideon Carter nso;

35 Ne m’akoa Ruggles Eames ne m’akoa Stephen Burnett nso;

36 Ne m’akoa Micah B. Welton ne m’akoa Eden Smith nso. Mpo saa ara. Amen.