Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 79


Ɔfã 79

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Hiram, Ohio, Ɔbɛnem 12, 1832.

1–4, Wɔfrɛ Jared Carter sɛ ɔmfa Ɔwerɛkyekyefoɔ no so nka asɛmpa no.

1 Nokorɛ mese wo sɛ, ɛyɛ me pɛ sɛ m’akoa Jared Carter bɛkɔ apueɛ fam aman so bio, afiri bea akɔ bea, ne ahenkuro so akɔ ahenkuro so, wɔ asɔfohyɛ tumi a wɔde ahyɛ no sɔfoɔ no mu, mmɔ anigyesɛm a ɛyɛ dɛ kɛseɛ ho dawuro, mpo daapem asɛmpa no.

2 Na mɛsoma Ɔwerɛkyekyefoɔ no aba no so, deɛ ɔbɛkyerɛ no nokorɛ no ne kwan a ɔmfa so nkɔ no;

3 Na mmerɛ dodoɔ a ɔyɛ nokorɛfoɔ no, mede afiafi bɛhyɛ no ahenkyɛ bio.

4 Ɛno nti ma w’akoma nni dɛ, m’akoa Jared Carter, na nnsuro, wo Awurade na ɔseɛ, mpo Yesu Kristo. Amen.