Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 60


Ɔfã 60

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Independence, Jackson County, Missouri, Ɔsannaa, 8 1831. Saa berɛ yi, na mpaninfoɔ a wɔtuu kwan kɔɔ Jackson County a wɔde wɔn ho hyɛɛ asase no ne tɛmpol bea nteho mu no pɛɛ sɛ wɔbɛhunu deɛ ɛwɔ sɛ wɔyɛ.

1–9, Ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ no ka asɛmpa no wɔ atirimuɔdenfoɔ asafo mu; 10–14, Ɛnni sɛ wɔma aniha sɛe wɔn berɛ, anaa wɔde wɔn adom-akyɛdeɛ sie; 15–17, Wɔbɛtumi ahohoro wɔn nan ase sɛ adanseɛ atia wɔn a wɔpo asɛmpa no.

1 Hwɛ, sɛdeɛ Awurade se n’asɔre mpaninfoɔ nie, wɔn a ɛsɛ sɛ wɔsan wɔn akyi ntɛmpa ara kɔ asase a wɔfiri so baaeɛ no: Hwɛ, ɛsɔ m’ani, sɛ moaba ha;

2 Nanso ebinom deɛ wɔnnsɔ m’ani, ɛfiri sɛ wɔremmue wɔn ano, na wɔde wɔn adom-akyɛdeɛ a mede ama wɔn no sie, esiane nipa ho suro nti. Mmusuo nka wɔn a wɔte saa no, ɛfiri sɛ m’abufuo redɛre tia wɔn.

3 Na ɛbɛba sɛ, sɛ wɔnnyɛ nokorɛfoɔ mma me a, wɔbɛgye afiri wɔn hɔ, mpo deɛ wɔwɔ no.

4 Ɛfiri sɛ me, Awurade, medi hene wɔ ɔsoro soro, ne asase so asafo mu; na da a mɛba no, berɛ a mɛtase me sikadwinneɛ no, nnipa nyina ara bɛhunu deɛ ɛda Onyankopɔn tumi noadi.

5 Nanso, nokorɛ, mɛkasa akyerɛ mo afa mo kwan a moretu akɔ asase a mofiri so baaɛ no ho. Momma wɔnyɛ ɛhyɛn, anaa montɔ, sɛdeɛ ɛyɛ ma mo, ɛmmfa me ho, na montu mo kwan ntɛmpa ara nkɔ bea a wɔfrɛ no St. Louis.

6 Na ɛfiri hɔ no, momma me nkoa, Sydney Rigdon, Joseph Smith Jun., ne Oliver Cowdery, ntu wɔn kwan nkɔ Cincinnati;

7 Na wɔ saa bea yi no, wɔmma wɔn nne so mfa nne kɛseɛ mmɔ m’asɛm no dawuro, mma wɔn mmfa abufuhyeɛ anaa akyinnye, wɔmma nsa a ɛho teɛ so wɔ wɔn so. Ɛfiri sɛ mewɔ tumi sɛ meyɛ mo kronkron, na wɔde mo bɔne akyɛ mo.

8 Na momma wɔn a aka no ntu wɔn kwan mfiri St. Louis, baanu baanu, na wɔnka m’asɛm no, nnyɛ ahoɔhare so, wɔ atirimuɔdenfoɔ asafo ntam, kɔsi sɛ wɔbɛsan akɔ nsɔre a wɔfiri mu baaeɛ no.

9 Na yei nyina ara esiane asɔre no yieyɛ nti; ɛnam saa botaeɛ yi nti na masoma wɔn.

10 Na momma m’akoa Edward Partridge nyi sika a mede ama no no bi mma me mpaninfoɔ a wɔahyɛ wɔn sɛ wɔnsan no;

11 Na onii a ɔbɛtumi no, ma ɔmfa ɔnanmusifoɔ no so nsan mfa mma; na onii a ɔnntumi no Awurade nnhwehwɛ saa mmfiri ne hɔ.

12 Na afei mekasa fa wɔn a aka a ɛwɔ sɛ wɔba saa asase yi so ho.

13 Hwɛ, wɔasoma wɔn sɛ wɔnka m’asɛmpa wɔ atirimuɔdenfoɔ asafo mu; ɛno nti, mema wɔn mmarasɛm, sɛ: mmfa aniha nnsɛe wo berɛ, anaa mmfa w’adom-akyɛdeɛ nnsie sɛ wɔrennhunu.

14 Na akyire yi a woaba Sion asase so no, na woabɔ m’asɛm no ho dawuro no, wobɛsan wo akyi ntɛmpa ara, abɔ m’asɛm no ho dawuro wɔ atirimuɔdenfoɔ asafo ntam, nyɛ ahoɔhare so, na nnyɛ abufuhyeɛ mu anaa akasakasa mu.

15 Na poroporo wo nan ase mfuturo tia wɔn a wɔn nnye woɔ no, nnyɛ wɔ wɔn anim anyɛ saa a wobɛhyɛ wɔn abufuo, mmom kokoa mu; na hohoro wo nan ase, sɛ adanseɛ tia wɔn wɔ atemmuo da no.

16 Hwɛ, yei bɛyɛ ama mo, na ɛyɛ deɛ wasoma mo no ne pɛ.

17 Na ɛnam m’akoa Joseph Smith Jun., ano so na wɔbɛda no adi ɛfa Sidney Rigdon ne Oliver Cowdery ho. Nkaeɛ no, akyire yi. Mpo saa ara. Amen.