Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 36


Ɔfã 36

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Edward Partridge, wɔ bea a ɛbɛn Fayette, New York, Ɔpɛnimma 9, 1830. (Hwɛ Ɔfa 35 atifiasɛm.) Joseph Smith abakɔsɛm ka sɛ Edward Partridge “yɛ nyamesuro ho nhwɛso pa, ne Awurade aberempɔn no mu baako.”

1–3, Awurade nam Sidney Rigdon so de Ne nsa gu Edward Partridge so; 4–8, Nipa biara a ɔgye asɛmpa no ne asɔfodie no, ɛsɛ sɛ wɔfrɛ no na ɔfiri adi kɔka a asɛmpa no.

1 Sɛdeɛ Awurade Nyankopɔn, Israel Tumfuɔ no seɛ nie: Hwɛ, mese wo, m’akoa Edward, sɛ wɔahyira wo, na wɔde wo bɔne akyɛ wo, na wɔafrɛ wo sɛ kɔka m’asɛmpa no tesɛ deɛ wode totorobɛnto nne;

2 Na menam m’akoa Sidney Rigdon so de me nsa bɛgu wo so, na wobɛnya me Honhom, Sunsum Kronkron no, mpo Ɔwerɛkyekyefoɔ no, deɛ ɔbɛkyerɛ wo ahemman n’asomdwoeɛ nneɛma no.

3 Na wode nne kɛseɛ de bɛto dwa, aka sɛ: Hosiana, nhyira nka ɔsorosoro Nyankopɔn no din.

4 Na afei saa ɔfrɛ yi ne mmarasɛm a mede ma wo no fa nnipa nyina ara ho—

5 Sɛ dodoɔ no ara a wɔbɛba me nkoa Sidney Rigdon ne Joseph Smith, Jun., anim no, na wɔbɛsɔ saa ɔfrɛ yi ne mmarasɛm no mu no, wɔbɛhyɛ wɔn asɔfoɔ na wɔasoma ma wɔafiri adi akɔka daapem asɛmpa no akyerɛ aman—

6 Wɔbɛbɔ nsakyeraeɛ ho dawuro, aka sɛ: Monnye mo ho mfiri saa awoɔntoatoasoɔ kontonkyi yi mu, momfiri adi mfiri ogya mu, na mpo monkyi ntaadeɛ a honam agu ho fi.

7 Na wɔde saa mmarasɛm yi bɛma m’asɔre mpaninfoɔ no, ama nipa biara a ɔde akoma korɔ bɛgye no, wɔatumi ahyɛ no sɔfoɔ na wɔasoma no, mpo tesɛ deɛ maka no.

8 Mene Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no; ɛno nti bɔ w’asene mu abɔsoɔ na mɛba me tɛmpol mu mpofirim. Mpo saa ara. Amen.