Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 7


Ɔfã 7

Adiyisɛm a wɔde maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith ne Oliver Cowdery, wɔ Harmony, Pennsylvania, Oforisuo 1829, berɛ a wɔnam Urim ne Tumim no so bisaae sɛ Yohane, ɔdɔfopa suani no, ɔtenaa honam mu anaa ɔwuuiɛ. Adiyisɛm yi yɛ nkyerɛaseɛ fã soronko wɔ twerɛtohɔ a wɔyɛɛ no wɔ aboa nwoma so a Yohane yɛɛe na ɔno ankasa de sieeɛ no.

1–3, Yohane Ɔdɔfopa no bɛtena ase kɔsi Awurade mmaeɛ; 4–8, Petro, Yakobo ne Yohane kura asɛmpa nsafoa no.

1 Na Awurade see me sɛ: Yohane me dɔfopa, deɛn na wopɛ? Sɛ wobɛbisa deɛ wopɛ a, wɔde bɛma wo.

2 Na mesee no sɛ: Awurade, mame tumi wɔ owuo so, sɛdeɛ mɛtumi atena ase de akra abrɛ wo.

3 Na Awurade see me sɛ: Nokorɛ, nokorɛ, mese wo, ɛnam sɛ wopɛ yei no nti, wobɛtena ase akɔsi sɛ mɛba m’animuonyam mu, na wobɛhyɛ nkɔm mmusuakuo horoɔ, kasa horoɔ ne nnipa anim.

4 Na saa asɛm yi nti na Awurade see Petro sɛ: Sɛ mepɛ sɛ ɔtena ase kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn? Ɛfiri sɛ ɔpɛɛe wɔ me hɔ sɛ ɔbɛtumi de akra abrɛ me, nanso wo deɛ wopɛɛe sɛ wobɛba me hɔ ntɛmso wɔ m’ahemman mu.

5 Mese wo sɛ, Petro, yei yɛ ɔpɛ papa; nanso medɔfo pa apɛ sɛ ɔbɛyɛ bi aka ho, anaa ɔdi dwuma kɛseɛ wɔ nnipa mu kyɛn deɛ wayɛ dada no.

6 Aane, ɔde adwuma kɛseɛ ato ne ho so; ɛno nti mɛyɛ no ogya a ɛredɛre ne ɔbɔfoɔ somfoɔ ma wabɛsom wɔn a wɔbɛyɛ nkwagyeɛ adedifoɔ a wɔte asase so.

7 Na mɛma wayɛ ɔsomfoɔ ama no ne wo nuabarima Yakobo; na mo baasa no mɛma mo saa tumi yi ne saa ɔsom adwuma yi nsafoa kɔsi sɛ mɛba.

8 Nokorɛ mese mo, mo baanu bɛnya sɛdeɛ mopɛ, ɛnam sɛ mo baanu di ahurusie wɔ deɛ mopɛɛe mu.