Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 47


Ɔfã 47

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ɔbɛnem 8, 1831. Ahyɛaseɛ no na John Whitmer, a na wadi kan asom sɛ Nkɔmhyɛni no twerɛtwerɛfoɔ no, twentwɛnn ne nan ase berɛ a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsom sɛ Asɔre no abakɔsɛm twerɛfoɔ ne twerɛtohɔfoɔ na ɔnhyɛ Oliver Cowdery ananmu. Ɔtwerɛɛe sɛ, “Na mempɛ sɛ meyɛ nanso mehunuu sɛ ɛwɔ sɛ Awurade pɛ yɛ hɔ, na sɛ ɔpɛ a, mɛpɛ sɛ ɔbɛfa Joseph Ɔdehununi no so ada no adi.” Joseph nyaa saa adiyisɛm yi akyi no, John Whitmer gye too mu na ɔsomm wɔ diberɛ a wɔayi ama no mu.

1–4, Wɔde ahyɛ John Whitmer nsa sɛ ɔnkora Asɔre no abakɔsɛm na ɔntwerɛ mma Nkɔmhyɛni no.

1 Hwɛ, ɛho hia ma me sɛ m’akoa John bɛtwerɛ na ɔbɛkora daa abakɔsɛm, na ɔboa wo, m’akoa Joseph, wɔ nneɛma nyina ara a mede bɛma wo no ntwerɛeɛ mu, kɔsi sɛ wɔbɛfrɛ no sɛ ɔnyɛ asɛdeɛ foforɔ.

2 Bio, nokorɛ mese wo sɛ ɔbɛtumi nso ama ne nne so wɔ nhyiamu ase, berɛbiara a ɛho bɛhia.

3 Na bio, mese wo sɛ wɔbɛyi no sɛ ɔnkora asɔre no twerɛtohɔ ne n’abakɔsɛm daa; Oliver Cowdery deɛ mayi no sɛ ɔnyɛ adwuma foforɔ.

4 Ɛno nti, mpɛn dodoɔ a ɔyɛ nokorɛfoɔ no, wɔnam Ɔwerɛkyekyefoɔ no so de bɛma no sɛ ɔntwerɛ saa nneɛma yinom. Mpo saa ara. Amen.