Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 17


Ɔfã 17

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so de maa Oliver Cowdery, David Whitmer, ne Martin Harris, wɔ Fayette, New York, Ayɛwohomumɔ 1829, ansana wɔrebɛhwɛ mprɛte a nkurukyire no wɔ so na ɛkura Mormon Nwoma no twerɛtohɔ no. Na Joseph ne ne twerɛfoɔ, Oliver Cowdery, asua afiri Mormon Nwoma mprɛte nkyeraseɛ no so sɛ wɔbɛyi adansefoɔ soronko baasa (hwɛ Eter 5:2–4; 2 Nifae 11:3; 27:12). Oliver Cowdery, David Whitmer, ne Martin Harris nyaa nkanyan bi wɔ wɔn mu ma wɔnyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ adansefoɔ baasa soronko no. Nkɔmhyɛni no bisaa Awurade, na saa adiyisɛm yi ne mmuaeɛ a ɔnam Urim ne Tumim no so de maae.

1–4, Adansefoɔ baasa no nam gyedie so bɛhunu mprɛte no ne nneɛma kronkron binom nso; 5–9, Kristo di adanseɛ sɛ Mormon Nwoma no yɛ anyankonneɛ.

1 Hwɛ, mese mo sɛ, ɛsɛ sɛ mode mo ho to m’asɛm so, na sɛ mode moakoma nyina ara yɛ yei a, mobɛnya mprɛte no ahwɛ, ne nkataboɔ no nso, Laban akofena no, Urim ne Tumim no, a wɔde maa Jared nuabarima wɔ bepɔ no so, berɛ a ɔne Awurade kasaae anim ne anim no, ne akyerɛkyerɛkwan nwanwasoɔ a wɔde maa Lehae berɛ a na wɔn wɔ ɛserɛ no so, wɔ Po Kɔkɔɔ ahyeɛ so no.

2 Na ɛnam mo gyedie so na mobɛnya yeinom ahwɛ, mpo gyedie te sɛ deɛ tete nkɔmhyɛfoɔ no nyaae no.

3 Na moanya gyedie akyire yi no, na mode moani ahunu yeinom no, monam Onyankopɔn tumi so, bɛdi ho adanseɛ;

4 Na mobɛyɛ yei ama wɔannsɛe m’akoa Joseph Smith, Jun., na mede me tenenee botae aba ama nnipa mma wɔ saa adwuma yi mu.

5 Na mobɛdi adanseɛ sɛ moahunu nneɛma yi, mpo sɛdeɛ m’akoa Joseph Smith Jun., ahunu no; na ɛnam me tumi so na ɔhunuuiɛ, ɛfiri sɛ na ɔwɔ gyedie.

6 Na wakyerɛ nwoma no ase, mpo ɛfã no a mahyɛ no no, na sɛdeɛ mo Awurade mo Nyankopɔn te ase yi ɛyɛ nokorɛ.

7 Ɛno nti, moanya tumi korɔ no ara, ne gyedie korɔ no ara, ne akyɛdeɛ korɔ no ara te sɛdeɛ ɔwɔ no.

8 Na sɛ modi saa me mmaransɛm a ɛtwa toɔ yinom so, deɛ mede ama mo yi a, asamando apono akɛseɛ rennya tumi wɔ mo so; ɛfiri sɛ m’adom dɔɔso ma mo, na wɔbɛma mo so da a ɛtwa toɔ no.

9 Na me, Yesu Kristo, mo Awurade ne mo Nyankopɔn, aka akyerɛ mo, na mede me tenenee botae aba nnipa mma hɔ. Amen.