Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 90


Ɔfã 90

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith, a wɔde maae wɔ Kirtland, Ohio, Ɔbɛnem 8, 1833. Saa adiyisɛm yi yɛ anammɔn foforɔ ntoasoɔ a wɔtuuiɛ ɛfa Titenafoɔ a Wɔdi kan no nhyehyɛeɛ ho (hwɛ ɔfã 81 atifiasɛm no); ne saa nti, wɔhyɛɛ afotufoɔ a wɔabɔ wɔn din no asɔfoɔ wɔ Ɔbɛnem 18, 1833.

1–5, Wɔde ahemman no nsafoa ahyɛ Joseph Smith nsa na wɔnam no so de ama Asɔre no; 6–7, Ɛwɔ sɛ Sidney Rigdon ne Frederick G. Williams som wɔ Titenafoɔ a Wɔdi Kan no frɛ no mu; 8–11, Ɛwɔ sɛ wɔka asɛmpa no wɔ Israel, Amanamanmufoɔ, ne Yudafoɔ aman no mu, na onipa biara te wɔ ɔno ara ne kasa mu; 12–18, Ɛwɔ sɛ Joseph Smith ne n’afotufoɔ hyehyɛ Asɔre no wɔ ne kwan so; 19–37, Awurade tu nnipa ahodoɔ fo sɛ wɔnante wɔ tenenee mu na wɔnsom wɔ N’ahemman mu.

1 Sɛdeɛ Awurade seɛ nie, nokorɛ, nokorɛ mese wo me babarima sɛ, wɔde wo bɔne akyɛ wo, sɛdeɛ w’adesrɛ teɛ, ɛfiri sɛ wo mpaebɔ ne wo nuanom mpaebɔ aforo aba m’aso mu.

2 Ne saa nti, nhyira nka wo firi nnɛ de rekorɔ, wo a wokura ahemman no nsafoa a wɔde ama wo; saa ahemman a ɛrefiri adi aba berɛ a ɛtwa toɔ no.

3 Nokorɛ mese wo, wɔrennye saa ahemman yi nsafoa mfiri wo hɔ, berɛ a wowɔ wiase yi mu, anaa wiase no a ɛbɛba no mu;

4 Nanso, ɛnam wo so na wɔde adiyisɛm no bɛma ɔfoforɔ, aane, mpo ama asɔre no.

5 Na wɔn a wɔnya Onyankopɔn nkɔmhyɛfoɔ adiyisɛm nyina ara no, wɔnhwɛ yie wɔ kwan a wɔkura yeinom, ama wɔammu no sɛ ɛyɛ ade ketewa, na ammfa wɔn annkɔ afɔbuo ase, na wɔannsunti na wɔannhwe fam berɛ a ahum bɛsiane, na mframa bɛbɔ, na nsuo bɛtɔ, ahwe wɔn fie no.

6 Na bio, nokorɛ mese wo nuanom, Sidney Rigdon ne Frederick G. Williams, sɛ wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn nso, na wɔbu wɔn sɛ wɔne wo yɛpɛ wɔ ahemman a ɛtwa toɔ no nsafoa kura mu;

7 Sɛdeɛ ɛnam wo som adwuma nso so no wɔne wo yɛpɛ wɔ nsafoa kura no mu wɔ nkɔmhyɛfoɔ sukuu no mu, deɛ mahyɛ sɛ wɔnhyehyɛ no;

8 Sɛdeɛ ɛbɛnam so ama wɔadi mũ wɔ ɔsom adwuma a wɔyɛ ma Sion nkwagyeɛ, Israel man, ne Amanamanmufoɔ no, dodoɔ no ara a wɔbɛgye adie no.

9 Sɛdeɛ ɛnam wo som adwuma so no wɔbɛtumi anya asɛm no, na ɛnam wɔn som adwuma so no asɛm no bɛfiri adi akɔ asase ano, akɔ Amanamanmufoɔ no hɔ kane, na afei, hwɛ na hunu, wɔbɛdane akɔ Yudafoɔ no so.

10 Na afei da no bɛba a Awurade basa bɛda adi wɔ tumi mu ama aman, abosonsomfoɔ aman, Yosef fie, agye wɔn nkwagyeɛ asɛmpa no adi.

11 Ɛfiri sɛ, da no reba a, onipa biara bɛte asɛmpa no mahyɛ wɔ n’ankasa ne kasasu, ne n’ankasa ne kasa mu, nam wɔn a wɔayi wɔn ama saa tumi yi, nam Ɔwerɛkyekyefoɔ no som adwuma, a wɔahwie agu wɔn so sɛ Yesu Kristo adiyisɛm no.

12 Na afei, nokorɛ mese mo, mema mo mmarasɛm sɛ monkɔ so wɔ ɔsom no ne titenafoɔ dwumadie no mu.

13 Na sɛ mowie nkɔmhyɛfoɔ no nkyerɛaseɛ no a, momfiri saa berɛ yi de rekorɔ nhwɛ asɔre no dwumadie ne sukuu no so;

14 Na berɛ ano berɛ ano, sɛdeɛ Ɔwerɛkyekyefoɔ no bɛda n’adi no, mobɛnya adiyisɛm de abue ahemman no ahintasɛm ani;

15 Na mobɛhyehyɛ nsɔre no ne kwan so, mobɛhwehwɛ mu na moasua adeɛ, na moapɛ nhumu wɔ nwoma pa nyina ara mu, na moahunu kasahodoɔ, ne kasasu, ne nnipa.

16 Na yei bɛyɛ mo adwuma ne mo soma wɔ mo nkwa nna nyina ara mu, sɛ mobɛyɛ titenafoɔ wɔ agyinatukuo mu, na mobɛhyehyɛ saa asɔre yi ne ahemman no dwumadie nyina ara wɔne kwan so.

17 Mma mommfɛre, anaa moani nnwu; mmom monye kasa kyerɛ wɔ moahomasoɔ ne ahantan nyina ara ho, ɛfiri sɛ ɛde fidisum bɛba mo akra so.

18 Monsiesie mo afie yie wɔne kwan so; montwe mo ho mfiri akwadworɔ ne deɛ ɛho nnteɛ ho korakora.

19 Afei, nokorɛ mese wo, ntɛmpa yi ara sɛ ɛbɛtumi a ma wɔn nsiesie baabi mma wo fotufoɔ ne wo twerɛtwerɛfoɔ, mpo Frederick G. Williams abusua.

20 Na ma m’akoa a n’ani afi, Joseph Smith, panin no, nkɔ so ne n’abusua ntena faako a ɔwɔ seesei yi; na mma wɔnntɔn kɔsi sɛ Awurade ano bɛkyerɛ.

21 Na ma me fotufoɔ, mpo Sidney Rigdon, nkɔso nwɔ faako a ɔte kɔsi sɛ Awurade ano bɛkyerɛ.

22 Na ma ɔhwɛfoɔ no mfa nsiyɛ nhwehwɛ sɛ ɔbɛnya ɔnanmusifoɔ, na ma ɔnyɛ onipa a ɔwɔ ahonyadeɛ wɔ adekoraeɛ—Onyankopɔn nipa a, ne gyedie mu yɛ den—

23 Ama ɛnam so watumi aboa atua ka biara; ama Awurade adekorabea no annya din bɔne wɔ nkorɔfoɔ no anim.

24 Momfa nsiyɛ nhwehwɛ, mmɔ mpaeɛ berɛbiara, na nneɛma nyina ara bɛbɔ mu adi dwuma ama mo yieyɛ, sɛ monante tenenee mu na mokae apam a mone mo ho mo ho akɔ no a.

25 Momma mo mmusua nyɛ nketewa, nkanka m’akoa a n’ani afi, Joseph Smith, Sen. deɛ no, ɛfa wɔn a wɔnnka mo mmusua ho no;

26 Ama wɔannye nneɛma a wɔde ama mo, a ɛde m’adwuma bɛba mu no ammfiri mo hɔ na wɔammfa amma wɔn a wɔn mmfata—

27 Na ɛnam so ma wɔasi mo kwan wɔ nneɛma a mahyɛ mo sɛ monyɛ no ho.

28 Na bio, nokorɛ mese mo, ɛyɛ me pɛ sɛ m’abaawa Vienna Jaques bɛgye sika de atua n’aka, na wakɔ Sion asase no so;

29 Na sika no nkaeɛ no wɔbɛte ho ama me, na wanya akatua wɔ me ara me mmerɛ a ɛsɛ mu.

30 Nokorɛ mese mo sɛ ɛfata wɔ m’ani so sɛ ɔkɔ Sion asase no so, na ɔgye apɛgyadeɛ firi ɔhwɛfoɔ no nsam;

31 Ama watumi atena ase wɔ asomdwoeɛ mu mmerɛ dodoɔ a ɔyɛ nokorɛfoɔ, na ɔnnyɛ aniha wɔne nna mu firi saa berɛ yi de rekorɔ.

32 Na hwɛ, nokorɛ mese mo, sɛ montwerɛ saa mmarasɛm yi, na monka nkyerɛ mo nuanom a wɔn wɔ Sion, wɔ ɔdɔ nkyea mu, sɛ mafrɛ mo nso sɛ monhwɛ Sion so wɔ me ara me mmerɛ a ɛsɛ mu.

33 Ne saa nti, ma wɔnyae me haw ɛfa saa asɛm yi ho.

34 Hwɛ, mese mo sɛ mo nuanom a wɔn wɔ Sion no ahyɛ aseɛ resakyera, na abɔfoɔ di wɔn ho ahurisie.

35 Nanso, nneɛma pii nsɔ m’ani yie; na m’akoa William E. McLellin nsɔ m’ani yie, ɛne m’akoa Sidney Gilbert; ne ɔhwɛfoɔ no nso, na afoforɔ wɔ nneɛma pii a ɛwɔ sɛ wɔsakyera firi ho.

36 Nanso nokorɛ mese mo, sɛ Me, Awurade, ne Sion bɛdi aperepereɛ, na masrɛ n’ahoɔdenfoɔ, na maka n’anim kɔsi sɛ ɔbɛdi nkonim na ne ho ate wɔ m’anim.

37 Ɛfiri sɛ wɔrennyi no mmfiri ne tenabea. Me, Awurade, na maka. Amen.