Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 29


Ɔfã 29

Adiyisɛm a wɔde maae nam Nkɔmhyɛni Joseph Smith so, wɔ mpaninfoɔ nsia anim, wɔ Fayette, New York, Ɛbɔ 1830.Wɔde saa adiyisɛm yi maae nna kakra bi ansa na wɔrebɛyɛ nhyiamu no, a ɛhyɛ aseɛ Ɛbɔ 26 1830.

1–8, Kristo boaboa wɔn a Wayi wɔn ano; 9–11, Ne mmaeɛ no de Mfirihyia Apem no bɛba; 12–13, Dumienu no bɛbu Israel nyina ara atɛn; 14–21, Nsɛnkyerɛne, ɔyaredɔm, ne ɔsɛeɛ bɛdi mmaeɛ a ɛtɔ so mmienu no anim; 22–28, Owusɔreɛ a ɛtwa toɔ no ne atemmuo a ɛtwa toɔ no bɛdi Mfirihyia apem n’akyi; 29–35, Nneɛma nyina ara yɛ honhom mu ma Awurade; 36–39, Wɔtoo ɔbonsam ne ne dɔm firi soro guu asase so sɛ wɔmmɛsɔ nipa nhwɛ; 40–45, Ahweaseɛ no ne Mpata no de nkwagyeɛ ba; 46–50, Wɔagye mmɔfra nketewa nam Mpata no so.

1 Montie Yesu Kristo nne, mo Gyefoɔ, MeNe Kokuroko no, a ne mmɔborɔhunu abasa ayɛ mpata ama mo bɔne no;

2 Ɔno a ɔbɛboaboa ne nkorɔfoɔ ano mpo sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase no, mpo dodoɔ no ara a wɔbɛtie me nne na wɔbɛbrɛ wɔn ho ase wɔ m’anim, na wɔbɛfrɛ me wɔ mpaebɔ kɛseɛ mu no.

3 Hwɛ, nokorɛ, nokorɛ, mese mo, sɛ saa berɛ yi wɔde mo bɔne akyɛ mo, ɛno nti na moanya saa nneɛma yi no; nanso monkae sɛ monnyɛ bɔne bio, anyɛ saa a, ɔhaw bɛba mo so.

4 Nokorɛ, mese mo sɛ wɔapaw mo afiri wiase mu sɛ momfa ahurisie nnyegyeɛ nka m’asɛmpa no, tesɛ totorobɛnto nne.

5 Momma mo akoma so na mo ani nnye, ɛfiri sɛ mewɔ mo mu, na meyɛ mo dimafoɔ wɔ Agya no nkyɛn; na ɔwɔ ɔpɛ pa sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.

6 Na sɛdeɛ wɔatwerɛ no—Biribiara a mobɛbisa wɔ gyedie mu, sɛ moka bɔ mu wɔ mpaebɔ mu sɛdeɛ me mmara teɛ a, mo nsa bɛka.

7 Na wɔafrɛ mo sɛ momma wɔn a mayi wɔn no anoboaboa no mmra mu; na wɔn a mayi wɔn no te me nne na wɔnnyɛ wɔn akoma den;

8 Ɛno nti ahyɛdeɛ no afiri Agya no hɔ akɔ sɛ wɔbɛboaboa wɔn ano faako wɔ saa asase yi so, sɛdeɛ wɔbɛsiesie wɔn akoma na wɔanya ahosiesie wɔ nneɛma nyina ara mu ama da no a wɔde amanehunu ne ɔsɛeɛ bɛba atirimuɔdenfoɔ so no.

9 Ɛfiri sɛ dɔnhwere no abɛn, na ɛrennkyɛre da no bɛba berɛ a asase no ahoa; na ahantanfoɔ nyina ara ne wɔn a wɔyɛ atirimuɔdenneɛ bɛyɛ sɛ ɛsrɛdwaneɛ; na mɛhye wɔn, Asafo Awurade na ɔseɛ, sɛdeɛ atirimuɔdensɛm renntena asase so;

10 Ɛfiri sɛ dɔnhwere no abɛn, na deɛ m’asomafoɔ no kaaɛ no, ɛsɛ sɛ ɛba mu; ɛfiri sɛ sɛdeɛ wɔkaae no saa ara na ɛsɛ sɛ ɛba mu;

11 Na mɛyi me ho adi afiri soro wɔ tumi ne animuonyam kɛseɛ mu, ɛne ɔsoro asafo nyina ara, na me ne nnipa atena tenenee mu wɔ asase so mfeɛ apem, na atirimuɔdenfoɔ no renntumi nnyina.

12 Na bio, nokorɛ, nokorɛ, mese mo, na yei na afiri adi kɔ wɔ ahyɛdeɛ a ɛsi pi mu, nam Agya no pɛ so, sɛ m’asomafoɔ, Dumienu no a na wɔka me ho me som adwuma mu wɔ Yerusalem no, gyina me nsa nifa so, wɔ da no a mɛba wɔ ogya fadum mu; a wɔahyehyɛ wɔn tenenee ntaadeɛ, ɛne ahenkyɛ wɔ wɔn tiri so, wɔ animuonyam mu mpo te sɛdeɛ meteɛ yi, na wɔabɛbu Israel fiefoɔ nyina ara atɛn, mpo dodoɔ ara wɔadɔ me na wɔadi me mmaransɛm so no, na nnyɛ nnipa foforɔ biara.

13 Ɛfiri sɛ wɔbɛhyɛn totorobɛnto bi tententene ne dennennen, mpo tesɛ ɛwɔ Sinai Bepɔ so, na asase nyina ara bɛwoso, na wɔbɛfiri adi aba—aane, mpo awufoɔ a wɔwuu wɔ me mu no, na wɔabɛgye tenenee ahenkyɛ, na wɔahyɛ wɔn ntaadeɛ, tesɛ me ara, na wɔaka me ho, ama yɛayɛ baako.

14 Nanso, hwɛ, mese mo sɛ ansana saa da kɛseɛ yi bɛba no owia no bɛduru sum, na ɔsrane no abɛdane mogya, na nsoroma bɛtutu afiri soro agu fam, na nsɛnkyerɛnne akɛseɛ bɛba ɔsoro soro ne asase so wɔ fam;

15 Na esu ne agyaadwoɔ twa bɛba nnipa dɔm no ntam;

16 Na wɔbɛsoma asukɔtweaa gyampatrudu aba abɛsɛe asase so nnɔbaeɛ.

17 Na ɛbɛba sɛ, atirimuɔdensɛm nti, mɛtɔ otirimuɔdenfoɔ so werɛ, ɛfiri sɛ wɔrennsakyera; na m’abufuo kuruwa ayɛ mã; na hwɛ sɛ wɔrenntie me a me mogya rennte wɔn ho.

18 Ɛno nti, me Awurade Nyankopɔn mɛsoma nwansena wɔ asase so, na wɔbɛsɔ ɛmu sotefoɔ no mu, wɔbɛdi wɔn nam, na wɔbɛma nsaama aba wɔn so;

19 Na wɔbɛsi wɔn tɛkyerɛma kwan ama wɔanntumi annkasa anntia me; na wɔn honam bɛfiri wɔn nnompe ho agu fam, na wɔn ani afiri wɔn anikrankyi mu atotɔ;

20 Na ɛbɛba sɛ kwaeɛ mu mmoa ne ewiem nnomaa bɛba abɛdi wɔn nam.

21 Na asɔre kɛseɛ a wɔkyiri no a ɛyɛ asase so nyina ara dwamanfoɔ no, wɔde ogyatannaa bɛtu no agu, sɛdeɛ Hesekiel nkɔmhyɛni no de n’ano kaae no, ɔno a ɔkasa faa yeinom ho, deɛ ɛmmaa mu; nanso etwa sɛ ɛba mu, sɛ metease yi, ɛfiri sɛ akyiwadeɛ renni hene.

22 Na bio, nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, sɛ mfeɛ apem ba awieɛ, na nnipa hyɛ aseɛ bio sɛ wɔrepa wɔn Nyankopɔn akyi a, ɛnneɛ mɛgyae wiase mmerɛ tiawa bi pɛ;

23 Na awieɛ no bɛba, na ɔsoro ne asase bɛsɛe na atwa mu akɔ; na ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ bɛba.

24 Ɛfiri sɛ nneɛma dada no bɛtwam akɔ, na nneɛma nyina ara abɛyɛ foforɔ, mpo wɔ soro ne asase so, ɛne mãhyɛ a ɛwɔ mu nyina ara, nnipa ne mmoa, ewiem nnomaa, ne ɛpo mu mpataa;

25 Na nwi baako, anaa ade ketewa pa ara mpo rennyera, ɛfiri sɛ ɛyɛ me nsa ano adwuma mu adwinneɛ.

26 Nanso, hwɛ, nokorɛ mese mo, ansa na asase no bɛtwa mu akɔ no, Mikael, me bɔfo panin no, bɛhyɛn ne totorobɛnto, na afei awufoɔ nyina ara bɛnyane, na wɔn nna so bɛbuebue, na wɔbɛfiri adi aba—aane, mpo wɔn nyina ara.

27 Na wɔbɛboaboa ateneneefoɔ ano wɔ me nsa nifa so ama nkwa a ɛnni awieɛ; na atirimuɔdenfoɔ no a wɔn wɔ me nsa benkum so deɛ, ɛbɛyɛ me aniwuo sɛ wɔbɛyɛ me deɛ wɔ Agya n’anim.

28 Ɛno nti mɛka akyerɛ wɔn sɛ—Momfiri me so, mo a wɔadome mo, nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu.

29 Na afei, hwɛ, mese mo, memfaa m’ano nkaa no berɛ biara da sɛ wɔbɛsan aba, ɛfiri sɛ faako a mewɔ no wɔrenntumi mma hɔ, ɛfiri sɛ wɔnni tumi biara.

30 Nanso monkae sɛ wɔmfaa m’atemmuo nyina ara mmaa nnipa; na sɛdeɛ nsɛm no afiri m’ano akɔ no, mpo saa ara na ɛbɛba mu, na adikanfoɔ no bɛdi akyire, akyikafoɔ no abɛdi kan wɔ nneɛma nyina ara mu, biribiara a menam m’asɛm tumi so abɔ no, deɛ ɛyɛ me Honhom tumi no.

31 Ɛfiri sɛ menam me Honhom tumi so na mebɔɔ wɔn; aane, nneɛma nyina ara, honhom mu ne honam mu—

32 Deɛ ɛdi kan, honhom mu; deɛ ɛtɔ so mmienu, honam mu: yei yɛ me dwumadie ahyɛaseɛ. Na bio, deɛ ɛdi kan, honam mu; ne deɛ ɛtɔ so mmienu honhom mu: yei yɛ me dwumadie awieɛ—

33 Merekasa akyerɛ mo sɛdeɛ mobɛte aseɛ honam fa mu; nanso me nnwuma nni awieɛ, anaa ahyɛaseɛ mma me; nanso wɔde ama mo sɛdeɛ mobɛte aseɛ, ɛfiri sɛ mobisaae wɔ me hɔ wɔ adwenkorɔ mu.

34 Ɛno nti, nokorɛ mese mo sɛ nneɛma nyina ara yɛ honhom ma me, na berɛ biara nni hɔ a mama mo honam mu mmara; anaa nipa biara, anaa nnipa mma; anaa Adam, mo agya, a mebɔɔ no no.

35 Hwɛ, memaa no kwan sɛ ɔnni ne ho so; na memaa no mmarasɛm, mmom ɛnnyɛ honam mu mmarasɛm na mede maa no, ɛfiri sɛ me mmaransɛm yɛ honhom; ɛnnyɛ bɔsu, nnyɛ ammɛkyɛwa, ɛnnyɛ honam mu akɔnnɔ, nnyɛ honam mu anigyeɛ.

36 Na ɛbaa sɛ ɔbonsam sɔɔ Adam hwɛɛe—ɛfiri sɛ, hwɛ, na ɔbonsam wɔ hɔ ansa na Adam reba, ɛfiri sɛ ɔtee me so atua kaa sɛ, Ma me wo anidie no, a ɛyɛ me tumi no; na nso ɔdanee ɔsoro asafo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako firii me ho kɔɔeɛ esiane wɔn fahodie nti;

37 Na wɔtoo wɔn twenee fam, na wɔbɛyɛɛ ɔbonsam ne n’abɔfoɔ;

38 Na, hwɛ, bea bi wɔ hɔ a wɔahyehyɛ ama wɔn firi ahyɛaseɛ no, a ɛyɛ asamando.

39 Na ɛho bɛhia sɛ ɔbonsam bɛsɔ nnipa mma ahwɛ, anyɛ saa a wɔrenntumi nni wɔn ho so; ɛfiri sɛ sɛ wɔannya nwononwono a wɔrenntumi nnhunu deɛ ɛyɛ dɛ—

40 Ɛno nti, ɛbaa sɛ ɔbonsam sɔɔ Adam hwɛɛe, na ɔdii aduaba a wɔabra no na ɔtoo mmarasɛm no, na ɔbɛhyɛɛ ɔbonsam pɛ ase, ɛfiri sɛ ɔgyaee ne ho maa nsɔhwɛ.

41 Ɛno nti, Me, Awurade Nyankopɔn, hyɛɛ sɛ wɔmpam no mfiri Eden Turo no mu, mfiri m’anim, esiane ne mmaratoɔ nti, a ɛno mu ɛmaa ɔwuu honhom mu, deɛ ɛyɛ owuo a ɛdi kan no, mpo saa owuo korɔ no a ɛyɛ owuo a ɛtwa toɔ no, deɛ ɛyɛ honhom no, deɛ wɔbɛka agu atirimuɔdenfoɔ no so berɛ a mɛka sɛ: Momfiri me so, mo a wɔadome mo no.

42 Nanso, hwɛ, mese mo sɛ Me, Awurade Nyankopɔn, maa Adam ne n’asefoɔ tumi sɛ wɔnnwu ammɛkyewa wuo, kɔsi sɛ Me, Awurade Nyankopɔn, mɛsoma abɔfoɔ akɔ ka nsakyeraeɛ ne ɔgyeɛ akyerɛ wɔn, nam gyedie so wɔ me Ba a Mewoo no Korɔ no din mu.

43 Na saa na Me, Awurade Nyankopɔn, meyii nipa nsɔhwɛ nna sii hɔ maa no—sɛdeɛ wɔnam ne bɔsu wuo so betumi asɔre wɔ honam a ɛnnwuo mu, akɔ nkwa a ɛnni awieɛ mu, mpo dodoɔ no ara a wɔbɛgye adie no;

44 Na wɔn a wɔnnye nni no akɔ afɔbuo a ɛnni awieɛ mu; ɛfiri sɛ wɔnntumi nnye wɔn mmfiri wɔn honhom ahweaseɛ mu, esiane sɛ wɔannsakyera;

45 Ɛfiri sɛ wɔdɔ sum kyɛn hann, na wɔn nneyɛɛe yɛ bɔne, na wɔgye wɔn akatua firi deɛ wɔpɛ sɛ wɔtie no hɔ.

46 Nanso hwɛ, mese mo, sɛ wɔagye mmɔfra nketewa afiri wiase fapem nam me Deɛ mewoo no Korɔ no so;

47 Ɛno nti, wɔnntumi nnyɛ bɔne, ɛfiri sɛ wɔmmaa Satan tumi sɛ ɔnsɔ mmɔfra nketewa nhwɛ, kɔsi sɛ wɔfiri aseɛ bu nneyɛɛe ho akonta wɔ m’anim;

48 Ɛfiri sɛ wɔde ama wɔn mpo sɛdeɛ me pɛ teɛ, sɛdeɛ ɛsɔ me ara ankasa m’ani, ama matumi ahwehwɛ nneɛma akɛseɛ afiri wɔn agyanom nsam.

49 Na, bio, mese mo sɛ, so ɔbiara a ɔwɔ nimdeɛ no, mennhyɛɛ no sɛ ɔnsakyera anaa?

50 Na deɛ ɔnni nteaseɛ no, ɛwɔ me sɛ mɛyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no. Na afei, merennka bio nnka ho saa berɛ yi. Amen.