Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 134


Ɔfã 134

Gyedie ho mpaemuka a ɛfa amammuo ne mmara nyina ara ho, a wɔnam adwen korɔ so gye too mu wɔ Asɔre no amansan nhyiamu a wɔyɛɛe wɔ Kirtland, Ohio, Ɔsannaa 17, 1835. Ahoteɛfoɔ bebree bɛhyiaa mu sɛ wɔrebɛdwennwen Nkyerɛkyerɛ ne Apam no mu nsɛm a wɔasusu sɛ ɛbɛyɛ ntintim a ɛdi kan no ho. Saa berɛ yi na wɔmaa mpaemuka yi nnianim a ɛdi soɔ yi: “Sɛdeɛ wɔmma nkyerɛaseɛ foforɔ bi mmfa yɛn gyedie a ɛfa asase amammuo ne mmara nyina ara ho anaa wɔnnya ɛho nteaseɛ a ɛnnyɛ nokorɛ nti, yɛadwene ho ahunu sɛ ɛfata sɛ yɛde yɛn adwenkyerɛ to dwa wɔ saa nwoma yi awieɛ.”

1–4, Ɛwɔ sɛ aban kora ahonim ne ɔsom ho fahodie; 5–8, Ɛwɔ sɛ nnipa nyina ara boa wɔn aban na wɔde obuo ne ahobrɛaseɛ ma mmara no; 9–10, Ɛnnsɛ sɛ nyamesom akuo de aban mmara tumi di dwuma; 11–12, Nnipa di bem sɛ wɔbɛbɔ wɔn ho ne wɔn agyapadeɛ ho ban.

1 Yɛgye di sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ amammuo maa onipa mfasoɔ; na ɔbɛma wɔabu wɔn nneyɛɛ a ɛfa yeinom ho akonta, wɔ mmara hyehyɛ ne ɛho dwumadie mu, sɛdeɛ manmufoɔ bɛnya yiedie ne banbɔ.

2 Yɛgye di sɛ amammuo biara nntumi nnyɛ adwuma wɔ asomdwoeɛ mu, gye sɛ wɔyɛ ɛmu mmara na wɔdi so a wɔnntoto no ase, sɛdeɛ ɛbɛma ankorɛankorɛ biara anya ahofadie de n’ahonim abɔ ne nkwa ne n’agyapadeɛ ho ban, anya ho kwan ahwɛ so.

3 Yɛgye di sɛ amammuo nyina ara hia aman adwumayɛfoɔ pa ara a wɔbɛhwɛ ma saa mmara yi ayɛ adwuma; na ɛwɔ sɛ wɔhwehwɛ wɔn a wɔde mmara no bɛsom wɔ pɛpɛyɛ ne atɛntenenee mu, na wɔnam nkorɔfoɔ no nne so sɔ wɔn mu, sɛ ɛyɛ kwasafoman, anaa ɔhene no pɛ a.

4 Yɛgye di sɛ Onyankopɔn na ɔhyehyɛɛ nyamesom; na nnipa bu akonta kyerɛ no, ɔno nko ara, wɔ ɛho dwumadie mu, gye sɛ wɔn nyamesom nsusuiɛ kyerɛ wɔn sɛ wɔntiatia afoforɔ hokwan ne wɔn fahodie so; nanso yɛn-nnye nni sɛ nnipa mmara wɔ ho kwan sɛ ɛba nyamesom mmara nhyehyɛeɛ mu na ɛkyekyere nnipa ahonim, anaa ɛkyerɛ badwam ne kokoa mu som yɔbea; ama aban asɛnnifoɔ no asi adebɔne ho kwan, mmom ɛnnsɛ sɛ ɔdi ahonim so dabiara da; ɛwɔ sɛ ɔma ɛfɔdie ho asotwe, nanso, ɛnnsɛ sɛ ɔtiatia ɔkra fahodie so.

5 Yɛgye di sɛ ɛyɛ, nnipa nyina ara asɛdeɛ sɛ, amammuo biara a wɔn wɔ mu no wɔsɔ mu na wɔtae akyire, berɛ a saa amammuo yi mu mmara no bɔ wɔn awosuo ne hokwan a wɔrenntumi nnye ho ban; na ɔsɔretia ne atuateɛ mmfata ɔman ba biara a ɔwɔ saa ahobanbɔ yi, na ɛwɔ sɛ wɔma ho asotwe sɛdeɛ ɛsɛ; na aban biara wɔ ho kwan sɛ ɔyɛ mmara a wɔn ankasa susu sɛ ɛfata pa ara sɛ ɛyɛ ma ɔmanmufoɔ ne obiara; nanso, berɛ korɔ no ara mu no, ɛwɔ sɛ ɛsan nso bu ahonim fahodie sɛ ɛyɛ kronkron.

6 Yɛgye di sɛ ɛwɔ sɛ wɔde anidie ma onipa biara wɔ ne diberɛ mu, sodifoɔ ne asɛnnifoɔ sɛdeɛ wɔn diberɛ teɛ, wɔn a wɔayi wɔn sɛdeɛ bemdifoɔ bɛnya ahobanbɔ na wɔn a wɔdi fɔ bɛnya asotwe; na ɛwɔ sɛ nnipa nyina ara de obuo ne ahobrɛaseɛ ma mmara no, ɛsiane sɛ sɛ yeinom nni hɔ a basabasayɛ ne ehu bɛhyɛ asomdwoeɛ ne koroyɛ ananmu; na wɔhyehyɛɛ nnipa mmara maa botaeɛ pɔtee sɛ ɛmma ankorɛankorɛ ne aman yiedie, wɔ onipa ne onipa ntam; na wɔde mmara kronkron firi soro maae, a ɛkyerɛ mmara a ɛfa honhom mu nsɛm ho, sɛ ɛnyɛ gyedie ne ɔsom, na onipa ama ɛho mmuaeɛ akyerɛ ne Yɛfoɔ.

7 Yɛgye di sɛ sodifoɔ, aman, ne aban wɔ hokwan, na ɛyɛ asɛdeɛ sɛ wɔyɛ mmara ma ɔman mma nyina ara ahobanbɔ wɔ wɔn nyamesom gyedie ho dwumadie wɔ fahodie mu; nanso yɛn-nnye nni sɛ wɔn wɔ hokwan wɔ mmara mu sɛ wɔbɛsi ɔman mma ho kwan wɔ saa akwannya yi ho, anaa wɔbɛbara wɔn wɔ wɔn nsusuiɛ mu, sɛ wɔkyerɛ obuo ne anidie ma mmara no na saa nyamesom nsusuiɛ no mmu sɔretia ne tirisopam bem a.

8 Yɛgye di sɛ ɛwɔ sɛ wɔma bɔne ho asotwe sɛdeɛ mfomsoɔ no teɛ; na awudie, oyima, korɔnobɔ, awi, ne amansam asomdwoeɛ sɛeɛ, wɔ kwan biara so no, ɛwɔ sɛ wɔma ɛho asotwe sɛdeɛ mfomsoɔ no anoɔden teɛ ne sɛdeɛ suban bɔne a ɛbɛtumi aba nnipa ntam no teɛ, wɔmfa saa aban no a wɔyɛɛ saa mfomsoɔ no wɔ mu no mmara na ɛnyɛ; na sɛdeɛ asomdwoeɛ ne ahotɔ bɛba ɔman no mu no, ɛsɛ sɛ nnipa nyina ara fa wɔn tumi so tu anammɔn de wɔn a wɔfom mmara pa no ba asotwe mu.

9 Yɛn-nnye nni sɛ ɛtene sɛ wɔde nyamesom nkɛntɛnsoɔ fra aban amammuo mu, a wɔnam so de pagya nyamesom kuo bi na wɔbara ɔfoforɔ wɔ ne honhom mu akwannya ho, na asɔremma no ankorɛankorɛ hokwan, sɛ ɔman mma no, wɔde kame wɔn.

10 Yɛgye di sɛ nyamesom akuo nyina ara wɔ hokwan sɛ wɔne wɔn kuo-mma di wɔ suban a ɛmmfata ho, sɛdeɛ mmara ne ahyɛdeɛ a ɛwɔ saa kuo no mu no teɛ; gye sɛ saa anodie no fa ayɔnkofa ne gyinabea pa ho; nanso, yɛn-nnye nni sɛ nyamesom kuo biara wɔ tumi sɛ wɔsɔ nnipa hwɛ wɔ agyapadeɛ hokwan anaa nkwa ho, sɛ wɔbɛgye wiase yi mu nneɛma afiri wɔn hɔ, anaa wɔde wɔn bɛto asiane mu wɔ wɔn nkwa anaa honam akwaa bi ho, anaa sɛ wɔde honam mu asotwe bɛba wɔn so. Deɛ wɔbɛtumi ayɛ ara ne sɛ wɔbɛyi wɔn adi afiri wɔn kuo no mu, na wɔde kuo no mu ayɔnkofa akame wɔn.

11 Yɛgye di sɛ nnipa wɔ ho kwan sɛ wɔde asɛm kɔdan ɔman mmara no de siesie nsɛm a ɛnnyɛ ne nsɛm a ɛyɛ yaw, berɛ a wɔadi obi dɛm anaa wɔatiatia obi agyapadeɛ hokwan so anaa wɔasɛe obi din, baabi a saa mmara yi wɔ a ɛbɛbɔ yeinom ho ban; nanso yɛgye di sɛ nnipa nyina ara di bem sɛ wɔbɔ wɔn ho, wɔn nnamfo, ne wɔn agyapadeɛ, ne aban no ho ban firi ntɔkwa a ɛmmfa mmara kwan mu ne ataataa wɔ nnipa biara so wɔ mmerɛ a ɛyɛ den mu, berɛ a wɔnntumi nnkɔdan mmara no, na wɔnni ɔgyefoɔ biara.

12 Yɛgye di sɛ ɛfata sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ asase so aman nyina ara, na yɛbɔ ateneneefoɔ kɔkɔ sɛ wɔnnye wɔn ho mfiri wiase yi porɔeɛ no mu; nanso yɛn-nnye nni sɛ ɛfata sɛ yɛde yɛn ho hyehyɛ nkoasom nsɛm mu, anaa yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn, anaa yɛbɔ wɔn asu wɔ berɛ a ɛtia wɔn awuranom pɛ anaa wɔn apɛdeɛ, anaa yɛde yɛn ho gyegye mu anaa yɛnya nkɛntɛnsoɔ ketewa bi mpo wɔ wɔn so ma wɔkyi wɔn abrabɔ mu tebea, na yɛafa so de nnipa nkwa akɔ asiane mu; yɛgye di sɛ saa ahohyehyɛ yi nnyɛ mmara na ɛmmfata, na ɛtumi sɛe ɔman biara asomdwoeɛ na ɛma adasamma kɔ nkoasom mu.