Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 135


Ɔfã 135

Wɔde Joseph Smith Nkɔmhyɛni no ne ne nua, Hyrum Smith Agyapanin no mogyadansedie wɔ Carthage, Illinois, Ayɛwohomumɔ, 27 1844 no to dwa.Wɔde saa nwoma yi kaa 1844 awieɛ mu Nkyerɛkyerɛ ne Apam no ho, deɛ na ɛreyɛ ayɛ krado ma wɔatintim aba dwa so berɛ a wɔdii Joseph ne Hyrum Smith awuo no.

1–2, Wɔkum Joseph ne Hyrum wɔ Carthage Afiase; 3, Wɔka Nkɔmhyɛni no gyinabea kɛseɛ pa ara ho asɛm; 4–7, Wɔn mogya a ɛdi bem no di adanseɛ fa adwuma no nokorɛ ne ne kronkronyɛ ho.

1 Sɛdeɛ yɛbɛsɔ saa nwoma yi ne Mormon Nwoma no adanseɛ ano no, yɛde Joseph Smith Nkɔmhyɛni no, ne Hyrum Smith Agyapanin no mogyadansedie to dwa. Akakabensɛmfoɔ a wɔkura akodeɛ—a wɔaka wɔn ho tuntum—a wɔyɛ nnipa bɛyɛ 150 de rekɔ 200 na wɔbɔɔ wɔn tuo wɔ Carthage afiase, wɔ Ayewohomumɔ 27, 1844, bɛyɛ anwummerɛ nnɔnnum. Hyrum na wɔbɔɔ no tuo kane na ɔtɔɔ fam dinn, na ɔkaa sɛ: mayɛ owufoɔ! Joseph huri firii mpoma no ano, nanso berɛ a ɔgu so no wɔbɔɔ no tuo kumm no, na ɔteaa mu kaa sɛ: O Awurade me Nynakopɔn! Wɔn wuo akyi no, wɔbɔɔ wɔn baanu no tuo atirimuɔden kwan so, na wɔbɔɔ wɔn baanu no akoraboɔ nnan.

2 John Taylor ne Willard Richards, Dumienu no mu baanu, nko ara ne nnipa a na wɔn wɔ hɔ saa berɛ no; wɔde tuo akoraboɔ nnan piraa deɛ ɔdi kan no atirimuɔden so, nanso seesei ne ho atɔ no; deɛ ɔdi akyiri nam Onyankopɔn adom so firii mu a tokuro baako mpo anntɔ n’ataadeɛ mu.

3 Joseph Smith, Awurade Nkɔmhyɛni ne ne Ɔdehunufoɔ no, ayɛ pii ama nnipa nkwagyeɛ wɔ wiase yi mu kyɛn onipa biara a watena mu da, gye sɛ Yesu nko ara. Wɔ mmerɛ tiawa mu a ɛyɛ mfeɛ aduonu no, ɔde Mormon Nwoma a ɔnam Onyankopɔn akyɛdeɛ ne ne tumi so kyerɛɛ aseɛ no afiri adi aba, na wɔnam ne so na wɔabɔ ho dawuro wɔ nsasepɔn mmienu so; ɔde daapem asɛmpa no mahyɛ no a ɛwɔ mu no akɔ wiase afanan nyina ara; ɔde adiyisɛm ne mmaransɛm a ɛbɔ mu yɛ saa Nkyerɛkyerɛ ne Apam nwoma yi mu no afiri adi aba, ne nyansa nwoma ne nkyerɛkyerɛ afoforɔ bebree a ɛma nnipa mma mfasoɔ; ɔboaboaa Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ mpempem bebree ano, ɔkyekyeree ahenkuro kɛseɛ, na ɔgyaa atenka pa ne din a wɔrenntumi nnsɛe. Ɔbɔɔ okunini bra, na ɔwuui sɛ okunini wɔ Onyankopɔn ne ne nkorɔfoɔ ani so; na tesɛ Awurade nnipa a ɔsraa wɔn ngo wɔ tete berɛ no mu pii no, ɔde ɔno ankasa mogya sɔɔ ne som-adwuma ne ne nnwuma ano; ne nua Hyrum nso saa ara. Wɔ nkwa mu no wɔn mu anntete, na owuo mu nso wɔn mu ammpaapae!

4 Berɛ a Joseph kɔɔ Carthage sɛ ɔde ne ho rekɔma mmara ho nhyehyɛeɛ a wɔapatu ayɛ no, nna mmienu anaa mmiɛnsa ansa na a wɔrebɛkum no no, ɔkaa sɛ: “Merekɔ nankumbea tesɛ odwammaa; nanso mayɛ dinn tesɛ ahuhuberɛ anɔpa; mewɔ ahonim a ɛnni fɔ wɔ Onyankopɔn fam, ne nnipa nyina ara fam. Mɛwu bemdie mu, na wɔbɛka nso afa me ho sɛ—wɔhyɛɛ da na wɔkumm no.”—Saa anɔpa no ara, Hyrum siesie ne ho wiee sɛ ɔrekɔ no—so na yɛbɛka sɛ ɔrekɔ nankumbea hɔ? Aane, ɛfiri sɛ saa na na ɛteɛ—ɔkann ɔkasapɛn a ɛtoa so yi, ɛrekɔ Eter ti dumienu awieɛ hɔ, wɔ Mormon Nwoma no mu, na ɔbuu krataa no ano hɔ too so:

5 Na ɛbaa sɛ mebɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ Awurade sɛ ɔbɛma Amanamanmufoɔ no adom, ama wɔanya ɔdɔ mapa. Na ɛbaa sɛ Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ wɔnni ɔdɔ mapa a, ɛho nnhia mma wo, woadi nokorɛ; ɛno nti, wo ntaadeɛ ani bɛte hann. Na ɛnam sɛ woahunu wo mmerɛyɛ no nti, wɔbɛma woayɛ den, ara mpo ama wode akɔtena baabi a masiesie wɔ m’agya fie no. Na afei me … ne Amanamanmufoɔ no di nkra, aane, ne me nuanom nso a medɔ wɔn no, kɔsi mmerɛ a yɛbɛhyia mu wɔ Kristo atɛmmuo-adwa no anim, ɛhɔ na nnipa nyina ara bɛhunu sɛ mo mogya nkekaa me ntaadeɛ mu. Seesei adansefoɔ no awuwu, na wɔn samanseɛ no wɔ tumi.

6 Hyrum Smith nyaa mfeɛ aduanan nan wɔ Ogyefuo, 1844 mu, na Joseph Smith nyaa aduasa-nwɔtwe wɔ Ɔpɛnimma, 1843 mu; na ɛfiri saa berɛ yi de rekorɔ no, wɔn din bɛka nyamesom mogyadansefoɔ no ho; na ɛbɛbɔ deɛ ɔkenkan wɔ ɔman biara mu nkaeɛ sɛ Mormon Nwoma no, ne saa asɔre yi Nkyerɛkyerɛ ne Apam Nwoma no boɔ somm mogya a ɛdi mu sene biribiara, wɔ afeha dunkron no mu sɛdeɛ ɛde yeinom bɛfiri adi aba ama wiase a asɛe nkwagyeɛ; na sɛ ogya bɛtumi ahye dua mono ahyɛ Onyankopɔn animuonyam a, ɛnneɛ ɛbɛyɛ mmerɛ sɛ ɛbɛhye nnua a awo de ate bobeturo no ho afiri porɔeɛ ho. Wɔtenaa ase maa animuonyam; wɔwu maa animuonyam; na animuonyam ne wɔn nkwa a ɛnni awieɛ akatua. Firi berɛ kɔ berɛ mu no wɔn din bɛsiane akɔ asefoɔ hɔ tesɛ wɔn a wɔadwira wɔn no hyerɛmmoɔ.

7 Na wɔnni bɔne biara ho fɔ, sɛdeɛ na ada adi mpɛn pii no, na wɔnam ɔfatwafoɔ ne atirimuɔdenfoɔ atirisopam nko ara so na wɔde wɔn too afiase; na wɔn mogya a ɛdi bem a ɛgu Carthage afiase asan so no yɛ nsɔano kɛseɛ a ɛbata “Mormon-som” ho a asase yi so asɛnnibea biara nntumi mmpo, na wɔn mogya a ɛdi bem no bɛwɔ Illinois Man no agyinahyɛdeɛ so, na gyedie a ɛwɔ Ɔman no mu a wɔabu so no, deɛ amrado no hyɛɛ ho bɔ no, bɛyɛ nokorɛ ho adanseɛ ama daapem asɛmpa no a wiase nyina ara nntumi nnye ho kyim; na wɔn mogya a ɛdi bem a ɛbɛwɔ Amerika Man fahodie frankaa ne magna charta no so no bɛyɛ ɔnanmusifoɔ ama Yesu Kristo som no, na ɛbɛka nnipa nokorɛfoɔ a wɔn wɔ aman nyina ara mu akoma; na wɔn mogya a ɛdi bem, ne mogyadansefoɔ nyina ara mogya a ɛdi bem a Yohane hunuu wɔ afɔrebukyia no ase no bɛsu afrɛ Asafo Awurade kɔsi sɛ ɔbɛtɔ wɔn mogya so werɛ wɔ asase so. Amen.