Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 91


Ɔfã 91

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland Ohio, Ɔbɛnem 9, 1833. Saa berɛ yi na Nkɔmhyɛni no de ne ho ahyɛ Apam Dada no nkyerɛaseɛ mu. Berɛ a ɔduruu saa ɔfa no a ɛyɛ tete twerɛtohɔsɛm a wɔfrɛ no Apokrifa so no, ɔbisaa Awurade na ɔnyaa saa akwankyerɛ yi.

1–3, Apokrifa no nkyerɛaseɛ dodoɔ no ara yɛ nokorɛ nanso ɛkura deɛ nnipa de wɔn nsa de ahyehyɛ mu bebree a ɛnnyɛ nokorɛ; 4–6, wɔn a Honhom no ama wɔn hann no nya so mfasoɔ.

1 Nokorɛ, sɛdeɛ Awurade se mo ɛfa Apokrifa no ho nie—Nneɛma pii wɔ mu a ɛyɛ nokorɛ, na ne nkyerɛaseɛ no fã kɛseɛ di mũ;

2 Nneɛma pii wɔ mu a ɛnnyɛ nokorɛ, a ɛyɛ deɛ nnipa de wɔn nsa de ahyehyɛ mu.

3 Nokorɛ, mese mo, sɛ ɛho nhia sɛ wɔkyerɛ Apokrifa no ase.

4 Ne saa nti, obiara a ɔkan no, ma ɔnte aseɛ, ɛfiri sɛ Honhom no da nokorɛ no adi;

5 Na obiara a Honhom no ma no hann no bɛnya mfasoɔ afiri mu;

6 Na obiara a ɔmmfa Honhom no so nnya no, renntumi nnya so mfasoɔ. Ne saa nti ɛho nhia sɛ wɔbɛkyerɛ aseɛ. Amen.